Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 6/8 kr. 25-29
  • Asasewosow A Ekunkum Nnipa No Maa wɔn Ho Dwiriw Wɔn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asasewosow A Ekunkum Nnipa No Maa wɔn Ho Dwiriw Wɔn!
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkwa a Wonyae a Ɛyɛ Nwonwa
  • Wɔkɔboae
  • Nkwa a Wobegye Ho Mmɔdenbɔ a Asiane Wom
  • So Ná Ne Nyinaa Aba Awiei?
  • “Asasewosow Kɛse Bɛba”
  • Mmoa a Efi Ɔdɔ Mu
  • Japan Asiane a Ɛbaa Mpofirim—Sɛnea Nkurɔfo Gyinaa Ano
    Nyan!—1995
  • So Wote Nea Wuhu No Ase?
    Nyan!—1981
  • Asasewosow!
    Nyan!—2000
  • Nea Efi Mu Ba no Ano a Yebegyina
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 6/8 kr. 25-29

Asasewosow A Ekunkum Nnipa No Maa wɔn Ho Dwiriw Wɔn!

Obi a Ohui Amanneɛbɔ a Efi Mexico

“Na mereyɛ adwuma wɔ abansoro a ɛto so du no so bere a ɔdan no fii ase wosowee no. Mitwerii ɔpon no na mpofirim ara eyii tɔɔ me so. Bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mefi dɔte ne nnua a egu me so no ase no, mihuu me mma sɛ wɔdeda nneɛma a abubu no so. Na me ba panyin, Jose ho nyinaa refi mogya. Na migye di sɛ m’abusua no mufo awuwu!”​—Jose Melendrez Panyin.

NÁ ƐYƐ September 19, 1985. Wɔ 7:19 a.m. mu no, afeha yi mu asasewosow ahorow a emu yɛ den kɛse no mu biako a emu den yɛ 8.1 wɔ Richter nsenia so sii wɔ Mexico City a emufo yɛ 18,000,000 no mu.

Wɔ nnipa pii fam no, ɛbae wɔ bere pa mu. Sɛ ɛbae wɔ dɔnhwerew biako akyi a, anka ɛbɛyɛ nea nnipa pii wɔ sukuu ne nnwuma ahorow a ne nyinaa wowɔ adan a ebetumi adan amusie akɛseakɛse mu. Anyɛ yiye koraa no, adan bɛboro 700 a ebubui no mu 100 yɛ, sukuu adan!

United States aban ananmusini John Gavin a ofi wimhyɛn mu hwɛɛ nneɛma a asɛe no kae sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔde nan kɛse bi atiatia adan no so.” Na nnipa a woaka mu no yɛ ɔpepem pii​—wɔn a wɔawuwu ne wɔn a wɔwɔ nkwa mu nyinaa. Sɛnea atesɛm krataa El Universal a wotintim wɔ Mexico kyerɛ no, wohuu nnipa afunu bɛboro 8,000 wɔ nnafua 15 a edi kan no mu nanso wobu akontaa sɛ nnipa a wowuwui no dodow bedu 35,000.

Wɔhwɛɛ nnipa bɛboro 40,000 a wonyaa nkwa no wɔ ayaresabea ahorow mu. Ná nnipa a wɔato santen atenten retwɛn sɛ wobehu sɛ wɔn ho nnipa ka awufo no ho wɔ hɔ. Wobobɔɔ wɔn a wɔawuwu no din wɔ television ne radio so na ɛbaa atesɛm nkrataa mu. Mmarima, mmea ne mmofra kyinkyin mmorɔn so a wonni anidaso biara​—na wonni baabi a wɔbɛkɔ. Anyɛ yiye koraa no, ɛkaa nnipa,400,000 wɔ ɔkwan bi so.

