14 Na ɔde Yerusalemfo nyinaa ne mmapɔmma+ no nyinaa ne mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa, ne adwumfo+ ne abantofo no nyinaa, nnipa mpem du, kɔɔ nkoasom mu.+ Wɔannyaw obiara gye asase no so mmɔborɔfo+ nko.
10 Na awɛmfo so panyin Nebusaradan gyaw asase no so mmɔborɔfo a wonni hwee no bi wɔ Yuda asase so.+ Ɛda no, ɔde bobe nturo maa wɔn, na wɔyɛɛ apaafo adwuma.+
7 Akyiri yi, asahene a wɔwɔ asase no so+ nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panyin, na wayɛ no panyin wɔ mmarima ne mmea ne mmofra nkumaa ne asase no so mmɔborɔfo a wɔamfa wɔn ankɔ Babilon nkoasom mu no so.+