Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 12/1 kr. 4-10
  • Asiane—So Efi Onyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asiane—So Efi Onyankopɔn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne “Asiane a Emfi Nnipa”?
  • Efi Hena?
  • Dɛn ne Ano Aduru?
  • Nneɛma a Onyankopɔn Rebɛyɛ
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Bere a Asiane a Emfi Nnipa Asi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Asiane Ahorow—Mmere No Ho Sɛnkyerɛnne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Atoyerɛnkyɛm Yɛ Asotwe A Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 12/1 kr. 4-10

Asiane​—So Efi Onyankopɔn?

“ONYANKOPƆN, dɛn na wode aba yɛn so yi?”

Saa na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ obi a onyaa nkwa wɔ sukyerɛmma bepɔw Nevado del Ruiz a ɛpaee November 13, 1985, wɔ Colombia mu no kae, bere a ohuu nneɛma a asɛe no. Atɛkyɛ ne abo a efi mu bae no bu faa Armero kurow no nyinaa so na ekum nnipa bɛboro 20,000 anadwo biako.

Ntease wom sɛ nea onyaa nkwa no kaa saa asɛm no. Esiane sɛ nnipa ntumi nyɛ abɔde mu tumi a ɛkanyan hu no ho hwee nti, wofi tete de asiane a ɛtete saa ho asodi ato Onyankopɔn so. Tetefo de nneɛma, a nnipa mpo ka ho bɔɔ afɔre de pataa wɔn anyame a wɔhwɛ ɛpo, wim, asase, bepɔw, ogya bepɔw, ne nneɛma afoforo a ɛde asiane ba so. Ɛnnɛ mpo, ebinom gye nea asiane ahorow de ba no tom sɛ wɔn nkrabea anaasɛ efi Onyankopɔn.

So asiane a ɛma nnipa hu amane na wɔhwere ade kɛse wɔ wiase nyinaa no fi Onyankopɔn ampa? So ɛho asodi da no so? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ehia sɛ yesusuw nea ɛwɔ asiane ahorow a ɛtete saa mu no ho yiye. Nokwarem no, ehia sɛ yɛhwehwɛ nokwasɛm ahorow a yenim dedaw mu bio.

Dɛn Ne “Asiane a Emfi Nnipa”?

Bere a asase wosow wɔ Tangshan, China, na amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɛkunkum nnipa 242,000, ne bere a Hurricane Andrew ahum kɛse tui wɔ South Florida ne Louisiana a ɛwɔ United States no ma ɛsɛee nneɛma dɔla ɔpepepem pii no, wɔkaa ho nsɛm pii wɔ wiase amannɛebɔ nsɛm mu. Nanso, sɛ anka saa asasewosow no sii wɔ Godi Anhweatam a obiara nte so a ɛwɔ Tangshan kusuu fam apuei kilomita 1,100 no so nso ɛ, anaa sɛ anka Hurricane Andrew ahum kɛse no bɔ faa baabi foforo kɔɔ ɛpo so, na amma asase so koraa nso ɛ? Anka mprempren wɔrenkae ho asɛm.

Ɛnde ɛda adi sɛ, sɛ yɛka asiane a emfi nnipa ho asɛm a, ɛnyɛ nneɛma a abɔde mu tumi tumi yɛ kɛkɛ ho asɛm na yɛka. Afe biara, asasewosow nketewa ne akɛse mpempem pii, ne ahum, ogya mmepɔw a ɛpaepae, ne ahude afoforo pii sisi a wɔde ka kyerɛwtohɔ ahorow ho kɛkɛ. Nanso, sɛ saa nneɛma yi sɛe ade kɛse, edi awu, na ɛma asetra yɛ basaa a, ɛbɛyɛ asiane.

