2 Ahene
24 Ne nna mu na Babilon hene Nebukadnesar+ tu bae, na Yehoiakim bɛyɛɛ n’akoa+ mfe abiɛsa. Nanso ɔdanee ne ho sɔre tiaa no. 2 Na Yehowa somaa Kaldea+ afowfo ne Siria afowfo ne Moab+ afowfo ne Ammon afowfo baa no so; ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no sɛnea Yehowa asɛm+ a ɔnam ne nkoa adiyifo no so kae no te. 3 Yehowa asɛm so na eyi nam baa Yuda so sɛ obeyi+ no afi n’anim, Manase+ bɔne a ɔyɛe nyinaa, 4 ne afei mogya a edi bem+ a ohwie gui na ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem mã no nti. Na Yehowa ampɛ sɛ ɔde befiri.+
5 Yehoiakim+ ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 6 Na Yehoiakim ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.
7 Na Egypt hene amfi n’asase so+ amma bio da,+ efisɛ Babilon hene faa Egypt hene+ nneɛma nyinaa, efi Egypt subon+ ho kosi asubɔnten Eufrate+ ho.
8 Yehoiakin+ bedii ade no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene asram abiɛsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ofi Yerusalem no ba. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea ne papa yɛe no ara.+ 10 Saa bere no mu na Babilon hene Nebukadnesar nkoa baa Yerusalem so, na wobetwaa kurow no ho hyiae.+ 11 Na Babilon hene Nebukadnesar baa kurow no so bere a na ne nkoa atwa ho ahyia+ no.
12 Akyiri yi, Yuda hene Yehoiakin fii adi kɔɔ Babilon+ hene nkyɛn, ɔne ne maame+ ne n’asomfo ne ne mmapɔmma ne n’ahemfie mpanyimfo; Babilon hene faa no dommum, n’ahenni afe a ɛto so awotwe+ mu. 13 Afei ɔfaa Yehowa fie akorade nyinaa ne ahemfie akorade+ no kɔe, na otwitwaa sika anwenne+ a Israel hene Solomon yɛe wɔ Yehowa asɔredan mu no nyinaa mu asinasin sɛnea Yehowa kae no. 14 Na ɔde Yerusalemfo nyinaa ne mmapɔmma+ no nyinaa ne mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa, ne adwumfo+ ne abantofo no nyinaa, nnipa mpem du, kɔɔ nkoasom mu.+ Wɔannyaw obiara gye asase no so mmɔborɔfo+ nko. 15 Saa na ɛyɛe a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanyimfo+ ne asase no so atitiriw nso, ɔde wɔn fi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon. 16 Na Babilon hene de mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den nyinaa, nnipa mpemnson, ne adwumfo ne abantofo apem, ne mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+ 17 Bio nso, Babilon hene+ yɛɛ ne papa nua Matania+ hene sii n’ananmu, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Sedekia.+
18 Sedekia+ bedii ade no, na wadi mfe aduonu biako, na odii hene mfe dubiako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal+ a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no ba. 19 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Yehoiakim yɛe no ara.+ 20 Nneɛma a esisii wɔ Yerusalem ne Yuda yi na ɛmaa Yehowa bo fuwii,+ kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim kyenee.+ Na Sedekia tew Babilon hene so atua.+