1 Ahene 12:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Enti ɔhene tuu agyina,+ na ɔyɛɛ sika anantwi mma+ abien, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfo, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt asase so+ no ni.”+ 1 Ahene 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Na Ahab sii ɔbosom dua;+ enti Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw+ sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa. 1 Ahene 21:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Na ɔyɛɛ akyide a enye koraa kodii abosom fĩ akyi,+ sɛnea Amorifo a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim+ nyinaa yɛe no.’” 2 Ahene 8:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na ɔfaa Israel ahene akwan so+ sɛnea Ahab fiefo yɛe no,+ efisɛ Ahab babea na ɔwaree no,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. 2 Beresosɛm 28:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Israel ahene akwan so na ɔfae,+ na ɔnan dade+ de yeyɛɛ Baal+ ahoni nso.
28 Enti ɔhene tuu agyina,+ na ɔyɛɛ sika anantwi mma+ abien, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfo, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt asase so+ no ni.”+
33 Na Ahab sii ɔbosom dua;+ enti Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw+ sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa.
26 Na ɔyɛɛ akyide a enye koraa kodii abosom fĩ akyi,+ sɛnea Amorifo a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim+ nyinaa yɛe no.’”
18 Na ɔfaa Israel ahene akwan so+ sɛnea Ahab fiefo yɛe no,+ efisɛ Ahab babea na ɔwaree no,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.