Deuteronomium 32:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Aweredi wɔ me, na me na metua ka.+Bere du a, wɔn nan bɛkeka abom,+Efisɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+ Dwom 119:89 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 89 O Yehowa, ɛde kosi mmeresanten no,+W’asɛm tim hɔ wɔ ɔsoro.+ Yesaia 14:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Asafo Yehowa ankasa asi gyinae,+ hena na obetumi asɛe no?+ Wateɛ ne nsa, hena na obetumi akoa mu?+ Yesaia 46:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me na mifi mfiase ka awiei asɛm,+ na mifi tete ka nea ensii;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina,+ na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+ Yesaia 48:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 “Kan nneɛma no, mekae akyɛ. Epue fii m’anom, na mema wɔtee.+ Mekanyan me ho ara pɛ na nneɛma no bae.+
35 Aweredi wɔ me, na me na metua ka.+Bere du a, wɔn nan bɛkeka abom,+Efisɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+
27 Asafo Yehowa ankasa asi gyinae,+ hena na obetumi asɛe no?+ Wateɛ ne nsa, hena na obetumi akoa mu?+
10 Me na mifi mfiase ka awiei asɛm,+ na mifi tete ka nea ensii;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina,+ na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+
3 “Kan nneɛma no, mekae akyɛ. Epue fii m’anom, na mema wɔtee.+ Mekanyan me ho ara pɛ na nneɛma no bae.+