10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu,+ nea ɔhyɛ abosonkɔm+ anaa oyi nkonyaa,+ nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne+ anaa odi asumansɛm,+
19 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmehyia me wɔ Bepɔw Karmel+ so, wɔne Baal adiyifo+ ahanan aduonum ne abosonnua+ ho adiyifo ahanan a wodidi Yesebel+ pon so no.”
5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka.