26 Afei Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: “Nnome nka obiara a ɔbɛkyekye Yeriko kurow yi wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kurow no fapem a, ɔde ne ba panyin betwa so, na osisi n’apon a, ɔde ne ba kumaa betwa so.”+
34 Ne bere so na Betelni Hiel kyekyee Yeriko. Ɔde ne ba panyin Abiram twaa so de too kurow no fapem, na ɔde ne ba kumaa Segub twaa so de sisii n’apon sɛnea Yehowa asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kae no te.+