2 Beresosɛm 20:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 na ɔkae sɛ:+ “O Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn,+ ɛnyɛ wone ɔsoro Nyankopɔn,+ na ɛnyɛ wo na wudi amanaman ahenni nyinaa so?+ Ɛnyɛ wo nsam na tumi ne kɛseyɛ wɔ a obiara ntumi nnyina w’anim?+ Hiob 9:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hwɛ! Ohwim kɔ. Na hena na obetumi asiw no kwan?Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’+ Yesaia 43:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Bio nso, mete sɛnea mete bere nyinaa;+ na obiara ntumi nnye mfi me nsam.+ Mɛkanyan me ho,+ na hena na obetumi abɔ me nsa akyene?”+
6 na ɔkae sɛ:+ “O Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn,+ ɛnyɛ wone ɔsoro Nyankopɔn,+ na ɛnyɛ wo na wudi amanaman ahenni nyinaa so?+ Ɛnyɛ wo nsam na tumi ne kɛseyɛ wɔ a obiara ntumi nnyina w’anim?+
13 Bio nso, mete sɛnea mete bere nyinaa;+ na obiara ntumi nnye mfi me nsam.+ Mɛkanyan me ho,+ na hena na obetumi abɔ me nsa akyene?”+