Ɛsɛ sɛ yehyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ abɔde mu tumi no kɛse na ɛkyerɛ nneɛma a ɛbɛsɛe ne adehwere a ebefi mu aba bere nyinaa. Ɛnyɛ abɔde mu tumi a ano yɛ den sen biara na ɛde asiane kɛse a sen biara ba ankasa. Sɛ́ nhwɛso no wɔ 1971 mu no, asasewosow a anoden yɛ 6.6 wɔ Richter scale [biribi a wɔde hu asasewosow anoden] so sii wɔ San Fernando, California, a ɛwɔ United States no na ekunkum nnipa 65. Afe biako akyi no, asasewosow a anoden yɛ 6.2 sii wɔ Managua, Nicaragua, na ekunkum nnipa 5,000!

Enti, sɛ yɛresusuw sɛnea asiane ahorow a emfi nnipa resɛe ade kɛse no ho a, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, So abɔde mu tumi no ano ayɛ den kɛse anaa? Anaasɛ nnipa ka ho bi na asɛnnennen no ba?

Efi Hena?

Bible no da Yehowa Nyankopɔn adi sɛ ɔne nneɛma nyinaa, a asase yi so abɔde mu tumi ka ho no Bɔfo Kɛse. (Genesis 1:1; Nehemia 9:6; Hebrifo 3:4; Adiyisɛm 4:11) Eyi nkyerɛ sɛ ɔno na ɔma mframa biara bɔ anaa osu biara tɔ. Mmom no, wayɛ mmara ahorow bi a asase ne nneɛma a atwa ho ahyia di so. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Ɔsɛnkafo 1:5-7 no, yɛkenkan adeyɛ atitiriw a ɛma abɔde a nkwa wom tumi tra asase so mu abiɛsa ho asɛm​—owia a epue na ɛkɔtɔ da biara, sɛnea mframa bɔ a ɛnsakra, ne kyinhyia a nsu di. Saa abɔde nhyehyɛe ahorow yi ne afoforo a ɛtete saa ara, a ɛfa asase so wim tebea, emu abotan ne dɔte ho nsɛm, ne ɛso abɔde ntam abusuabɔ ahorow ahorow ho no akɔ so mfe mpempem pii, ɛmfa ho sɛ ebia adesamma nim anaa wonnim no. Nokwarem no, na Ɔsɛnkafo kyerɛwfo no retwe adwene asi abirabɔ kɛse a ɛda abɔde akwan a ɛnsakra na enni awiei ne nnipa asetra a ɛyɛ sakasaka na ɛnkyɛ ntam no so.

Ɛnyɛ sɛ Yehowa yɛ abɔde mu tumi no Bɔfo kɛkɛ, na mmom ɔwɔ so tumi nso. Wɔ Bible no nyinaa mu no, yɛhu kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa sɛnea Yehowa dii tumi a ɛtete saa so anaa ɔde dii dwuma maa n’atirimpɔw baa mu ho. Eyinom bi ne Ɛpo Kɔkɔɔ a ɔpaee mu wɔ Mose bere so ne owia ne ɔsram a ɔma egyinaa wɔ Yosua bere so no. (Exodus 14: 21-28; Yosua 10:12, 13) Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no nso daa tumi a ɔwɔ wɔ abɔde mu tumi so adi, sɛ́ nhwɛso no, bere a ɔmaa Galilea Po no so ahum gyaee no. (Marko 4:37-39) Kyerɛwtohɔ a ɛte sɛ eyinom ma ɛda adi pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, betumi adi nea ɛka asetra wɔ asase so ha nyinaa so koraa.​—2 Beresosɛm 20:6; Yeremia 32:17; Mateo 19:26.

Esiane sɛ eyi yɛ nokware nti, so yebetumi de amanehunu ne adesɛe pii a asiane a emfi nnipa de aba nnansa yi no ho asodi ato Onyankopɔn so? Nea ɛbɛyɛ na yɛabua saa asɛm yi no, ɛsɛ sɛ yɛdi kan susuw ho sɛ ebia adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ abɔde mu tumi ano ayɛ den mmoroso nnansa yi, ma ebi mpo a wontumi nni so a.

