2 Beresosɛm 24:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛnna ɔhene kae ma wɔyɛɛ adaka+ de sii Yehowa fie kwan ano. Marko 12:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Na ɔtenaa ase a n’ani tua sika nnaka+ no, na ofii ase hwɛɛ sɛnea nnipakuw no de sika gu sika nnaka no mu; na adefo bebree de sika bebree beguu mu.+ Luka 21:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na ɔmaa n’ani so no, ohui sɛ adefo no de wɔn akyɛde regu sika nnaka no mu.+
41 Na ɔtenaa ase a n’ani tua sika nnaka+ no, na ofii ase hwɛɛ sɛnea nnipakuw no de sika gu sika nnaka no mu; na adefo bebree de sika bebree beguu mu.+