Deuteronomium 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “ ‘Nyɛ ohoni biara+ anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso+ biara mfa. Yesaia 37:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na wɔtow wɔn anyame guu ogya mu,+ efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo, enti wɔsɛee wɔn.+ Yesaia 40:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hena ho na mubetumi de Onyankopɔn atoto,+ na dɛn na mode besusuw no?+ Yesaia 46:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Hena na mode me bɛtoto ne ho+ na ɔne me ayɛ pɛ, anaa mode no besusuw me na ɔne me asɛ?+ Asomafo Nnwuma 19:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Afei nso, moahu na moate sɛnea ɛnyɛ Efeso+ nko na Paulo yi adan nnipakuw pii adwene ama wɔanya adwene foforo, na mmom ɛkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea wɔde nsa+ ayɛ no nyɛ anyame.
8 “ ‘Nyɛ ohoni biara+ anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso+ biara mfa.
19 Na wɔtow wɔn anyame guu ogya mu,+ efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo, enti wɔsɛee wɔn.+
26 Afei nso, moahu na moate sɛnea ɛnyɛ Efeso+ nko na Paulo yi adan nnipakuw pii adwene ama wɔanya adwene foforo, na mmom ɛkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea wɔde nsa+ ayɛ no nyɛ anyame.