Hyɛ nea nhoma Natural Disasters​—Acts of God or Acts of Man? ka wɔ eyi ho no nsow: “Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wim tebea ahorow a ɛde ɔpɛ, nsuyiri ne ahum ba no resakra. Na abotan ne dɔte ho ɔbenfo biara nni hɔ a ɔka sɛ asase mu dwumadi ahorow a ɛde asasewosow, bepɔw a ɛpae ne tsunami (asasewosow ahum) ha no ano reyɛ den kɛse.” Saa ara na nhoma Earthshock ka sɛ: “Asasepɔn biara so abotan da no adi sɛ abotan mu dwumadi akɛse ne nketewa a enni ano asisi, na sɛ emu biara sii nnɛ a, anka ɛbɛyɛ asiane kɛse ama adesamma​—na nyansahu ma ɛda adi sɛ nneɛma a ɛtete saa besisi mpɛn pii daakye.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛkame ayɛ sɛ asase no ne ne tumi nyinaa te sɛ nea ɛte ara fi tete. Enti, sɛ́ akontaabu ahorow kyerɛ sɛ abotan mu dwumadi ne dwumadi afoforo akɔ anim anaa ɛnte saa no, asase so tumi ano nyɛɛ den mmoroso nnansa yi.

Ɛnde, dɛn na ɛma asiane ahorow a yɛkenkan ho asɛm no taa sɛe nneɛma saa? Sɛ ɛmfi abɔde mu tumi ahorow de a, ɛnde na ebefi nnipa. Na nokwarem no, nhwehwɛmufo ahu sɛ nneɛma a nnipa yɛ ama ayɛ mmerɛw sɛ asiane besi asase so na asɛe ade kɛse. Wɔ aman a wonyaa nkɔso pii mu no, aduan a wohia no pii no hyɛ akuafo ma wɔyɛ nsase a wɔwɔ so adwuma tra so anaa wɔdɔw kwae a ɛso wɔ mfaso de yɛ mfuw. Eyi ma nsu hohoro asase no ani. Nnipa a wɔredɔɔso nso ma wosisi adangow ne asese basaa wɔ mmea a enye. Wɔ aman a wɔanya nkɔso sen saa mpo mu no, nkurɔfo te sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔtete California mpoano no, de wɔn ho ato asiane mu ɛmfa ho sɛ wɔbɔ wɔn kɔkɔ denneennen no. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, sɛ asiane bi​—ahum, nsuyiri, anaa asasewosow​—si a, so wobetumi afrɛ adebɔne a ebefi mu aba no sɛ “nea ɛmfi nnipa”?

Ɛho nhwɛso kɛse ne ɔpɛ a asi wɔ Afrika anhweatam a ɛwɔ Mauritania ne Chad ntam no. Yɛtaa bu ɔpɛ sɛ nsu a ɛntɔ ne nsu a wonnya nnom, a ɛma ɔkɔm de nnipa na wowuwu. Nanso so nsu a enni hɔ ara kwa na ama ɔkɔm kɛse yi aba saa beae no? Nhoma Nature on the Rampage ka sɛ: “Adanse a ahyehyɛdɛ ahorow a ɛhwɛ nyansahu nsɛm so ne nea ɛhwɛ ma wɔde mmoa ma wɔ ahokyerɛ bere mu da no adi sɛ ɛnyɛ ɔpɛ a atra hɔ akyɛ titiriw na ɛma ɔkɔm kɔ so nnɛ, na mmom asase ne nsu a wɔsɛe no no. . . . Ɛyɛ nnipa titiriw na wɔma asase a ɛwɔ Mauritania ne Chad ntam no kɔ so yɛ anhweatam.” South Africa atesɛm krataa The Natal Witness, ka sɛ: “Ɛnyɛ aduan a enni hɔ na ɛde ɔkɔm ba; ɛyɛ aduan a ebinom nsa ntumi nka. Sɛ yɛbɛka no kwan foforo so a, ɛyɛ ohia na ɛde ba.”

