28 Enti ɔhene tuu agyina,+ na ɔyɛɛ sika anantwi mma+ abien, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfo, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt asase so+ no ni.”+
8 “Na afei mo nso moayɛ mo adwene sɛ mobɛko atia Yehowa ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam+ no, efisɛ modɔɔso,+ na sika nantwi mma a Yeroboam de yɛɛ anyame maa mo no ka mo ho.+