31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ efisɛ nea Yehowa wo Nyankopɔn kyi na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mpo bɔ afɔre wɔ ogya mu daa ma wɔn anyame.+
5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mma de abobɔ ɔhyew afɔre ama Baal,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa na menkaa hwee nkyerɛɛ wɔn,+ na ɛmmaa me komam da.”’+
35 Afei nso wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea+ wɔ Hinom ba bon+ no mu, na wɔama wɔn mma afa ogya+ mu ama Molek,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa me komam da sɛ mɛma wɔayɛ akyide a ɛte saa,+ na wɔmaa Yuda yɛɛ bɔne.’+