10 Na afe kɔ behyiae+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ ma wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ne ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
2 Bere a nsã+ no bow Belsasar no, ɔkae sɛ wɔmfa sika ne dwetɛ anwenne+ a ne papa* Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem asɔrefie hɔ bae no mmra mma ɔhene ne n’abirɛmpɔn ne ne yerenom ne n’ayefam nnom mu.+