Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 9/8 kr. 18-23
  • Japan Asiane a Ɛbaa Mpofirim—Sɛnea Nkurɔfo Gyinaa Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Japan Asiane a Ɛbaa Mpofirim—Sɛnea Nkurɔfo Gyinaa Ano
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Nkurɔfo Ho Dwiriw Wɔn
  • Wɔn a Anka Wɔreyɛ Awu ne Wɔn a Wohyiaa Asiane Ahorow
  • Ahoyeraw Tebea
  • Adansefo Gye So Ntɛm Ara
  • Wɔde Mmoa Ho Nhyehyɛe Si Hɔ
  • Nea Ɛboro Honam Fam Mmoa
  • Wɔboaboa Wɔn Ano Ma Adansi
  • Mmere no Ho Sɛnkyerɛnne
  • So Wote Nea Wuhu No Ase?
    Nyan!—1981
  • Asasewosow A Ekunkum Nnipa No Maa wɔn Ho Dwiriw Wɔn!
    Nyan!—1986
  • Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Ɔdɔ a Wɔdaa no Adi no Kaa Yɛn Koma Paa”
    Nyan!—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 9/8 kr. 18-23

Japan Asiane a Ɛbaa Mpofirim—Sɛnea Nkurɔfo Gyinaa Ano

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ JAPAN HƆ

WƆ SIMMA biako mu no, na Kobe a ɛwɔ Japan no yɛ kurow a ɛwɔ hyɛn gyinabea, a nnipa 1,500,000 wom. Nanso wɔ anibu 20 mu no, asasewosow a anoden yɛ 7.2 wɔ Richter nsenia so no sɛee ne fã kɛse no ara. Afie ne adan ɔpedudu pii bubui anaasɛ ɛho tɔɔ kyima, na nnipa bɛboro 300,000 hweree wɔn afie.

Asiane bi sii January 17, 1995, afe biako pɛpɛɛpɛ a asasewosow bi sɛee Northridge, California, U.S.A. pasaa, na ekunkum nnipa 61 no. Tumi a na ɛwɔ Kobe asasewosow no mu no bɛyɛ ɛno mmɔho abien. Nnipa bɛboro 5,500 a wowuwui no ma ɛyɛɛ asasewosow a ɛyɛ hu sen biara wɔ Japan fi 1923, bere a asasewosow kɛse bi a ɛsɛee Tokyo ne Yokohama kunkum nnipa bɛyɛ 143,000 no.

Bere a Nkurɔfo Ho Dwiriw Wɔn

Saa da a asɛm no sii no anɔpa 5:46 no, na Ryuji retɔn atesɛm krataa wɔ Kobe Kurow no mfinimfini. Ná anim nnya ntetee. Mpofirim ara ɔtee nnyigyei bi te sɛ keteke a ɛnam ne kwan a ɛwɔ soro so. Akwan ne adan no bubu faa so te sɛ po asorɔkye. Afei, akanea nyinaa dundumee.

Lɔre akwan a ɛwɔ soro dwiriw gui na ɛtotow lɔre ahorow kyenee akwan a ɛwɔ ase no so. Keteke akwan kyinkyimii te sɛ dɔte poma, na keteke ahorow hwehwee ase. Ntaabodan a akyɛ bubu gui, na mpofirim ara, afie a ɛtoatoa so abien bɛyɛɛ sɛ adantia. Enyanee Kobefo dodow no ara fii wɔn nna mu.

Ogya tɔɔ hɔ ntɛm ara na ɛhyew adan mũ. Esiane sɛ na asasewosow no ama nsu agyae ba nti, odumgyafo no antumi anyɛ ho hwee. Adan a etumi gyina asasewosow ano dwiriw gui amonom hɔ ara.

Wɔn a Anka Wɔreyɛ Awu ne Wɔn a Wohyiaa Asiane Ahorow

Ná Yehowa Adansefo 3,765 a wɔwɔ asafo ahorow 76 mu na wɔte beae a asasewosow no sii ankasa no. Asasewosow no akyi anɔpa no, wohui sɛ akum Adansefo 13 ne adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu 2. (Ɔsɛnkafo 9:11) Saa bere no, na nnipa dodow a polisifo bɔɔ amanneɛ sɛ wɔawuwu no yɛ 1,812, nanso dapɛn biako ntam no, ɛboroo 5,000. Esiane sɛ na Adansefo no ayɛ no ntɛm ahwehwɛ wɔn a wɔwɔ wɔn asafo ahorow mu nti, wɔn mu biara anwu bio.

