35 Nanso Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ,+ na mmom hwɛ sɛ nea mɛka akyerɛ wo nkutoo na wobɛka.”+ Ɛnna Balaam ne Balak mpanyimfo no toaa so kɔe.
11 Akyiri yi Yehowa bɔfo+ bɛtenaa odupɔn a esi Ofra no ase, Abiesarni+ Yoas dupɔn no. Saa bere no na ne ba Gideon+ reporow awi wɔ nsã-kyi-amoa mu, sɛnea Midianfo no renhu.