Dwom 82:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Munni ɔbrɛfo ne agyanka asɛm mma wɔn.+Mummu mmɔborɔni ne ohiani atɛn trenee mu.+ Mmebusɛm 21:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+ Baabi a ɔpɛ biara na ɔdan kɔ.+ Mmebusɛm 29:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔhene de atɛntrenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ogyigye adanmude dwiriw gu.+ Mmebusɛm 31:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Bue w’ano, bu atɛntrenee, na di ma mmɔborɔni ne ohiani.+