Dwom 65:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.+ Mmebusɛm 15:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Abɔnefo afɔrebɔ yɛ Yehowa akyide,+ na teefo mpaebɔ na n’ani gye ho.+ Asomafo Nnwuma 9:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Na Petro maa obiara pue kɔɔ abɔnten,+ na obuu nkotodwe bɔɔ mpae, na ɔdan ne ho hwɛɛ amu no kae sɛ: “Tabita, sɔre!” Obuee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so no, ɔsɔre tenaa ase.+ Hebrifo 11:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nanso ohui sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu+ mpo; na ɛno mu nso na ne nsa kaa no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.+ Yakobo 5:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpae mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔtreneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+
40 Na Petro maa obiara pue kɔɔ abɔnten,+ na obuu nkotodwe bɔɔ mpae, na ɔdan ne ho hwɛɛ amu no kae sɛ: “Tabita, sɔre!” Obuee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so no, ɔsɔre tenaa ase.+
19 Nanso ohui sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu+ mpo; na ɛno mu nso na ne nsa kaa no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.+
16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpae mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔtreneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+