12 Ɔde abo a wɔasen toatoaa so abiɛsa, na ɔde kyeneduru nnua totoo so de yɛɛ ɔfasu twaa adiwo kɛse no ho hyiae;+ saa na ɔyɛe wɔ Yehowa fie+ adiwo a ɛwɔ mfinimfini+ no ho, ne ofie no abantenten+ no ho.
48 Ɔde me baa fie no abrannaa+ so, na osusuw abrannaa no dum no, basafa anum wɔ ha, na basafa anum nso wɔ ha. Ná ɔponkɛse no tɛtrɛtɛ yɛ basafa abiɛsa wɔ ɔfã ha, na ɔfã ha nso basafa abiɛsa.