63 “Afei sɛnea Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔ no,+ saa ara na Yehowa ani begye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase.+ Na obetwa mo afi asase a morekɔ so no so.+
11 Israelfo nyinaa abu wo mmara so; wɔaman, na wɔantie wo nne.+ Ɛno nti na nnome ne ntanka+ a wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn akoa Mose mmara no mu no, woahwie agu yɛn so no, efisɛ yɛayɛ wo bɔne.