Yebetumi aka saa ara wɔ adesɛe a asiane ahorow de ba no pii nso ho. Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ asiane kunkum nnipa pii wɔ wiase aman a wodi hia mu sen aman a wodi yiye mu koraa. Sɛ́ nhwɛso no, sɛnea nhwehwɛmu biako kyerɛ no, efi 1960 kosi 1981 no, asasewosow ne asiane afoforo 43 sisii wɔ Japan na ɛkunkum nnipa 2,700, a sɛ wɔkyekyem a, asiane biara kum nnipa 63. Wɔ saa bere no ara mu no, asiane ahorow 31 sisii wɔ Peru na ekunkum nnipa 91,000, anaa asiane biara kum nnipa 2,900. Dɛn na ɛde nsonoe yi bae? Ebia abɔde mu tumi na ɛde asiane no bae, nanso ɛsɛ sɛ yɛde nsonoe kɛse a ɛwɔ nnipa dodow a wowuwui ne nneɛma a ɛsɛee mu no ho asodi to nnipa nneyɛe​—asetra mu nsɛm, sikasɛm, ne amammuisɛm​—so.

Dɛn ne Ano Aduru?

Abɔde mu nyansahufo ne abenfo de mfe pii abɔ mmɔden ahwehwɛ akwan a wobetumi afa so agyina asiane ahorow ano. Wɔyɛ asase no mu nhwehwɛmu kɔ akyiri de hwehwɛ nea ɛde asasewosow ne ogya mmepɔw a ɛpaapae ba. Wɔde ahunmu mfoninitwa mfiri ahorow hwɛ wim tebea de hu baabi a ahum ahorow bɔ fa anaa wɔde ka nsuyiri ne ɔpɛ a ɛbɛba ho asɛm to hɔ. Saa nhwehwɛmu yi nyinaa ama wɔn nimdeɛ, na wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɛbɛma wɔabrɛ sɛnea abɔde mu tumi yi ka yɛn no ase.

So mmɔdenbɔ a ɛte saa yi asow aba? Ahyehyɛde bi a ɛhwɛ abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm so ka ɔkwan a wɔnam mfiridwuma nkɔso a ne bo yɛ den so di ho dwuma yi ho asɛm sɛ: “Eyinom so wɔ mfaso horow bi. Nanso sɛ ɛsɛe sika ne bere sɛnea ɛnsɛ​—sɛ ɛno nti wobu wɔn ani gu tebea bɔne a ɛma asiane yɛ kɛse koraa wɔ mmeae a wɔn a asiane ato wɔn te no so​—a, ɛnde wobetumi ama tebea no asɛe sen sɛ wɔbɛyɛ no yiye.” Sɛ́ nhwɛso no, ɛmfa ho mfaso a ɛwɔ so sɛ nnipa behu sɛ nsuyiri ne ahum betumi asisi mpɛn pii wɔ Bangladesh mpoano abɔe no, saa nimdeɛ no nsiw Bangladeshfo ɔpepem pii a tebea ahorow hyɛ wɔn ma wɔkɔtra hɔ no kwan. Nea efi mu ba ne asiane a ɛtaa ba na ɛkunkum nnipa ɔpehaha pii.

Ɛda adi pefee sɛ asiane ho nimdeɛ so betumi aba mfaso akosi baabi. Ade foforo a ehia ne sɛ wobetumi abrɛ tebea ahorow a ɛhyɛ nkurɔfo ma wɔtra mmeae a asiane betumi asi wɔ hɔ titiriw, anaa wɔtra ase wɔ ɔkwan a ɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so no ase. Sɛ yɛbɛka no kwan foforo so a, sɛ yebetumi abrɛ adesɛe a asiane de ba no ase a, ɛbɛhwehwɛ sɛ yesiesie wiase a yɛte mu no asetra, sikasɛm, ne amammui nhyehyɛe koraa. Hena na obetumi ayɛ saa adwuma no? Ɛyɛ Onii a obetumi adi tumi a ɛkanyan asiane ahorow a emfi nnipa so no nkutoo.

