Dwom 115:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdesani nsa ano adwuma.+ Yeremia 10:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Amanaman no amanne+ no yɛ mframa ara kwa, efisɛ kwae mu dua+ na wɔatwa, odwumfo nsa ano adwuma a ɔde ɔsosɔw ayɛ.+ Asomafo Nnwuma 17:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 “Enti, bere a yehu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asefo+ no, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Tweaduampɔn+ no te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, anaa adwini bi a onipa de n’adwene adi anaa wabɔ ne tirim ayɛ.+
3 Amanaman no amanne+ no yɛ mframa ara kwa, efisɛ kwae mu dua+ na wɔatwa, odwumfo nsa ano adwuma a ɔde ɔsosɔw ayɛ.+
29 “Enti, bere a yehu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asefo+ no, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Tweaduampɔn+ no te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, anaa adwini bi a onipa de n’adwene adi anaa wabɔ ne tirim ayɛ.+