Deuteronomium 14:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Na esiane sɛ Lewifo+ annya w’agyapade no mu kyɛfa nti, wɔne ahɔho+ ne nnyanka ne akunafo+ a wɔwɔ wo kurom no bɛba abedi amee, na adwuma biara a wo nsa beso mu no,+ Yehowa wo Nyankopɔn behyira so.+ Deuteronomium 27:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “‘Nnome nka nea obu ɔhɔho,+ agyanka ne okunafo+ atɛnkyea.’+ (Na ɔman no nyinaa nka sɛ, ‘Amen!’) Hiob 29:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Efisɛ migyee mmɔborɔni a osu frɛ ɔboafo,+Ne agyanka ne nea onni ɔboafo.+ Dwom 68:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nnyanka agya ne akunafo temmufo+Ne Onyankopɔn a ɔte ne kronkronbea no.+
29 Na esiane sɛ Lewifo+ annya w’agyapade no mu kyɛfa nti, wɔne ahɔho+ ne nnyanka ne akunafo+ a wɔwɔ wo kurom no bɛba abedi amee, na adwuma biara a wo nsa beso mu no,+ Yehowa wo Nyankopɔn behyira so.+