38 na sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn,+ asase a wɔyɛ nkoa+ wɔ so, wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam, na wɔde wɔn ani kyerɛ asase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woapaw+ ne ofie a masi ama wo din yi bɔ mpae+ a,
10 Bere a Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ ne fie; nso na n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem+ no abuebue, na ɔkotow ne nkotodwe anim mprɛnsa da koro,+ na ɔbɔɔ mpae+ daa ase, ne Nyankopɔn anim+ sɛnea na ɔyɛ kan no ara.+