Leviticus 26:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Mobɛwe mo mmabarima ne mo mmabea nam.+ Deuteronomium 28:53 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 53 Na wo tamfo bɛma wo ho akyere wo denneennen ma worennya wo ho atwaye. Enti wubedi wo yafunum aba, wo mmabarima ne wo mmabea+ a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no nam. Yesaia 49:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 So ɔbea werɛ befi ne nufu ano ba ma enti ne yam renhyehye no mma ne yafunu mu ba?+ Mmea yi werɛ betumi afi,+ nanso me de, me werɛ remfi wo.+ Hesekiel 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “‘“Enti agyanom bɛwe wɔn mma wɔ wo mu,+ na mma awe wɔn agyanom, na mebu wo atɛn na mapete wɔn a wɔbɛka no ama mframa.”’+
53 Na wo tamfo bɛma wo ho akyere wo denneennen ma worennya wo ho atwaye. Enti wubedi wo yafunum aba, wo mmabarima ne wo mmabea+ a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no nam.
15 So ɔbea werɛ befi ne nufu ano ba ma enti ne yam renhyehye no mma ne yafunu mu ba?+ Mmea yi werɛ betumi afi,+ nanso me de, me werɛ remfi wo.+
10 “‘“Enti agyanom bɛwe wɔn mma wɔ wo mu,+ na mma awe wɔn agyanom, na mebu wo atɛn na mapete wɔn a wɔbɛka no ama mframa.”’+