Nkwa a Wonyae a Ɛyɛ Nwonwa

Bere a asasewosow no bae no, na Jose Melendrez yere wɔ abansoro a ɛto so 11 no so, nea ɛwɔ nea na ɔyɛ adwuma wɔ so no atifi. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Na meresiesie me babea Elizabeth a wadi mfe asia no ho ma wakɔ sukuu. Mpofirim ara, ɔdan no fii ase wosowee. Mituu mmirika kɔbɔɔ me babarima Jose ne ne yere amanneɛ na bere koro no ara mu no mekɔfrɛɛ me mmabea Lourdes ne Carmela. Wɔde Elizabeth kɔɔ ɔdan no atifi na bere a ɔdan no rebubu no misoo atrapoe no mu. Bere a asasewosow no gyaee no, na abansoro a ɛto so 11 no wɔ nea ɛto so anan no so!

“Bere a yɛrehwɛ a yentumi nyɛ hwee no, ɔdan a Jose ne ne yere wom no bui na ɛde wɔn kɔhyɛɛ nneɛma a abubu agu hɔ no mu. Na yegye di sɛ wɔawuwu, ne titiriw bere a yɛtee sɛ kankyee a wɔnoa nsu wom ne nea gas wom apae wɔ bere koro mu wɔ abansoro a ɛto so asia no so no. Kankyee a gas wom a emu duru yɛ nkaribo 3,800 no bɔɔ me ba no. Nanso, nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa no, na wɔda so ara wɔ nkwa mu!”

Nea ɛyɛ nwonwa no, Melendrez abusua no mufo nyinaa nyaa nkwa, ɛwom sɛ Jose a ɔyɛ akumaa no pirae kɛse de. Jose a ɔyɛ panyin no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Wɔ yɛn fam no, ɛyɛ osuahu a ɛyɛ yaw nanso yɛda Yehowa Nyankopɔn ase wɔ mmoa a efi ɔdɔ mu a yɛn nsa ka fii yɛn nuanom Kristofo hɔ no ho.”

Na Gregorio Montes ne n’abusua te abansoro a ɛtoa so awotwe no mu nea ɛto so anum so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na me yere Mary taa sɔre ntɛm de yɛn babea Lupita kɔ sukuu. Wofii ɔdan no mu bɛyɛ 7:15 a.m. bere a aka simma kakraa bi na asasewosow no aba no. Me ne me mmabea a wɔadi mfe anum ne asia no nyanee a ehu aka yɛn bere a ɔdan no wosowee no. Na biribiara rekɔ n’anim! Nanso bere a mifii ase bɔɔ Yehowa mpae no, ntɛm ara yɛtee nka sɛ yɛn ho ayɛ yɛn fɔmm.

“Afei, mfɛnsere ahorow fii ase bubu guu fam! Afasu fii ase bubui. Saa bere no, metee mmea ne mmofra a ehu aka wɔn sɛ wɔreteɛteɛm. Bere a me mmabea nketewa baanu no te mpa no so komm no, mekɔɔ so buu nkotodwe bɔɔ Yehowa mpae.

“Mpofirim ara​—wɔ nteɛteɛm, wosow a adan wosowee, ne tutuw no nyinaa mu no, adan no bu gui! Na ɛte sɛ nea yɛte afiri ketewa bi a woayɛ no te sɛ ɔdan a wɔde foro abansoro mu resian! Ɛwom sɛ me mmabea no mu biako ka kyerɛɛ me brɛoo wɔ saa bere no mu sɛ, ‘Papa, Harmagedon aba,’ de nanso meka kyerɛɛ no sɛ ennui.

“Ɛhɔ yɛɛ komm kakra​—ná sum ne tutuw wɔ baabiara. Na efi ɔdan a yɛwom no fam kɔpem ne nsɛmso so no tenten yɛ nsateakwaa 20! Bere a yɛhyɛ nneɛma a abubu agu hɔ no mu no, mitumi hui sɛ dɔte ne ahwehwɛ gugu me mmabea no so. Nanso woampira​—wɔn ho baabiara antwa!

“Wɔ baabi a na me yere Mary ne Lupita gyinae wɔ borɔn no so no, wohui sɛ ɔdan no rebubu agu. Na wogye di sɛ yɛawuwu. Nanso, wɔ mmusua 32 a na wɔte abansoro no so no mu no, na yɛka nnipa kakraa bi a wonyaa nkwa no ho!”

