16 “Afe biara ɔbarima biara bɛba abegyina Yehowa wo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw no:+ bere a woredi paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ+ ne adapɛn afahyɛ+ ne asese afahyɛ no.+ Na obiara mmfa nsapan mmma Yehowa anim.+
13 wɔbɔe sɛnea ehia sɛ wɔyɛ daa+ no, afɔre a Mose hyɛe sɛ wɔmmɔ no homeda homeda,+ ne ɔsram foforo+ biara, ne afahyɛ+ a wodi no mprɛnsa afe biara+ no ase, kyerɛ sɛ, paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ+ ne adapɛn afahyɛ+ ne asese afahyɛ+ no.