Ná Misao kunu afi fie ntɛm kɔ adwuma. Misao ka sɛ: “Bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, ofie no wosowee. Ntayaa a wɔde akuru dan no yiyi guu me ho. Ntayaa kɛse a ɛwɔ mfinimfini no hwee sumii a na me kunu ti da so dɔnhwerew biako a atwam no so.” Ntade adaka ne nhoma pon yiyi bedii nhwɛanim Misao so. Eyi amma ntayaa ammegu ne so.

Agyinamoa bi a na ɔresu nyanee Hiromasa, sukuuni abarimaa bi a wadi mfe 16. Bere a ɔde agyinamoa no repue no, asasewosow no sii. Bere a ɔsan bae no, obehuu ne maame sɛ ɔhyɛ television ne nhoma pon no ase. Hwɛ anigye ara a onyae sɛ ohui sɛ ne maame te ase! Hiromasa kɔsrɛɛ kanea fii ofipamfo bi hɔ de beyii ne maame. Nnipa mpempem pii na anka wɔreyɛ awu. Nanso Adansefo foforo hyiaa asiane a ɛyɛ yaw.

Hiroshi ne Kazu Kaneko dan bu guu wɔn so. Kristofo asafo no mufo de ahoɔhare kɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔboa wɔn. Wɔantumi anyi wɔn kosii anɔpa 10.00 ansa na wɔreyi Hiroshi de no akɔ ayaresabea. Nanso bere a woyii Kazu akyiri yi no, na wawu.

Ná Miyoko Teshima, a wadi mfe 24, na wɔbɔɔ no asu bɛyɛ mfe abien pɛ ni no botae ne sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Anɔpa a asasewosow no sii no, na wada wɔ n’abansoro dan a ɛto so abien no ase na soro de no dwiriw gui. Nnua ne mpuran no beguu Miyoko so. N’awofo ne afipamfo bɔɔ mmɔden sɛ wobeyiyi nneɛma a abubu agu ne so no, nanso wɔantumi. Ne maame a ɔyɛ Bible suani no kohuu Yehowa Adansefo ma wɔbɛboae.

Bɛyɛ nnɔnhwerew ason akyi a woyii Miyoko no, na ɔda so ara te ase. Kristofo mpanyimfo baasa bi kohuu oduruyɛfo ne ɔyarehwɛfo bi sɛ wɔmfa wɔn nsa ntwitwi ne koko so na ne koma atumi ayɛ adwuma, nanso Miyoko wui. Mmɔden a Adansefo no bɔe sɛ wobegye abeawa no nkwa no kaa ne papa a na ɔsɔre tia ne babea no gyidi no, na ɔpenee abeawa no abisade a na wadi kan aka akyerɛ no sɛ ɔmma Adansefo no nyɛ n’ayi no so.

Ná Takao Jinguji a ɔyɛ Kristoni panyin no ne ne yere ne wɔn babea te ofie dedaw bi abansoro dan a edi kan so. Ɔkae sɛ: “Bere a asasewosow no sii no, ɔdan no fã a ɛwɔ yɛn so no bu guu yɛn so, na nhoma pon bi bɛhwee me so. Awiei koraa no, mitumi fii ase, na mifii ase bɔɔ mmɔden sɛ mepue afi ɔdan no mu. Mpofirim ara metee nne bi. Ná ɛyɛ Ɔdansefo bi a ɔte bɛn hɔ a waba rebɛhwehwɛ yɛn.”

Awiei koraa, bere a Takao tumi puei no, ohui sɛ ogya fi adan a atwa hɔ ahyia no mu rebɛtɔ ne dan no mu. Enti ɔwea kɔɔ afabo no ho na ɔde ahoyeraw bɔɔ mmɔden sɛ obeyi ne yere. Nanso na aka akyi dodo. Eiko, ne yere a na wadi mfe 26, ne ne babea Naomi wui. Eyi nyinaa akyi no, ofii ase boaa n’asafo mufo afoforo. Ɔkae akyiri yi sɛ: “Biribiara nni hɔ a na metumi ayɛ ama m’abusua no bio, enti mede m’adwene kɔɔ boa a mɛboa afoforo so. M’ani gyei sɛ mihui sɛ yɛn asafo no muni foforo biara anya ne ti adidi mu.”