Na Judith Ramirez a wadi mfe dunsia no wɔ sukuu mu bere a asasewosow no bae no. Ɔkae sɛ, “Na ɔkyerɛkyerɛfo no afi ase rekenkan biribi akyerɛ sukuufo no. Afei mpofirim ara metee sɛ ɔdan no rewosow te sɛ nea mete po so hyɛn mu. Ehu kaa obiara. Sukuufo bɔɔ mmɔden sɛ wobepue afi ɔdan no mu denam mfɛnsere ne apon a wobubui no so.

“Bere a migyina abansoro a ɛto so abiɛsa no mfɛnsere mu no, na mitumi hu sɛ ɔdan no fã abubu agu a sukuufo ne sukuu mpanyimfo 500 da so ara wom! Na misuro sɛ faako a yɛwɔ no nso bebubu agu. Esiane sɛ na atrapoe no abubu nti yɛfaa tokuru bi a woayɛ ama yɛn no mu fii adi. Bere a awiei koraa no yetumi fii ɔdan a abubu no mu no, yehuu adan a ɛrehyew ne nneɛma a ayɛ basaa wɔ mmorɔn so.”

Wɔkɔboae

Bere a asasewosow no bae akyi bere tiaa bi no, Mexico aban yɛɛ ade de dii tebea no ho dwuma. Polisifo, adwumayɛfo a wodum ogya ne aban mpanyimfo afoforo ka boom wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegye nnipa pii nkwa sɛnea wobetumi no mu. Po so asraafo bɛyɛ 2,800 ne nnipa afoforo mpempem pii de wɔn ho hyɛɛ adwuma a wɔyɛ de gyee wɔn nkwa no mu. Wɔmaa asraafo nso wɛnee esiane nneɛma a nkurɔfo betumi awia nti. Wɔhwɛɛ nnipa bɛboro 22,000 wɔ mmeae ahorow a wɔde mmoa ma.

Wimhyɛn ahorow a nneɛma ne mfiri a wɔde dii dwuma de gyee nnipa no nkwa wom fi aman ahorow bɛyɛ 50 mu bae. Ɛho abenfo a wotuu wɔn ho mae ɔhaha pii fii aman horow so bae. Nsɛm ho amanneɛbɔbea ahorow kaa nnipa pii no biakoyɛ ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Esiane mmɔden a wofi biakoyɛ mu bɔe no nti, annu nnafua du na wɔagye nnipa 3,266 nkwa wɔ asasewosow no akyi na anyɛ yiye koraa no, wohuu nnipa 17,000 a na wɔayera. Nanso na obi a wanwu a wobegye no nkwa nyɛ ade a ɛyɛ mmerɛw.

Nkwa a Wobegye Ho Mmɔdenbɔ a Asiane Wom

Wɔtee nnipa a na wɔda so ara wɔ adan a abubu no mu no su kɔ bɛboro dapɛn biako akyi wɔ asasewosow no akyi! Wɔn a wotuu wɔn ho mae a woyiyii nnipa no fii adan no mu no mu biako traa ase de ne nsa kataa n’anim na osui. Na ɔte nka sɛ ɔrentumi mfa mmoa biara mma.

Nea ɛne yi bɔ abira no, wɔn ani gyei bere biara a wotumi gyee obi a wanwu nkwa no. Nnuruyɛfo boafo Juan Labaestida kae sɛ, “M’ani gyei sɛ mitumi gyee nnipa baakron nkwa.” Ɔne nkurɔfo bi na efii United States bae. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Ɛwom sɛ na yenni mfiri a ɛho hia de, nanso yɛweawea kɔɔ adan a abubu no mu a na yɛrehwehwɛ wɔn a wɔanwuwu no. Na ɛnyɛ mmerɛw.”

