15 Betel+ afɔremuka no ne sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam+ a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne+ no yɛe no, obubuu saa afɔremuka no ne sorɔnsorɔmmea no. Afei ɔhyew sorɔnsorɔmmea no, na ɔyam no muhumuhu, na ɔhyew ɔbosom dum no.
29 Ne nna mu na Egypt hene Farao Neko+ baa Asiria hene nkyɛn wɔ asubɔnten Eufrate+ ho, na Ɔhene Yosia fii adi sɛ ɔne no de rekosi ani,+ nanso bere a ohuu no ara na okum+ no wɔ Megido.+
33 Ɛno akyi no, Yosia yiyii Israelfo akyide+ a ɛwɔ asase no so nyinaa,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔnsom, na wɔsom Yehowa wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamman amfi Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn no akyi.+