2 Ahene
16 Remalia ba Peka afe a ɛto so dunson mu na Yuda hene Yotam ba Ahas+ bedii hene. 2 Ahas bedii ade no, na wadi mfe aduonu, na odii hene mfe dunsia wɔ Yerusalem, nanso wanyɛ nea ɛteɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ani so sɛ ne nana Dawid.+ 3 Israel ahene akwan so na ɔfae;+ ɔmaa n’ankasa ba faa ogya mu+ nam so yɛɛ akyide+ a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no bi. 4 Ɔkɔɔ so bɔɔ afɔre na ɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea+ ne nkoko+ so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase.
5 Saa bere no mu na Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no baa Yerusalem so sɛ wɔne wɔn rebɛko, na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi wɔn.+ 6 Bere no ara mu na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edom, na ɔpam Yudafo no fii Elat maa Edomfo no kɔɔ hɔ kɔtenaa hɔ de besi nnɛ. 7 Enti Ahas tuu abɔfo kɔɔ Asiria hene Tiglat-Pilesa+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meyɛ w’akoa+ ne wo ba, enti bra begye+ me fi Siria hene nsam ne Israel hene nsam na wɔasɔre aba me so.” 8 Ahas sesaw dwetɛ ne sika a ɛwɔ Yehowa fie ne ahemfie akorade+ mu no, na ɔsoma ma wɔde adanmude+ kɔmaa Asiria hene. 9 Ɛnna Asiria hene tiee no, na Asiria hene kɔɔ Damasko+ kogyei;+ ɔde emu nnipa kɔɔ nkoasom mu wɔ Kir,+ na okum Resin.+
10 Na Ɔhene Ahas+ siim kohyiaa Asiria hene Tiglat-Pilesa+ wɔ Damasko, na okohuu afɔremuka+ a ɛwɔ Damasko no. Enti Ɔhene Ahas soma ma wɔde afɔremuka no nsusuwso ne ne yɛbea nyinaa kɔmaa ɔsɔfo Uriya.+ 11 Na ɔsɔfo Uriya+ sii afɔremuka+ no. Sɛnea Ɔhene Ahas soma fii Damasko bɛka kyerɛɛ ɔsɔfo Uriya no, saa ara na ɔyɛɛ no de twɛn sɛ Ɔhene Ahas befi Damasko aba. 12 Bere a ɔhene fi Damasko bae no, ɔhene behuu afɔremuka no, na ɔhene twiw bɛn afɔremuka+ no, na ɔbɔɔ afɔre wɔ so.+ 13 Na ɔtoaa so bɔɔ+ ɔhyew afɔre+ ne n’aduan afɔre+ wɔ afɔremuka no so; ohwiee afɔrebɔ nsa+ guu so na ɔpetee n’asomdwoe afɔre mogya nso wɔ so. 14 Kɔbere afɔremuka+ a esi Yehowa anim no, oyi fii ofie no anim, n’afɔremuka no ne Yehowa fie+ no ntam, na ɔde besii n’afɔremuka no nkyɛn wɔ atifi fam. 15 Na Ɔhene Ahas hyɛɛ ɔsɔfo Uriya+ sɛ: “Afɔremuka kɛse no so na bɔ anɔpa ɔhyew afɔre+ ne anwummere aduan afɔre+ ne ɔhene ɔhyew afɔre+ ne n’aduan afɔre ne asase no so nnipa nyinaa ɔhyew afɔre ne wɔn aduan afɔre, na hwie wɔn afɔrebɔ nsa gu so; ɔhyew afɔre mogya ne afɔrebɔ mogya no nyinaa nso, pete wɔ so. Kɔbere afɔremuka no de, mɛhwɛ nea mede bɛyɛ.” 16 Na ɔsɔfo Uriya+ yɛɛ nea Ɔhene Ahas hyɛe no nyinaa.+
17 Bio nso, Ɔhene Ahas twitwaa+ nnaka a wɔde twe nsu+ no ho nhyehyem ntraantraa+ no mu asinasin, na oyiyii asɛn+ no fii so; oyii po+ no fii kɔbere anantwi+ a ɛtaa wɔn akyi no so, na ɔde sii abo nsɛwee bi so. 18 Homeda abrannaa a wɔakuru so a wɔasi wɔ ofie hɔ ne ɔhene abɔnten kwan ano no nso, oyi fii Yehowa fie hɔ, Asiria hene nti.
19 Ahas ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 20 Na Ahas ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow+ mu, na ne ba Hesekia+ bedii n’ade.