1 Samuel
28 Nna no mu no, ɛbae sɛ Filistifo boaboaa wɔn asraafodɔm ano twaa mpasua sɛ wɔne Israel rekɔko.+ Enti Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wunim pefee sɛ ɛsɛ sɛ wo ne me kɔ nsra no mu, wo ne wo mmarima no.”+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Ɛno nti na w’ankasa wunim nea w’akoa bɛyɛ no.” Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛno nti na mede wo besi me ti so ɔwɛmfo daa no.”+
3 Ná Samuel awu, na Israel nyinaa asũ no ma wɔasie no wɔ ne kurom Rama.+ Ná Saul nso atu akɔmfo ne asumanfo afi asase no so.+
4 Ɛnna Filistifo boaboaa wɔn ho ano, na wɔbɛbɔɔ nsra wɔ Sunem.+ Enti Saul nso boaboaa Israel nyinaa ano, na wɔbɔɔ nsra wɔ Gilboa.+ 5 Bere a Saul huu Filistifo nsra no, osuroe na ne koma tui papaapa.+ 6 Saul hwehwɛɛ Yehowa akyi kwan,+ nanso Yehowa ammua no;+ wamfa ɔdae+ so anaa Urim*+ so anaa adiyifo+ so. 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔhwehwɛ ɔkɔmfo bea bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔkɔmfo bea bi wɔ En-Dor.”+
8 Enti Saul sakraa+ ne ho hyɛɛ ntade foforo, na ɔne mmarima baanu siim kɔe, na wokoduu ɔbea no nkyɛn anadwo.+ Ɛnna ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, fa asumansɛm so yɛ nyankonne+ ma me, na ma onipa a mɛbɔ ne din akyerɛ wo no mforo mmra.” 9 Nanso ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wunim nea Saul ayɛ, sɛ watu akɔmfo ne asumanfo ase afi asase yi so.+ Enti adɛn na worebesum me kra afiri ma wɔakum me+ yi?” 10 Ntɛm ara na Saul kaa no ntam Yehowa din mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ asɛm yi ho afɔdi biara remmɛda wo so!” 11 Ɛnna ɔbea no bisae sɛ: “Hena na wopɛ sɛ mema ɔforo ba?” Na ɔkae sɛ: “Ma Samuel mforo mmra.”+ 12 Bere a ɔbea no huu “Samuel”+ no, ofii ase de nne kɛse teɛteɛɛm, na obisaa Saul sɛ: “Dɛn nti na woadaadaa me, bere a w’ankasa wone Saul no?” 13 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Dɛn na wuhui?” Na ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mihuu onyame+ bi sɛ ɔreforo fi asase ase ba.” 14 Ɛhɔ ara na obisaa ɔbea no sɛ: “Ne su te dɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Akwakoraa bi a ɔhyɛ atade nguguso+ na mihuu no sɛ ɔreforo ba.” Ɛnna Saul hui sɛ ɛyɛ “Samuel,”+ na ɔbɔɔ ne mu ase kotow de n’anim butuw fam.
15 Na “Samuel” bisaa Saul sɛ: “Dɛn nti na woahaw me ma wɔafrɛ me aba?”+ Ɛnna Saul kae sɛ: “Me ho akyere me paa,+ efisɛ Filistifo ne me reko, na Onyankopɔn nso apa m’akyi+ na ommua me bio; ɔmfa adiyifo so na ɔmfa daeso+ so. Ɛno nti na mafrɛ wo sɛ kyerɛ me nea menyɛ no.”+
16 Ɛnna “Samuel” kae sɛ: “Sɛ Yehowa apa w’akyi+ abɛyɛ wo tamfo+ de a, dɛn nti na worehwehwɛ m’akyi kwan? 17 Nea Yehowa nam me so kae no, ɛno ara na ɔbɛyɛ; Yehowa behwim ahenni no afi wo nsam+ na ɔde ama wo yɔnko Dawid.+ 18 Woantie Yehowa nne,+ na woanyɛ n’abufuhyew a etia Amalek no ho ade,+ ɛno nti Yehowa bɛyɛ wo saa ade yi nnɛ. 19 Yehowa de wo ne Israel nso bɛhyɛ Filistifo nsa,+ na ɔkyena, wo+ ne wo mma+ bɛba abɛka me ho. Israel nsra no, Yehowa de bɛhyɛ Filistifo nsa.”+
20 Ɛhɔ ara na Saul twa hwee fam na ɔbeaa hɔ, na osuroe papaapa, “Samuel” asɛm no nti. Afei nso na ahoɔden bi nni ne mu, efisɛ na onnidii da mũ no nyinaa ne anadwo mũ no nyinaa. 21 Ɛnna ɔbea no baa Saul nkyɛn behui sɛ asɛm no ahaw no pii. Enti ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, w’afenaa atie wo nne, na mede me kra ato me nsam+ ayɛ nea woka kyerɛɛ me no. 22 Enti afei mesrɛ wo, wo nso tie w’afenaa nne na ma memfa paanoo kakra mmesi w’anim na di, na woanya ahoɔden de akɔ wo kwan.” 23 Nanso wampene, na ɔkae sɛ: “Merennidi.” Na ne nkoa ne ɔbea no srɛɛ no ara. Afei otiee wɔn, na ɔsɔre fii fam tenaa mpa so. 24 Ná ɔbea no wɔ nantwi ba kɛse+ bi wɔ fie hɔ. Enti ɔyɛɛ ntɛm kum* no,+ na ɔfaa esiam fɔtɔw de tõõ paanoo a mmɔkaw nnim. 25 Na ɔde sii Saul ne ne nkoa no anim, na wodii. Ɛnna wɔsɔree, na wosiim kɔe anadwo no.+