Nneɛma a Onyankopɔn Rebɛyɛ

Ɛnyɛ nneɛma a asɛe kɛkɛ na Yehowa bedi ho dwuma, na mmom obeyi nea ɛde nnipa haw ba ankasa no afi hɔ. Ɔbɛsɛe amammui, aguadi, ne nyamesom nhyehyɛe a ɛde adifudepɛ ne atirimɔden ‘adi nnipa so tumi ma adan no bɔne’ no afi hɔ. (Ɔsɛnkafo 8:9) Obiara a onim Bible mu no behu sɛ wɔ n’afã horow nyinaa no, nkɔmhyɛ pii twe adwene si bere a Onyankopɔn beyi amumɔyɛ ne amanehunu afi asase so na wasan de asase so paradise a asomdwoe ne trenee wom aba no so.​—Dwom 37 :9-11, 29; Yesaia 13:9; 65: 17, 20-25; Yeremia 25:31-33; 2 Petro 3:7; Adiyisɛm 11:18.

Sɛ yɛbɛka a, ɛno na Yesu Kristo kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ ho mpae sɛɛ yi, “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ, ɔsoro.” (Mateo 6:10) Mesia Ahenni beyi nnipa nniso a ɛtɔ sin nyinaa afi asi ananmu, sɛnea odiyifo Daniel ka siei no: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”​—Daniel 2:44

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ a ɛnnɛ amanaman no ntumi nyɛ? Bible no ka nea ɛbɛba daakye ho asɛm ma ɛyɛ anigye. Sɛ́ anka tebea horow a wɔatwa ho mfonini wɔ saa nkratafa yi mu te sɛ ɔkɔm ne ohia bɛba no, “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon,” na “petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so. (Dwom 72:16; Hesekiel 34:27) Ɛdefa abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho no, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren. . . na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa.” (Yesaia 35:1, 6,7) Na akodi befi hɔ.​—Dwom 46:9.

Bible no nka sɛnea Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ ɛnonom nyinaa, ne sɛnea obedi abɔde mu tumi no nyinaa ho dwuma na ansɛe ade bio. Nanso, yenim sɛ, wɔn a wɔbɛtra saa trenee nniso no ase nyinaa ‘renyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma wonhyia ɔhaw, efisɛ wɔyɛ wɔn a Yehowa ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.’​—Yesaia 65:23

Yehowa Adansefo ada no adi mpɛn pii wɔ saa nsɛmma nhoma yi ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma afoforo mu sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii soro 1914. Wɔ saa ahenni no akwankyerɛ ase no, wɔadi adanse wɔ wiase nyinaa bɛyɛ mfe 80 ni, na ɛnnɛ, yɛabɛn “ɔsoro foforo ne asase foforo” bi a wɔde ahyɛ yɛn bɔ ho pɛɛ. Ɛnyɛ ɔsɛe a asiane ahorow de ba nko na wɔbɛma adesamma ade wɔn ho afi ho, na mmom ɛyaw ne amanehunu a akɔ so ahaw adesamma mfe mpem asia ni no nso. Yebetumi aka saa bere no ho asɛm yiye sɛ, “kan nneɛma no atwam.”​—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:4.

Na ɛnnɛ nso ɛ? So Onyankopɔn di boa wɔn a esiane tebea a emfi nnipa anaa nneɛma afoforo nti wɔwɔ ahohia mu no? Ɛda adi kɛse sɛ ɔyɛ saa, nanso ɔmfa ɔkwan a ebia nnipa dodow no ara bɛhwɛ kwan no so ankasa.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Nneɛma a nnipa yɛ ma ɛyɛ mmerɛw sɛ asiane ahorow besisi wɔ asase so

[Mfonini Fibea]

Laif/​Sipa Press

Chamussy/​Sipa Press

Wesley Bocxe/​Sipa Press

Jose Nicolas/​Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena