15 wɔpoo n’ahyɛde ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛe ne ne nkaesɛm+ a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no, na wokodii abosonhuhuw+ akyi, na wɔn nso bɛyɛɛ ahuhufo,+ na wɔde suasuaa amanaman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn+ no nyinaa.
15 kae sɛ: “Mmarima, dɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa+ a yɛwɔ mmerɛwyɛ+ te sɛ mo ara, na yɛreka asɛmpa akyerɛ mo na ama moadan mo ho afi nneɛma hunu+ yi ho aba Onyankopɔn teasefo+ a ɔyɛɛ ɔsoro+ ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no nkyɛn.
4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+