Ahoyeraw Tebea

Nnipa mpempem pii guan kɔɔ sukuu ahorow ne ɔmanfo adan mu. Esiane nea asasewosow no de bae ho suro nti, ebinom nso tratraa ntamadan mu wɔ abɔnten anaasɛ wɔdedaa wɔn kar mu. Keteke ne kar akwan sɛee pasaa, na kar mpempem pii hyɛɛ akwan a aka a wɔde ahiade fa so kɔma nkurɔfo no so mã. Nnipa pii nyaa aduan kakraa bi anaasɛ wɔannya nea wobedi nna pii. Nanso anwonwasɛm ne sɛ, wɔante awisɛm biara na nnipa pii ne afoforo kyɛɛ aduan kakra a wɔwɔ no.

Akwakora bi a na ɔde kuntu akata ne ho na nusu regu no kae sɛ: “Eyi te sɛ Wiase Ko a Ɛto so Abien no akyi.” Japan soafo panyin, Tomiichi Murayama, yɛɛ nneɛma a asɛe no ho nhwehwɛmu na ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Minhuu biribi te sɛ eyi da. Eyi boro obiara nsusuwii so koraa.”

Adansefo Gye So Ntɛm Ara

Bere a Keiji Koshiro a ɔyɛ Kristoni panyin kɔsraa Kobe kurow no mu anɔpa a asasewosow no sii na ohui sɛnea nneɛma asɛe pasaa no, ɔsan kɔɔ fie kɔboaboaa kurow no mu asafo no mufo ano sɛ wɔnnoa aduan nkɔma mfɛfo Kristofo a ɛkaa wɔn kɛse no. Eduu anwummere no, na ɔde aduan ne anonne agu kar mu rekɔkyekyɛ ama asafo ahorow a ɛwɔ Kobe kurom no. Ade kyee anɔpa no, wɔde aduan ne nsu pii kɔmaa wɔn. Esiane sɛ na kar akyere so nti, Adansefo no hyehyɛɛ moto 16 a ɛbɛbom de nneɛma no akɔma wɔn.

Afoforo pii nso fii wɔn pɛ mu hwehwɛɛ wɔn nuanom Kristofo boaa wɔn ntɛm so. Tomoyuki Tsuboi ne ɔpanyin foforo tratraa moto so kɔɔ Ashiya, kurow a ɛtoa Kobe so a ɛno nso sɛee kɛse no mu. Wohui sɛ Yoshinobu Kumada a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo no atew beae bi a wɔde mmoa ma wɔ Ashyiya kurow no mu Ahenni Asa so dedaw.

Wɔfrɛɛ anuanom wɔ telefon so kaa ahiade no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ankyɛ na wɔboaboaa nneɛma ano. Wɔde kuntu, aduan, ne nsu guu kaa akron mu ntɛm ara kɔɔ Ashiya. Wɔde saa nneɛma yi kɔɔ Ahenni Asa abien a ɛwɔ kurow no mu, baabi a na nnipa 40 kosi 50 aguan kɔ hɔ no so. Afoforo nyaa atrae wɔ mfɛfo gyidifo afie mu. Da a edi hɔ no, Adansefo bi a wɔbɛn hɔ noaa nnuan maa nnipa 800. Ná aduan a wɔde maa wɔn a wohia no dɔɔso, enti Adansefo no ne afipamfo a wohia bi no kyɛe.

Yehowa Adansefo boaa wɔn mfɛfo gyidifo wɔ baabi a asasewosow no sii nyinaa. Eyi kanyan wɔn a wohui no pii. Asasewosow no akyi dapɛn biako no, obi a ɔka hɛlikɔpta pinkyɛɛ Ɔdansefo bi wɔ Yokohama na ɔkae sɛ: “Da a asasewosow no sii no, mekɔɔ beae a asiane asi no na midii dapɛn biako wɔ hɔ. Yehowa Adansefo nkutoo ne nkurɔfo a wɔde ahopere kɔɔ saa beae no. Ɛkaa me yiye.”

Wɔde Mmoa Ho Nhyehyɛe Si Hɔ

Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Ebina, Japan, no maa ananmusifo baanan kɔɔ Kobe mpɔtam hɔ ntɛm sɛ wɔnkɔyɛ nneɛma a wɔde bɛboa no ho nhyehyɛe. Ɔnanmusifo biako bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yesii gyinae ntɛm ara sɛ yɛbɛhwehwɛ Ahenni Asa ahorow a ansɛe na yɛde ahiade akogu hɔ. Yehuu Asa ahorow asia, na wɔ dɔnhwerew anum mu no, na nneɛma ayɛ mu ma. Yɛde nneɛma foforo kɔɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa akɛse abien a ɛbɛn hɔ no so.”

