25 Afei Samuel kaa ahenni no ho nhyehyɛe+ kyerɛɛ ɔman no, na ɔkyerɛw wɔ nhoma mu de kɔtoo Yehowa anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan ma obiara kɔɔ ne fie.
3 Enti Israel mpanyimfo+ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron, na wɔsraa+ Dawid de no sii Israel so hene.+