Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 12/1 kr. 4-8
  • Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Accra—“Noa Da Ketewa”
  • San Angelo—“Ná Ɛte sɛ Nea Wiase Reba Awiei”
  • Kobe—“Nnua, Dan Ho Dɔte, ne Afunu a Atu Apansam”
  • Ahotɔ A Ɛtra Hɔ Bɛba Nnansa Yi Ara!
  • Japan Asiane a Ɛbaa Mpofirim—Sɛnea Nkurɔfo Gyinaa Ano
    Nyan!—1995
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ
    Nyan!—2003
  • Bere a Asiane a Emfi Nnipa Asi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 12/1 kr. 4-8

Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe

AKYINNYE biara nni ho sɛ mmɔden a nipa bɔ sɛ ɔde mmoa bɛma bere a asiane bi asi no fata nkamfo. Mmoa ho nhyehyɛe pii aboa ma wɔasan asisi afie, aka mmusua abom bio, na nea ɛsen biara no, agye afoforo nkwa.

Sɛ asiane si a, Yehowa Adansefo nya—na wɔn ani sɔ—nsiesiei biara a wɔnam aban no mmoa ho nhyehyɛe so de ma no. Bere koro no ara no, wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛde sɛ ‘wɔyɛ nnipa yiye, titiriw, wɔn a wɔyɛ wɔn gyidi fifo.’ (Galatifo 6:10) Yiw, Adansefo no te nka te sɛ nea wofi abusua biako mu; wobu wɔn ho wɔn ho sɛ “abusua.” Ɛno nti na wɔfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ “onua” ne “onuawa” no.—Fa toto Marko 3:31-35; Filemon 1, 2 ho.

Enti sɛ asiane si mpɔtam bi a, Yehowa Adansefo asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden hwehwɛ baabi a asafo no muni biara wɔ ne n’ahiade ahorow, na wɔyɛ nhyehyɛe de mmoa a ehia ma. Susuw sɛnea na eyi yɛ nokware wɔ Accra, Ghana; San Angelo, U.S.A.; ne Kobe, Japan no ho.

Accra—“Noa Da Ketewa”

Nsu no fii ase tɔe bɛyɛ anadwo nnɔn 11, na ɛtɔe denneennen nnɔnhwerew pii. John Twumasi a ɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Accra no mu biako ka sɛ: “Ná nsu no ano yɛ den araa ma, m’abusua mũ no nyinaa anna.” Daily Graphic no frɛɛ no “Noa Da ketewa.” John toa so sɛ: “Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛde nneɛma bi a ɛsom bo bɛforo soro, nanso bere a yebuee atrapoe no ano pon no, nsu no bɔ wuraa mu.”

Atumfoɔ no bɔɔ kɔkɔ sɛ womfi hɔ, nanso pii twentwɛn wɔn nan ase, efisɛ na wosuro sɛ sɛ akorɔmfo hu fitu a—sɛ nsu ahyɛ no ma mpo a—ɛbɛtwetwe wɔn aba hɔ. Ebinom antumi amfi adi, sɛ na wɔpɛ sɛ wofi mpo a. Abeawa bi a wɔfrɛ no Paulina ka sɛ: “Me ne me maame antumi ammue pon no. Nsu no kɔɔ so yirii, enti yegyinaa nnua ankora bi so susoo osuhyɛ no dampare mu. Awiei koraa, bɛyɛ anɔpa nnɔnnum no, yɛn afipamfo beyii yɛn.”

Hokwan no buei ara pɛ, Yehowa Adansefo fii ase yɛɛ adwuma. Onuawa Kristoni bi a wɔfrɛ no Beatrice ka sɛ: “Ná asafo mu mpanyimfo no rehwehwɛ yɛn, na wobehuu yɛn wɔ baabi a yeguan kɔe no wɔ yɛn yɔnko Dansefo bi fie. Nsuyiri no akyi nnansa pɛ no, asafo no mu mpanyimfo ne mmerante ne mmabaa kaa wɔn ti pam ho bɛkaa yɛn ho ma yetitii atɛkyɛ a ɛwɔ yɛn afie mu ne akyi no. Ɔwɛn Aban Asafo no de samina, nnuru a wɔde kum mmoawa, nea wɔde ka dan ho, mpikyi, kuntu, ntama ne mmofra ntade mae. Anuanom no de aduan a yebedi no nna pii brɛɛ yɛn. Ɛkaa me koma kɛse!”

John Twumasi a yɛadi kan afa n’asɛm aka no bɔ amanneɛ sɛ: “Meka kyerɛɛ afipamfo foforo no sɛ yɛn Asafo ti abrɛ yɛn samina ne nnuru a wɔde kum mmoawa—dodow a ɛbɛso fie hɔ nyinaa hohoro. Afipamfo bɛyɛ 40 na wɔboa ma yɛhohoroo hɔ. Mede samina no bi maa m’afipamfo, a na asɔre bi a ɛwɔ ha sɔfo ka ho. Ná me mfɛfo adwumayɛfo wɔ adwene a ɛnteɛ sɛ Yehowa Adansefo dɔ wɔn nkurɔfo nkutoo.”

Kristofo anuanom mmarima ne mmea no ani sɔɔ mmoa a wofi ɔdɔ mu de maa wɔn no. Onua Twumasi de n’asɛm no ba awiei sɛ: “Ɛwom sɛ nneɛma a mehweree wɔ nsuyiri no mu no bo yɛ den sen nneɛma a wɔde bɛboae no de, nanso me ne m’abusua te nka sɛ esiane nsiesiei a ɛka koma a Asafo ti no yɛe no nti, yɛanya nea ɛsen nea yɛhweree no koraa.”

San Angelo—“Ná Ɛte sɛ Nea Wiase Reba Awiei”

Ahum a ɛsɛee San Angelo wɔ May 28, 1995 no tutuu nnua bubuu anyinam nkanea nnua, na ɛtoo anyinam a ɛreyɛ adwuma nhama petee kar kwan mu. Ná mframa no ano yɛ den ma etumi twa kilomita 160 dɔnhwerew biara, na ɛsɛee ɔmanfo nneɛma. Afie bɛboro 20,000 nkanea dunnumii. Ɛno akyi na asukɔtweaa no tɔe. Ɔman Adwuma a Ɛhwɛ Wim Tebea Ho Nsɛm So no bɔɔ “asukɔtweaa a n’akɛse te sɛ golf ball” ne afei, “asukɔtweaa a n’akɛse te sɛ softball” ne awiei koraa no, “asukɔtwea a n’akɛse te sɛ akutu” ho amanneɛ. Ná ano yɛ den yiye. Mpɔtam hɔfo no biako kae sɛ: “Ná ɛte sɛ nea wiase reba awiei.”

Ahum no akyi no, ɛhɔ tɛm dinn. Nkurɔfo fii adi nkakrankakra fii wɔn afie a asɛe no mu bɛhwɛɛ sɛnea nneɛma asɛe. Ná nnua a ɛda so ara sisi hɔ no so nhaban apo. Ná afie a ɛda so ara sisi hɔ no te sɛ nea wɔapa so. Wɔ mmeae bi no, asukɔtweaa no bobɔɔ atɔw kataa fam kɔɔ soro mita biako. Ná ahum no ama mfɛnsere mu nhwehwɛ a efi afie ne kar horow mu no abobɔ, ma enti na afei, nhwehwɛ a abobɔ a ɛsam asukɔtweaa a akata fam so no rete yerɛwyerɛw. Ɔbea bi ka sɛ: “Bere a miduu fie no, metraa me kar mu wɔ kar kwan no mu sui. Ná adesɛe no yɛ kɛse araa ma me ho dwiriw me.”

Mmoa ho nhyehyɛe ne ayaresabea ahorow de sika, adansi ho nneɛma, aduruyɛ ne afotu mae ntɛm so. Nea ɛfata nkamfo no, ankorankoro pii a ahum no kaa wɔn no yɛɛ nea wobetumi de boaa afoforo.

Yehowa Adansefo asafo ahorow no nso yɛɛ ho biribi. Aubrey Conner a ɔyɛ asafo mu panyin wɔ San Angelo no bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a ahum no gyaee ara pɛ, yɛnam telefon so bisabisaa afoforo ase. Yɛboaa yɛn ho ne yɛn afipamfo a wɔnyɛ Adansefo ma yɛde ntaabo kataa mfɛnsere ano, de rɔba kataa asuhyɛ so, kuruw afie so sɛnea yebetumi biara. Afei yɛkyerɛw asafo no muni biara a ne fie asɛe din. Afie bɛyɛ ɔha na na ehia sɛ yesiesie, nanso na nneɛma a mmoa kuw ahorow de ama sɛ wɔmfa mmoa no nnɔɔso. Enti yɛtɔɔ nneɛma no bi kaa ho, na yesiesiee yɛn ho maa adwuma. Ne nyinaa mu no, Adansefo bɛyɛ 1,000 na wotuu wɔn ho mae bɛboae, nnipa bɛyɛ 250, dapɛn biara. Wofifi mmeae a ɛwɔ akyiri te sɛ kilomita 740 tɔnn na wɔbae. Obiara yɛɛ adwuma denneennen, mpɛn pii wɔ wim tebea a ne hyew du digrii 40 mu. Sɛ yeyi da a na yɛresiesie onuawa bi a na wadi mfe 70 fie fi mu a, dapɛn awiei biara ɔno mpo ne yɛn yɛɛ adwuma. Na wɔ saa dapɛn no awiei no, ɔforo kɔɔ n’ankasa dan so kɔboa ma wosiesiei!

Ná yɛtaa te nsɛm te sɛ, ‘Sɛ ɔsom afoforo no yɛ saa ma wɔn nkurɔfo a, anka enye?’ fi wɔn a wogyina nkyɛn hɔ. Ɛyɛɛ yɛn afipamfo nwonwa, bere a wohuu adwumayɛfo 10 kosi 12 a wɔatu wɔn ho ama (a mmea ka ho) sɛ wɔaba wɔn yɔnko Dansefo bi fie Fida anɔpatutuutu, a wɔayɛ krado sɛ wɔrebesiesie, anaasɛ wɔrebɛbɔ ɔdan mũ no so a wonnye sika no. Mpɛn pii no, ná wɔde dapɛn awiei biako wie adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, bere a yɛn adwumayɛfo bedu ofie bi so no, na obi a wɔabɔ no paa afi ase rebɔ ɔdan bi a ɛtoa so so dedaw. Nanso, yɛpa dan no so bɔ so wie, siesie fie hɔ wie ansa na wɔawie wɔn de no. Ɛtɔ mmere bi a, na wogyae wɔn adwuma hwɛ yɛn haa!”

Onua Conner de n’asɛm no ba awiei sɛ: “Yɛn nyinaa ani begyina osuahu ahorow a yɛboom nyae no. Yɛnam onuadɔ a yeyii no adi kyerɛɛ yɛn ho yɛn ho wɔ ɔkwan a ebi mmae da so no so ahu yɛn ho yɛn ho wɔ ɔkwan horow so. Yɛte nka sɛ eyi yɛ nea ɛbɛba wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no ho nhwɛso, bere a anuanom mmarima ne mmea befi wɔn ankasa pɛ mu aboa wɔn ho wɔn ho no.”—2 Petro 3:13.

Kobe—“Nnua, Dan Ho Dɔte, ne Afunu a Atu Apansam”

Ná wosusuw sɛ wɔn a wɔte Kobe no aboaboa wɔn ho. Nokwarem no, September 1 biara, wodi Asiane Anosiw Da. Sukuu mmofra sua asasewosow ho dwumadi, asraafo de helikopta siesie wɔn ho ma ogye, na odumgyafo de wɔn mfiri a ɛwosow nnaka akɛse a ɛte sɛ adan, sɛnea asasewosow te ara pɛ no, ba ma nkurɔfo tu wɔn ho ma kɔhyɛ mu yɛ ahobammɔ ho ntetee a wɔanya ho ɔyɛkyerɛ. Nanso bere a asasewosow no ankasa sii wɔ January 17, 1995 no, ɛte sɛ nea mfaso biara amma ahosiesie no nyinaa so. Adan pii asuhyɛ dwiriw gui—biribi a ansi da wɔ ɔyɛkyerɛ a wɔde siesiee wɔn ho no mu. Keteke munimuni hwee ne nkyɛn mu; ɔkwantempɔn fã dwiriw gui; nnurubɛn a wɔtwe nsu ne gas fa mu paapaee; afie bubui te sɛ nea wɔde krataa na esii. Time nsɛmma nhoma no kaa tebea no ho asɛm sɛ “nnua, dan ho dɔte, ne afunu a atu apansam.”

Afei ogya no nso fii ase. Adan hyewee, bere a odumgyafo a wonhu nea wɔnyɛ no aka kwan mu wɔ kar a ato santen tententen mu. Mpɛn pii no, wɔn a woduu ogya no ho no behui sɛ wonnya nsu wɔ mmeae a wɔtwe nsu a asɛesɛe wɔ kuropɔn no mu no. Ɔpanyin bi kae sɛ: “Ná da a edi kan no yɛ hu yiye. Bere a na minim sɛ nnipa pii hyehyɛ afie a ɛrehyew no mu no, meyɛɛ hagyaa sen bere biara wɔ m’asetram. Na na minim sɛ merentumi nyɛ ho hwee.”

Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, nnipa bɛyɛ 5,000 wuwui, na adan bɛyɛ 50,000 bubui. Ná Kobe wɔ aduan a wobehia no nkyem abiɛsa mu biako pɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nsu no, ebinom sesaw nsu fĩ a efi nnurubɛn a apaapae no mu. Wɔn a wonni atrae no guan kɔɔ guankɔbea ahorow a wɔkyɛ aduan wɔ emu bi mu, na da biara na wɔma obiara ɛmo kakraa bi. Ankyɛ na anwiinwii fii ase trɛwee. Ɔbarima bi nwiinwii sɛ: “Atumfoɔ no nyɛɛ hwee. Sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to wɔn so a, ɔkɔm bekunkum yɛn.”

Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ Kobe ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ no boaboaa wɔn ho ntɛm ara. Helikopta kafo bi a odii kan huu wɔn adwuma no ankasa kae sɛ: “Da a asase wosowee no, mekɔɔ beae a asiane no sii no, na midii dapɛn biako wɔ hɔ. Bere a miduu guankɔbea biako no, na biribiara ayɛ basabasa. Ná wɔnyɛɛ mmoa ho dwumadi biara. Yehowa Adansefo nkutoo ne nkurɔfo a wɔde ahopere kɔɔ beae hɔ, na wɔyɛɛ nnwuma a ehia pii.”

Nokwarem no, na adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ná Ahenni Asa ahorow du asɛe a wontumi nkɔ mu, na Adansefo bɛboro 430 nni baabi te. Ná ehia sɛ wosiesie afie foforo 1,206 a wɔte mu nso. Ɛnyɛ ɛno nko, mmom no, na Adansefo 15 a wowuwui wɔ asiane no mu no mmusua nso hia awerɛkyekye denneennen.

Adansefo bɛyɛ 1,000 a wofi ɔman no afã horow tuu wɔn ho mae de wɔn bere bɛyɛɛ adwuma boae. Onua bi ka sɛ: “Sɛ yɛyɛ adwuma wɔ Bible asuafo a wonnya mmɔɔ wɔn asu no afie a, bere nyinaa na wobisa yɛn sɛ, ‘Sika ahe na ɛsɛ sɛ yetua?’ Sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ asafo ahorow no na ɛboaa adwuma no a, wɔda yɛn ase, ka sɛ, ‘Seesei de, yɛde yɛn ani ahu nea yɛasua no!’”

Yɛ a Adansefo no yɛɛ ade ntɛm so wɔ asiane no ho no yɛɛ nnipa pii nwonwa. Helikɔpta kafo a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa yiye. Mofrɛ mo ho mo ho ‘onua’ ne ‘onuawa.’ Mahu sɛnea moboa mo ho mo ho no; moyɛ abusua ampa.”

Adansefo no ankasa nyaa asuade a mfaso wɔ so fii asasewosow no mu. Onuawa bi gye toom kae sɛ: “Bere bi a atwam no, na misusuw sɛ dodow a ahyehyɛde bi yɛ kɛse no, dodow no ara na ɛyɛ den sɛ wobesusuw ankorankoro ho.” Nanso sɛnea wofii ayamye mu hwɛɛ no no ma ɔsesaa n’adwene. “Afei de mahu sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa hwɛ yɛn so sɛ ahyehyɛde nko, na mmom sɛ ankorankoro nso.” Nanso asiane ahorow mu ahotɔ a ɛtra hɔ daa wɔ yɛn anim.

Ahotɔ A Ɛtra Hɔ Bɛba Nnansa Yi Ara!

Yehowa Adansefo hwɛ bere a asiane ahorow rentwa nnipa nkwa ne asetra so bio kwan. Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, wɔbɛkyerɛkyerɛ onipa ma wahu sɛnea obedi nneɛma a atwa ne ho ahyia no ho dwuma yiye. Bere a nnipa gyae pɛsɛmenkominya nneyɛe horow no, ɛmma ɛnyɛ mmerɛw sɛ abɔde mu tumi bedi wɔn awu.

Bio nso, Yehowa Nyankopɔn—Nea ɔbɔɔ abɔde mu tumi no—bɛhwɛ ahu sɛ abɔde mu tumi nhunahuna ne nnipa mma abusua no ne asase so abɔde bio da. Afei de asase bɛdan paradise ankasa. (Yesaia 65:17, 21, 23; Luka 23:43) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 21:4 bɛbam anigye so: “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”

[Kratafa 5 mfonini]

Beatrice Jones (benkum) kyerɛ sɛnea ɔne afoforo susoo wɔn nsa faa nsu a ayiri no mu

[Kratafa 6 mfonini]

Ahum no akyi adwuma a wɔyɛ de boa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena