Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 20:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte Israel a ɔde ne ba bɛma Molek+ no, wonkum no. Asase no sofo nsiw no abo nkum no.

  • Deuteronomium 18:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu,+ nea ɔhyɛ abosonkɔm+ anaa oyi nkonyaa,+ nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne+ anaa odi asumansɛm,+

  • 2 Ahene 23:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Na Tofet+ a ɛwɔ Hinom mma bon+ mu no, oguu ho fĩ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara remma ne babarima anaa ne babea mfa ogya mu+ mma Molek.+

  • 2 Beresosɛm 28:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Ɔhyew afɔrebɔde+ wɔ Hinom ba bon+ no mu, na ɔhyew ne mma+ ogya mu nam so yɛɛ akyide+ a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim no yɛe no bi.+

  • 2 Beresosɛm 33:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa ogya mu+ wɔ Hinom ba bon+ no mu, na odii nkonyaayi+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfo+ ne ntafowayifo+ gorui. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.+

  • Dwom 106:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea+

      Bobɔɔ afɔre maa adaemone.+

  • Yesaia 57:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 wɔn a wɔkanyan akɔnnɔ wɔ nnua akɛse ntam,+ nnua kusuu ase;+ wɔn a wokum mmofra wɔ abon mu, abotan mu ntokuru mu?+

  • Yeremia 7:31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Wɔasisi Tofet+ sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bon+ no mu, de hyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ogya mu;+ nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa me komam da.’+

  • Hesekiel 16:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea a wowoo wɔn maa me+ no de wɔn bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wonni.+ Adɛn, w’aguamammɔ yi nnɔɔso?

  • Hesekiel 23:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Wɔasɛe aware,+ na mogya wɔ wɔn nsam;+ wɔde wɔn abosom fĩ na asɛe aware.+ Afei nso, wɔde wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no afa ogya mu ama wɔn sɛ aduan.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena