2 Samuel 22:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Nokware Nyankopɔn no de, ne kwan yɛ pɛ;+Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a woguan kɔtoa no nyinaa.+ 2 Beresosɛm 32:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Munnya akokoduru na monyɛ den.+ Munnsuro+ na mommmɔ hu,+ Asiria hene+ ne nnipadɔm a wɔka ne ho+ no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho. Dwom 27:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Sɛ dɔm bɔ me so nsra+ a,Me koma rentu.+Sɛ wotu me so sa+ a,Ɛno mpo mede me ho bɛto wo so.+ Dwom 46:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela. Dwom 55:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Obegye me kra afi ɔko a wɔko tia me mu,+ na wama anya asomdwoe,Efisɛ nnipadɔm na wɔreko atia me.+ Romafo 8:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+
31 Nokware Nyankopɔn no de, ne kwan yɛ pɛ;+Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a woguan kɔtoa no nyinaa.+
7 “Munnya akokoduru na monyɛ den.+ Munnsuro+ na mommmɔ hu,+ Asiria hene+ ne nnipadɔm a wɔka ne ho+ no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho.