8 Sɛ wuhu sɛ obi hyɛ ohiani so na ɔde atirimɔden kyea n’atemmu+ wɔ asase bi so a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa;+ wɔn a wɔkorɔn no, nea ɔyɛ kɛse sen wɔn+ rehwɛ wɔn,+ na wɔn a wɔkorɔn no, ebinom nso wɔ hɔ a wɔkorɔn sen wɔn.
14 Ahuhude bi wɔ asase so; ɛne sɛ treneefo bi wɔ hɔ a nea ɛfata nnebɔneyɛfo nnwuma na ɛto wɔn,+ na nnebɔneyɛfo bi nso wɔ hɔ a, nea ɛfata treneefo nnwuma na ɛto wɔn.+ Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude.
13 W’aniwa yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ bɔne, na wuntumi nhwɛ abusude.+ Na dɛn nti na wohwɛ nkontompofo,+ na woyɛ komm ma ɔbɔnefo mene nea ɔteɛ sen no yi?+