Bere a Asiane a Emfi Nnipa Asi No
Accra, Ghana, July 4, 1995: Osu kɛse a ɛsen biara a atɔ pɛn wɔ bɛyɛ mfirihyia 60 mu tɔ de nsuyiri kɛse bae. Nnipa bɛyɛ 200,000 hweree biribiara, 500,000 antumi ankɔ wɔn afie mu, na 22 hweree wɔn nkwa.
San Angelo, Texas, U.S.A., May 28, 1995: Ahum ne asukɔtweaa sɛee kurow yi a emufo yɛ 90,000 no, na ɛsɛee nneɛma a ne bo bɛyɛ (U.S.) dɔla ɔpepem 120.
Kobe, Japan, January 17, 1995: Asasewosow a edii anibu 20 pɛ no maa nnipa mpempem pii wuwui, ɔpedudu pii pirapirae, na ɔpehaha pii hweree wɔn afie.
YƐTE nea yebetumi afrɛ no asiane bere mu. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi ma ɛda adi sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔ mfe 30 mu, fi 1963-92 no, nnipa dodow a asiane akunkum wɔn, apirapira wɔn, anaa ama wɔabɔ asesa no kɔɔ anim ɔha mu nkyem 6 afe biara. Tebea bɔne yi ama UN no aka 1990 mfe no ho asɛm sɛ “Amanaman Ntam Mfe a Wɔbɛhwɛ Ma Asiane So Atew.”
Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na abɔde mu tumi—te sɛ ahum, ogya a ɛpae fi mmepɔw mu, anaa asasewosow—de asiane ba. Ɔhaha pii sisi afe biara a empira nnipa. Nanso sɛ ɛma wɔhwere nkwa ne agyapade pii a, wɔfrɛ no asiane ma ɛfata.
Ɛte sɛ nea wɔrentumi nkwati nkɔanim a asiane a emfi nnipa renya no. Natural Disasters—Acts of God or Acts of Man? nhoma no ka sɛ: “Nkurɔfo resesa nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no wɔ ɔkwan bi a ɛboa ma asiane ahorow bi ba so, na wɔreyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ asiane a ɛtete saa bɛba wɔn so.” Nhoma no de tebea a wɔaka ho asɛm no ho nhwɛso ma: “Asasewosow a ano nyɛ den biara a ebesi wɔ asese kurow bi a wɔasisi dɔte dan pii wɔ bepɔw bi nsiane so mu no betumi ama nnipa awuwu na wɔahu amane. Nanso, so asiane no fi asasewosow no, anaasɛ efi te a nnipa tete afie a ɛyɛ hu mu wɔ baabi a enye no?”
Wɔ Bible asuafo fam no, biribi foforo wɔ hɔ nti a asiane a ɛredɔɔso no nyɛ nwonwa. Bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni no, Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ ‘ɔkɔm ne asasewosow a ɛbɛba mmeaemmeae’ no bɛka nneɛma a ɛbɛhyɛ “wiase awiei” agyirae no ho. (Mateo 24:3, 6-8) Bible hyɛɛ nkɔm nso sɛ “nna a edi akyiri mu no,” nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, wɔn a wonni dɔ, ne wɔn a wɔmpɛ papa.a (2 Timoteo 3:1-5) Su horow yi taa ma nnipa yɛ ade de sɛe nneɛma a atwa wɔn ho ahyia, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ abɔde mu tumi benya wɔn so nkɛntɛnso bɔne. Asiane horow a nnipa de ba no nso fi nnipa a wonni dɔ mu a nnipa dodow no ara te no.
Bere a nnipa redɔɔso yiye wɔ yɛn okyinnsoromma yi so, na nnipa nneyɛe de nkurɔfo to asiane mu kɛse, a asase so nneɛma a wɔsɛe no no kɔ so yɛ kɛse no, asiane horow bɛkɔ so ahaw nnipa. Mmoa a wɔde ma no de nsɛnnennen ba, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne ho nsɛm pii a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no, nkratafa 98-107.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Atifi: Information Services Department, Ghana; nifa: San Angelo Standard-Times
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
COVER: Maxie Roberts/Courtesy of THE STATE