4 Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada+ soma kɔfrɛɛ Karia+ awɛmfo ne ammirikatufo+ ɔha ha so mpanyimfo no baa ne nkyɛn wɔ Yehowa fie, na ɔne wɔn yɛɛ apam+ ma wɔkaa ntam+ wɔ Yehowa fie hɔ, na ɛno akyi no, ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.
15 Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada frɛɛ ɔha ha so mpanyimfo ne asraafo so mpanyimfo+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfi nnipa no mu, na obiara a obedi n’akyi no, momfa nkrante nkum no!”+ Ná ɔsɔfo no aka sɛ: “Munnkum no wɔ Yehowa fie.”