Luka
21 Na ɔmaa n’ani so no, ohui sɛ adefo no de wɔn akyɛde regu sika nnaka no mu.+ 2 Afei ohui sɛ okunafo hiani bi de nkaprɛ mma abien* a ɛnsom bo ahe biara abegu mu wɔ hɔ,+ 3 na ɔkae sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, ɛwom sɛ okunafo yi yɛ ohiani de, nanso nea ɔde agu mu no sen wɔn nyinaa de.+ 4 Efisɛ akyɛde a eyinom nyinaa de abegu mu no fi nea wɔanya ma aboro so mu, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de n’asetenade a ɔwɔ nyinaa abegu mu.”+
5 Akyiri yi, bere a ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛnea wɔde abo pa ne nneɛma a wɔahyira so ahyehyɛ no,+ 6 ɔkae sɛ: “Nneɛma a muhu yi, nna bi reba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so wɔ ha a wonnwiriw ngu fam.”+ 7 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, bere bɛn koraa na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ bere a etwa sɛ nneɛma yi ba no ho sɛnkyerɛnne?”+ 8 Ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye na wɔannaadaa mo;+ efisɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Bere a wɔahyɛ no abɛn.’+ Munnni wɔn akyi. 9 Bio nso, sɛ mote ɔko ne sakasaka a, mommmɔ hu.+ Na etwa sɛ eyinom di kan sisi, nanso awiei no remma wɔ hɔ ara.”
10 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman+ na ahenni atia ahenni;+ 11 na asasewosow akɛse bɛba, na ɔyaredɔm ne aduankɔm+ bɛba mmeaemmeae; na ahude bɛba na nsɛnkyerɛnne akɛse afi soro aba.+
12 “Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba no, nkurɔfo de wɔn nsa bɛka mo na wɔataa+ mo, de mo akɔ hyia adan mu ne afiase, atwe mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti.+ 13 Ɛbɛdan adansedi ama mo.+ 14 Enti momma ɛntena mo koma mu sɛ morenni kan nnwinnwen sɛnea mubeyi mo ho ano,+ 15 na mɛma mo ano ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ ngu.+ 16 Bio nso, awofo+ ne nuabarimanom ne abusuafo ne nnamfonom mpo beyi mo ama, na wobekum mo mu binom;+ 17 na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.+ 18 Nanso mo ti nhwi+ biako mpo renyera da. 19 Sɛ munya boasetɔ a, mubenya mo kra.+
20 “Afei nso, sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a,+ ɛnde munhu sɛ n’amamfoyɛ abɛn.+ 21 Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so, na momma wɔn a wɔwɔ kurow no mu no mfi mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma mu;+ 22 efisɛ eyi yɛ aweredi nna, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw nyinaa bɛba mu.+ 23 Nna no mu no, mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufu nnue!+ Na ahohia kɛse bɛba asase no so na abufuw aba nkurɔfo yi so; 24 na wɔbɛtotɔ nkrante ano na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no betiatia Yerusalem so, kosi sɛ amanaman mmere a wɔahyɛ+ no bewie du.
25 “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba owia+ ne ɔsram ne nsoromma so, na amanaman ho ayeraw wɔn asase so a wɔrenhu nea wɔnyɛ esiane ɛpo+ a ɛrehuru na ɛrebu fa so+ nti, 26 na ehu+ ne nneɛma a ɛreba asase so+ no bɛma nnipa atotɔ piti; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.+ 27 Na afei wobehu sɛ onipa Ba+ no nam omununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.+ 28 Na sɛ nneɛma yi fi ase sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”
29 Enti, ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Monhwɛ borɔdɔma dua ne nnua a aka nyinaa:+ 30 Sɛ enya fefɛw na mohwɛ a, muhu sɛ ahohuru bere abɛn.+ 31 Saa ara na mo nso sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.+ 32 Nokwarem mise mo sɛ saa awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛba mu.+ 33 Ɔsoro ne asase betwam,+ nanso me nsɛm rentwam da.+
34 “Na monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso+ ne asetena mu dadwen+ anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim+ 35 te sɛ afiri.+ Efisɛ ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so.+ 36 Enti, monkɔ so nwɛn,+ na monsrɛ+ bere nyinaa na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”+
37 Enti sɛ edu anɔpa a, ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ,+ na edu anadwo a, opue kɔtena bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw no so.+ 38 Na nkurɔfo+ no nyinaa ba ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ anɔpahema betie no.