Mmebusɛm 3:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ Galatifo 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ne saa nti, mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no,+ momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.+ Hebrifo 13:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+ Yakobo 1:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔsom a ɛho tew+ na efĩ biara nni ho+ yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase+ nkekae+ ho.
10 Ne saa nti, mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no,+ momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.+
16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+
27 Ɔsom a ɛho tew+ na efĩ biara nni ho+ yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase+ nkekae+ ho.