13 Afei ɔfaa Yehowa fie akorade nyinaa ne ahemfie akorade+ no kɔe, na otwitwaa sika anwenne+ a Israel hene Solomon yɛe wɔ Yehowa asɔredan mu no nyinaa mu asinasin sɛnea Yehowa kae no.
16 Asɔfo ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mo adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ, wɔde Yehowa anwenne no befi Babilon aba nnansa yi ara”+ no, munntie wɔn nsɛm no, efisɛ nkɔntoro na wɔhyɛ mo.+
2 Bere bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim ne nokware Nyankopɔn fie anwenne+ no bi hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde kɔɔ ne nyame fie wɔ Sinar+ asase so, na ɔde anwenne no koguu ne nyame adekoradan mu.+