33 “‘Monhwɛ na moamfa fĩ anka asase a mote so no, efisɛ mogya na ɛma asase ho gu fĩ.+ Sɛ obi ka mogya gu wɔ asase no so a, morentumi mfa biribiara mpata gye nea odii awu no mogya.+
16 Bio nso, Manase hwiee mogya a edi bem bebree pa gui+ kosii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, efi ano kosi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛe a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no.+
4 efisɛ wɔagyaw me,+ na wɔasẽsa ha yi koraa;+ wɔakɔhyew afɔrebɔde ama anyame foforo a wonnim wɔn,+ wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahene, na wɔde wɔn a wodi bem mogya ahyɛ ha ma.+