Wobuee foto maa sika a wɔde boa no wɔ sikakorabea, na wɔbɔɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ Japan nyinaa amanneɛ. Woyii U.S. dɔla ɔpepem biako wɔ adwuma nna abiɛsa a edi hɔ no mu. Ntɛm ara wɔkyɛɛ sika no maa wɔn a ahia wɔn no ma wɔde dii wɔn ahiade ho dwuma.

Wɔka kyerɛɛ asafo ahorow no sɛ wobetumi akɔfa nneɛma a wohia no wɔ mmeae a ahiade no wɔ no. Asafo biara mu mpanyimfo yɛɛ nhyehyɛe kyekyɛɛ ahiade no maa wɔn asafo mufo a wohia mmoa no. Wɔantwa Adansefo no abusuafo a wonnye nni no annya. Wɔtee sɛ Kristoni panyin bi a na ɔte beae a asasewosow no sii no papa—a mfiase no na n’ani nnye Yehowa Adansefo ho—reka no ahoahoa so akyerɛ obusuani bi wɔ telefon so sɛ: “Me ba barima no som mufo bɛboa yɛn!”

Nea Ɛboro Honam Fam Mmoa

Ankyɛ na wɔyɛɛ Kristofo nhyiam ho nhyehyɛe. Asafo biako yɛɛ wɔn nhyiam wɔ agodibea bi so Benada, ɛda a asasewosow no sii no. Eduu Kwasida no, na asafo dodow no ara a ɛwɔ beae a asɛm no sii no reyɛ wɔn dapɛn no Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ akuw nketewa mu anaa Ahenni Asa ahorow a ansɛe kɛse no so. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, December 1, 1994, Ɔwɛn-Aban a wosuaa no saa dapɛn no kaa hokwan a obi wɔ sɛ ɔde nea ɔwɔ “bɛboa wɔn a asiane ato wɔn” no ho asɛm. Ɔbea bi a ɔwɔ nhyiam no ase kae sɛ: “Eyi ne bere a edi kan a yɛayɛ nkurɔfo a wɔde nneɛma reboa wɔn. Merentumi nka sɛnea anisɔ ahyɛ me mã. Sɛ yɛn tebea no yɛ yiye a, mɛyɛ me fam de ayi ntoboa.”

Ananmusifo a wofi baa dwumadibea no de moto ahorow kɔsraa mmeae a ɛsɛee kɛse no. Wɔn mu biako bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛkaa yɛn koma sɛ yehui sɛ anuanom resu. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ‘ɛnyɛ yɛn biribiara a yɛahwere nti na yɛresu, na mmom, esiane sɛ mo anuanom fi Ebina atwa kwan tenten abɛsra yɛn ma aka yɛn koma nti a.’”

Wɔ nnɔnhwerew 24 a asasewosow no sii mu no, Yehowa Adansefo Sodikuw a ɛwɔ Brooklyn, New York, U.S.A. no, ne baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase no afã foforo de awerɛkyekye nsɛm kɔmaa wɔn. Wɔn nsa kaa nsɛm foforo pii a ɛtete saa da a edi hɔ no mu. Asɛm bi a wɔde faa nkrasɛm afiri so fi Wŏnju West Asafo a ɛwɔ Republic of Korea, a na ɔtopae bi apae akunkum wɔn asafo mufo 15 mfe abien a na atwam no hɔ no kaa wɔn koma kɛse.a Ɛde baa awiei sɛ: “Yɛn nuanom a wɔwɔ Kobe no yaw yɛ yɛn yaw ne yɛn awerɛhosɛm. Yɛsrɛ mo, monkae sɛ, sɛnea ɛtoo yɛn no, ɛnkaa mo nkoa ara wɔ ɔhaw mu. Anuanom adɔfo, mommpa abaw!”

Baa dwumadibea ananmusifo no yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔakɔ so de honhom mu mmoa ama. Sɛ nhwɛso no, wɔde ahwɛfo akwantufo foforo kɔɔ Kobe mpɔtam hɔ bere tiaa bi kɔhyɛɛ wɔn nkuran. Na wɔtoo nsa frɛɛ Kristofo mpanyimfo a wofi Japan mmeae foforo sɛ wɔnkɔsra Kobe dapɛn biako anaa nea ɛte saa mfa honhom ne nkate fam mmoa nkɔma wɔn a wɔrehu amane no.

Bere a Adansefo a wɔwɔ beae a asɛm no sii no nyaa ɔhwɛ ne nkuranhyɛ a ɛte saa fii mfɛfo gyidifo a wɔwɔ wiase nyinaa hɔ no, wokuraa su pa ne anisɔ mu. Bere a Ɔdansefo bi kɔɔ nhyiam a edi kan a wɔyɛe wɔ asasewosow no akyi no, Ɔkae sɛ: “Esiane sɛ na yenni baabi a yɛbɛkɔ nti, nneɛma haw yɛn kakra besii nnɛra. Nanso yɛbaa ha bɛtee nhyehyɛe a wofi ayamye mu ayɛ ama yɛn yiyedi, a adehoro, aguare ho nhyehyɛe, ne Nhyiam Asa horow a yɛbɛtra mu bere tiaa bi ka ho no, ayi yɛn dadwen afi hɔ. Eyi yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde ampa!”

Nokwarem no, honhom fam nneɛma a Adansefo no de wɔn adwene sii so no aboa wɔn ma wɔagyina ano. Ɔbea bi a wadi boro mfe 20 kakra kae sɛ: “Efi bere a midii mfe abiɛsa na me maame kyerɛɛ me sɛnea menya Yehowa mu ahotoso. Ne ntetee ne nea minyaa no Kristofo asafo no mu no aboa me ma magyina ahohia tebea yi ano.”

Wɔboaboa Wɔn Ano Ma Adansi

Adansefo no afie bɛyɛ 350 na ɛho tɔɔ kyima kɛse anaa ɛsɛee; na emu 100 yɛ wɔn ankasa de. Ná Adansefo no afie bɛboro 630 foforo nso hia nsiesie nketenkete. Afei nso, Ahenni Asa ahorow 10 sɛee pasaa ma na wontumi nkɔ hɔ bio.

Ankyɛ na wɔyɛɛ nhyehyɛe a wɔbɛsan de asi Ahenni Asa ama asafo ahorow a wɔhweree wɔn de no. Na Amantam Adansi Boayikuw 11 a ɛwɔ Japan no mu biara tew kuw a emu nnipa yɛ 21 ma wosiesiee Adansefo no afie a asɛesɛe no.

Mmere no Ho Sɛnkyerɛnne

Asasewosow akɛse taa sisi. Maclean’s nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Afe a etwaam nkutoo no asasewosow pii sisii [Japan] a na ɛyɛ akɛse sen nea esii Kobe no.” Emu biako ne asasewosow kɛse a ne kɛse yɛ 8.1 no, nanso esii baabi a nnipa nte hɔ kɛse wɔ kusuu fam.

Asasewosow mu nkɔanim a ɛte saa no nyɛ Yehowa Adansefo nwonwa. Bere a asasewosow no pusuw Atsushi a wadi mfe anum fie wɔ Kobe no, ɔnantenantewee kae sɛ: “Asasewosow bɛba mmeaemmeae”! (Marko 13:8) Osuaa saa nkɔmhyɛ yi fii ne maame hɔ. Yesu Kristo kae sɛ asasewosow ka ‘nneɛma a ɛbɛyɛ ne ba a waba ne wiase no awiei ho sɛnkyerɛnne’ no ho. Sɛnkyerɛnne no afã foforo ne ɔko, ɔkɔm, ɔyaredom, ne nnipa dodow no ara dɔ a ano bɛdwo.—Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5.

Kobe asasewosow no yɛ adanse foforo ara kwa a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase yi nna a edi akyiri mu. Nea ɛyɛ anigye no, ɛyɛ Yesu sɛnkyerɛnne no fã a ɛrenya mmamu mprempren a ɛkyerɛ sɛ ɛnkyɛ wɔde trenee wiase foforo besi nea ɛwɔ hɔ yi ananmu.—1 Yohane 2:17.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ June 8, 1993 Nyan! no nkratafa 25-7.

[Kratafa 19 mfonini ahorow]

Takao Jinguji hweree n’abusua wɔ adesɛe yi mu

[Kratafa 20 mfonini]

Keteke gyinabea a asɛe

[Kratafa 20 mfonini ahorow]

Akwan a ɛwɔ soro a asɛe

[Kratafa 22 mfonini ahorow]

Adansefo yɛ ahiade a wɔde boa ho nhyehyɛe ma wɔn a wɔn ho aka mu no ntɛm ara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena