Exodus 8:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɔkyena.” Enti Mose kae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛnea woaka no, na ama woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn no,+ 1 Samuel 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa, obiara nni hɔ sɛ wo;+Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+ Dwom 86:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, anyame mu,+Na nnwuma biara ne wo de nsɛ.+ Dwom 89:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hena na wobetumi de no atoto Yehowa ho wɔ ɔsoro?+Hena na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma mu?+ Dwom 113:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Hena na ɔte sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn,+Nea ɔte ɔsorosoro no?+ Yeremia 10:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+ Woyɛ kɛse, na wo din sõ na ɛkorɔn.+ Mika 7:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hena ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ nea ɔde mfomso firi+ na oyi n’ani fi n’agyapade nkae mmarato so?+ Ɔrenkura n’abufuw mu daa, efisɛ ɔpɛ adɔe.+
10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɔkyena.” Enti Mose kae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛnea woaka no, na ama woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn no,+
18 Hena ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ nea ɔde mfomso firi+ na oyi n’ani fi n’agyapade nkae mmarato so?+ Ɔrenkura n’abufuw mu daa, efisɛ ɔpɛ adɔe.+