15 Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada frɛɛ ɔha ha so mpanyimfo ne asraafo so mpanyimfo+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfi nnipa no mu, na obiara a obedi n’akyi no, momfa nkrante nkum no!”+ Ná ɔsɔfo no aka sɛ: “Munnkum no wɔ Yehowa fie.”
19 Afei ɔfaa ɔha ha so mpanyimfo ne Karia+ awɛmfo ne ammirikatufo+ ne ɔman no mu nnipa nyinaa sɛ wɔmfa ɔhene no mfi Yehowa fie hɔ mmra. Enti wɔfaa ammirikatufo pon+ no mu kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no tenaa ahengua+ no so.