Ɔrekyerɛ sɛnea wotumi gyee nnipa baanu nkwa no, ɔkae sɛ: “Bere a yeduu adidibea bi ho no, yɛde afiri soronko bi dii dwuma de hwehwɛɛ biribiara a ɛkeka ne ho. Etumi yɛ adwuma yiye araa ma etumi ma wote adwuma a nipadua yɛ no nnyigyei. Sɛ ɛnyɛ ɛno a, anka ebia yɛrentumi nhu sɛ nnipa baanan wɔ ɔdan no mu! Ɛdenam rɔba tenten bi a yɛde dii dwuma so no, yɛde nsu ne oxygen kɔɔ adidibea no adekorabea, faako a na mmarima baanu ne mmea baanu wɔ nna pii no.

“Bere a afoforo no retwɛn wɔ ɔdan no akyi no, me ne ɛho ɔbenfo bi a ofi France fii ase bɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ ɔdan no mu. Afiri koro no ara ma yehuu biribiara a ɛkeka ne ho​—faako a ɔdan no afasu ne ne fam yɛ mmerɛw no ho sɛnkyerɛnne​—bere a yɛnam mu no. Wɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn nsa nso n’afasu no mu ne ne fam. Sɛ ɔdan no rebebu a, yɛbɛte nka esiane anhwea a ɛbɛporɔw afi n’afasu no ho agu fam no nti. Egyee yɛn nnɔnhwerew ason ansa na yeduu wɔn nkyɛn.

“Bere a yeduu wɔn nkyɛn no, na mmarima baanu no awuwu. Na ade atɔ mmea baanu no so nanso yɛde yɛn ano tuaa wɔn ano home guu wɔn mu na yɛde yɛn nsa twitwiw wɔn koko so kosii sɛ awiei koraa no wɔn ani so tetee wɔn wɔ simma 15 akyi! Yiw, mfaso baa mmɔdenbɔ no so!”

So Ná Ne Nyinaa Aba Awiei?

Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no dwumayɛni biako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Na wɔde Sergio Moran dan a ɛwɔ abansoro a ɛto so abien no so rekyerɛ me Fida a ɛyɛ da a edi asasewosow no akyi no anwummere. Na afasu no mu apaapae na na nsɛmso a emu yɛ duru no ne ɔdan no fam ayɛ mmerɛw. Nea ɛyɛ nwonwa no, asasewosow no antumi ammu ɔdan no, ɛwom sɛ pii a na atwa ho ahyia no abubu na ama nnipa a wɔawuwu ne wɔn wɔapirapira aka adan no dɔte ne ne nnua no mu de.

“Na nkurɔfo ayɛ basaa na na wɔredi awerɛhow wɔ mpɔtam hɔ. Mifiri a wɔde fa wɔn a wɔapirapira no dii akɔneaba da mu no nyinaa. Wɔ mantweaa bi no, na nnipa ato santen tenten a wɔretwɛn sɛ wobehu wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo afunu. Na mede da mũ no nyinaa akyinkyin kurow no kesee fam awie. Na wɔmma nkurɔfo nkɔ mmorɔn pii so esiane adan atenten a akyeakyea a ɛte sɛ nea ebebubu bere biara mu no nti. Sɛ wote nnipa a wɔda so ara wɔ adan a abubu no mu nteɛteɛm a wɔde hwehwɛ mmoa no a, ɛnyɛ den sɛ wubesu.

“Bere a me ne Sergio Moran rekasa no, mpofirim ara asasewosow a ɛto so abien bae! Mfiase no, ɛhɔ yɛɛ komm kɛse. Mibisaa me ho sɛ, ‘So ebetumi ayɛ biribi a misusuw ho ara kwa? Afei nkanea no dunnumii. Watch ahorow gyinae bere a 7:38 p.m. bɔe no, ɛbɛyɛ nnɔnhwerew 86 wɔ asasewosow a edi kan no akyi. Ɔdan a miwom no fii ase wosowee. M’adwenem anyɛ me naa. Asan aba bio!

“Esiane sɛ yɛda so ara wɔ abansoro a ɛto so abien no so nti, yetuu mmirika kɔɔ ɔpon ano na yesusoo aponnua no mu. Yɛbɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmmoa yɛn. Bere a ɔdan no wosowee no, yɛtee nnyigyei bi a ano yɛ den wɔ ɔdan no atifi ne mpuran a egu so no mu. Bere a mihuu sɛnea ɔdan no ayɛ no, na migye di sɛ ebebu! Nanso ammu na yetumi kɔɔ borɔn no so, faako a yekohuu sɛ nneɛma ayɛ basaa, nnipa reteɛteɛm na wɔn adwene atu afra no.

“Nea eye no, asasewosow a ɛto so abien no ansɛe nneɛma kɛse wɔ mpɔtam hɔ te sɛ nea edi kan no. Wɔ nnafua 12 a edii asasewosow a edi kan no akyi mu no, anyɛ yiye koraa no asasewosow 73 bae a emu duru yɛ 3.5 ne 7.8 wɔ Richter nsenia so!”

“Asasewosow Kɛse Bɛba”

Kristo Yesu kae ‘asasewosow a ɛbɛba mmeaemmeae’ ho asɛm sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “wiase awiei” no mu no mu biako. (Mateo 24:3, 7) Na ɛnyɛ sɛ ɔreka asasewosow ho asɛm ara kwa; na mmom ɔkae sɛ “asasewosow kɛse bɛba.” (Luka 21:11) Enti, asiane a ɛbaa Mexico nnansa yi a asasewosow akɛse 600 a aba fi 1914 ka ho​—de bi ka nokware a Bible nkɔmhyɛ mmamu wɔ yɛn bere yi mu yɛ no ho.

Mmoa a Efi Ɔdɔ Mu

Nanso, Yehowa Adansefo yɛɛ ade ntɛm ara sɛ wɔbɛhwehwɛ Adansefo a wɔwɔ faako a asasewosow no sii no nyinaa. Victor Castellanos ka sɛ: “Na ɛyɛ nwonwa sɛ yehui sɛ woyii ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛɛ yɛn. Yɛn nsa kaa aduan a emu duru boro nkaribo 11,000 na yɛkyekyɛ maa wɔn a ɛkaa wɔn nyinaa. Adansefo mmusua a wɔwɔ mmeae ahorow a nneɛma ansɛe wɔ hɔ no ne wɔn nuanom Kristofo traa wɔn afie mu na wɔne wɔn kyɛɛ wɔn honam fam nneɛma.

Bere a Juan Chavez ne ne yere ne wɔn mma baanu anwuwu wɔ wɔn fi a ebubui no mu no, wɔkɔɔ sukuu a ɛwɔ kurow no mu no mu sɛ wɔkɔhwehwɛ wɔn mma afoforo baanu. Bere a abusua a emufo yɛ baasia no san baa fie no, wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ wɔn nuanom Kristofo pii a wɔn asafo mu mpanyimfo ne ahwɛfo kwantufo bi ka ho atwa wɔn fi no ho ahyia.

Owura-yere Chavez bɔ amanneɛ sɛ,“Wosusuwii sɛ yɛda so ara wɔ ɔdan no mu na na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn! Ná ɛyɛ nwonwa! Ná yennhyiaa Adansefo a wɔbae sɛ wɔrebɛboa yɛn no mu binom mpo da.”

Yiw, ɛwom sɛ asasewosow a ekunkum nnipa no agyaw n’agyiraehyɛde wɔ Mexico de, nanso ɛnyɛ nea aka Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no gyidi ne wɔn akokoduru wɔ ɔkwan a enye so. Sɛnea Owura-yere Melendrez a yɛafa n’asɛm aka no ka no: “Yɛn nyinaa de tebea no redi dwuma de aka Ahenni anidaso no ho asɛm akyerɛ obiara a yebehyia no. Asasewosow no mma yennyaee mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa no. Mmom no, yɛn gyidi ayɛ den kɛse na yɛasi yɛn bo sen bere biara.”

[Kratafa 26 mfoni]

Jose Melendrez Panyin ne ne yere ne ɔdan a na wɔte mu no

[Kratafa 27 mfoni]

Judith Ramirez nyaa nkwa wɔ CONALEP sukuu dan a ebubui no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena