Ko a Onipa Ko Tia Asiane Ahorow
MFE abiɛsa atwam, a na UN kyerɛwfo panyin, Boutros Boutros-Ghali, ani nnyei. Ɔka kyerɛɛ abenfo kuw bi wɔ 1993 mfiase sɛ: “Yɛnyɛɛ ade ntɛm koraa. Bere a meka kyerɛɛ mo sɛ munhyiam seesei ara no, na me botae ne sɛ mehu sɛ ebia yebetumi ayɛ bere a yɛasɛe no no ho biribi.” Bere a wɔasɛe no? Ná dɛn na ɛwɔ n’adwenem? Nkyerɛwde anum: IDNDR. Dɛn na ɛkyerɛ? Dɛn nti na wɔpɛ ntɛm saa?
Abenfo a wɔkɔɔ saa nhyiam no bi mu biako ne Frank Press, a ɔyɛ asase ne ɛho nneɛma ho nimdefo, IDNDR no “farebae.” Mfe dubiako a atwam no, Ɔbenfo Press fii ase kanyan wiase no mu nyansahufo sɛ wɔnkɔ so nko ntia asiane ahorow. Mfe anum akyi, wɔ December 1989 mu no, Amanaman Nkabom no gyee asɛm a ɔkae sɛ womfi ase nyɛ tebea no ho biribi denam efi mfe 1990 kosi 2000 a wɔde besi hɔ sɛ Mfe Du a Amanaman De Bɛtew Asiane So, anaa IDNDR no so. Dɛn ne ne botae?
Adwensakra Ho Hia
Brazilni a ɔyɛ asase ne ɛso abotan ho nimdeɛ ho ɔbenfo Umberto G. Cordani, a ɔyɛ IDNDR Nyansahu ne Mfiridwuma Boayikuw no muni, no ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo no sɛ IDNDR yɛ adesrɛ a wɔde ato amanaman no anim sɛ wɔmfa wɔn nimdeɛ ne wɔn nneɛma mmom nyɛ adwuma mfa ntew amanehunu, ɔsɛe, basabasayɛ, ne nnipa a wowuwu a asiane na ɛde ba no so. Ɔbenfo Cordani kae sɛ: “Saa botae no ho a yebedu no hwehwɛ sɛ yɛde yɛn adwene besi asiane a yebesiw ano wɔ wiase nyinaa no so sen sɛ yɛde besi mmoa a yɛde bɛma bere a aba no so.”
Nanso, wiase no nsusuwii a wɔbɛsesa no no yɛ den sen mfe du bi a wɔde besi hɔ, efisɛ UNESCO Environment and Development Briefs ka sɛ “gyinaesifo de wɔn adwene kɔ mmoa a wɔde bɛma wɔ asiane akyi so sen sɛ wobesiw ano.” Sɛ nhwɛso no, wɔsɛe sika dodow a wɔsɛe wɔ asiane ho dwumadi mu wɔ Latin Amerika no mu bɛboro ɔha biara mu 90 wɔ mmoa a wɔde ma ho, na wɔsɛe nea ennu ɔha biara mu 10 wɔ ahobammɔ ho. IDNDR atesɛm krataa Stop Disasters ka sɛ anyɛ yiye koraa no, amammuifo “nya mmoa kɛse de kyekye wɔn a asiane ato wɔn no werɛ sen tow a wogyigye de yɛ nhyehyɛe a enni mu ahe biara a anka ebetumi ama wɔakwati asiane anaa wɔatew so no.”
Botae Ahorow a Wɔde Besisi Hɔ
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasesã sɛnea wɔde sika di dwuma yi no, Amanaman Nkabom no de botae abiɛsa sii hɔ maa mfe du no. Ebedu afe 2000 no, na aman nyinaa (1) abu wɔn nneɛma a akwanhyia asɛe no ho akontaa, (2) ayɛ ahoboa ne anosiw ho nhyehyɛe, na (3) wɔayɛ kɔkɔbɔ ho nhyehyɛe dedaw. Wɔtetee aman boayikuw ahorow a wɔbɛma IDNDR nyansahyɛ ne ne nsusuwii pa no adan ayɛ nhyehyɛe pa, na wɔ May 1994 mu no, Japan na ɛhwɛɛ Wiase Nhyiam a ɛfa Asiane a Wɔbɛtew So ho a UN gyinaa akyi no so. Sɛ wɔayɛ anaasɛ wogu so reyɛ saa dwumadi yi nyinaa ho nhyehyɛe a, dɛn nti na na Boutros-Ghali koma ntɔ ne yam? Esiane asɛm a ɛhaw adwene nti.
Asɛm a Ɛhaw Adwene
Ɔkwan foforo so no, IDNDR redi ne mmɔdenbɔ no mu nkonim. Adwene a nyansahufo anya wɔ asiane a wɔbɛma ɛso atew ho no anya nkɔanim, na nhyehyɛe ahorow bi, te sɛ kɔkɔbɔ ho nhyehyɛe a wɔama ayɛ papa no rekora nnipa nkwa so na ɛretew adehwere so. Nanso, wɔ nkonimdi yi akyi no, Ɔbenfo Kaarle Olavi Elo, IDNDR adwumayɛbea no kwankyerɛfo ka sɛ, “asiane dodow ne ne kɛse renya nkɔanim, na ɛrehaw nnipa pii.” UN ɔbenfo foforo ka sɛ yɛahu sɛ anya “nkɔanim mmɔho 3 fi 1960 kosi 1980 mfe no mu, na asan anya nkɔanim akɛse foforo wɔ 1990 mfe no mu.” Nokwarem no, wɔ 1991 mu no, asiane akɛse 434 kunkum nnipa 162,000 wɔ wiase nyinaa, na wɔ 1992 mu no, adehwere ho ka boroo (U.S.) dɔla ɔpepem 62. James G. Speth, UNDP (Amanaman Nkabom no Nkɔsodwuma Ahyehyɛde) no sohwɛfo no ka sɛ wiase no abɛyɛ “asiane afiri a ɛde ɔhaw ba bere nyinaa.” (UNDP Update, November 1993) Dɛn na ɛhyɛ asɛm a ɛhaw adwene yi akyi?
Dɛn Nti na Anya Nkɔanim?
Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua no, di kan hyɛ nsonsonoe a ɛda asiane a abɔde betumi ama aba ne asiane a efi abɔde ntam no nsow. Nea edi kan no yɛ ade a abɔde tumi ma ɛba—te sɛ nsuyiri anaa asasewosow—a ebetumi abɛyɛ asiane nanso ɛnyɛ saa bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, nsu a eyiri fa Brazil Amazon ho nsase a obiara nte so so no yɛ asiane a abɔde betumi ama aba a ɛnsɛe ade kɛse. Nanso, nsuyiri a ɛba Bangladesh beae a nnipa akyere so wɔ Ganges nsuti ho no kunkum nnipa, na ɛsɛe ahonyade, ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia pii. Adehwere a ɛte saa no taa yɛ kɛse araa ma aman a ɛto wɔn no ntumi nnyina ano a wonnya mmoa mfi mmeae foforo. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, asiane a abɔde betumi ama aba no abɛyɛ asiane a efi abɔde. Nanso, dɛn nti na asiane a esisi wɔ onipa ne abɔde ntam no renya nkɔanim saa?
Asiane ho ɔbenfo James P. Bruce ka sɛ, ebia “biribi a ɛma asiane a abɔde betumi ama aba ba kɛse ne ntɛmntɛm no ka ho bi.” Nanso, ɔne nyansahufo afoforo gye tom sɛ ade titiriw a ama asiane adɔɔso no nyɛ nkɔanim a asiane a abɔde betumi ama aba no anya nti, na mmom tebea a onipa wom a ebetumi ama eyinom ato no a adɔɔso nti. World Health nsɛmma nhoma no da no adi sɛ, “nnipa dodow, asase so abɔde ne mfiridwuma tebea a aka abom” na ama tebea yi anya nkɔanim. Nneɛma a ɛbom de asiane ba no mu bi ne dɛn?
Ade biako ne wiase no mu nnipa a wɔredɔɔso no. Bere a adesamma abusua no dodow kɔ so yɛ kɛse no, tumi a ebetumi aba sɛ asiane a abɔde betumi ama aba bɛto wiase nnipa ɔpepepem 5.6 no mu bi no nso reyɛ kɛse. Afei nso, ahokyere a nnipa a wɔredɔɔso no ama aba no kɔ so hyɛ ahiafo ma wɔtra adan a enni ahoɔden mu wɔ mmeae a asiane sisi hɔ daa no. Nea afi mu aba no nyɛ nwonwa: Efi 1960 no, nnipa dodow a wɔwɔ wiase no abu abɔ ho, nanso asiane mu adehwere anya nkɔanim bɛyɛ mmɔho du!
Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsakrae no de bi ka ɔhaw no ho. Efi Nepal kosi Amazon ne efi Amerika Kesee Fam asasetaw so kosi Pacific nsupɔw so no, onipa redɔw kwae, reyɛ asase no so adwuma mmoroso, resɛe po mu abotan ne abɔde afoforo a atwa yɛn ho ahyia no—nanso ɛnyɛ nea wɔrenhu ho amane. IDNDR kan kwankyerɛfo, Robert Hamilton, ka sɛ: “Bere a yesi sɛnea nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no tumi tra hɔ kyɛ so dua na yɛsesã ne tebea no, tumi a asiane a abɔde tumi ma ɛba betumi aba ankasa no yɛ kɛse.”
Nanso, sɛ onipa nneyɛe na ɛde asiane a enya nkɔanim a wɔbɔ ho dawuru no ba a, ɛnde nea ɛne no bɔ abira no bɛyɛ nokware nso: Sɛ onipa yɛ nhyehyɛe ahorow a ɔde besiw ano a, obetumi asesã ɔkyena asɛm a wɔbɛbɔ ho dawuru no. Owu ne adesɛe so betumi atew. Sɛ nhwɛso no, abenfo ka sɛ wobetumi akwati nnipa a asasewosow kunkum wɔn no mu ɔha biara mu 90 no wu. Ɛwom sɛ anosiw ho asɛm a wɔka hwehwɛ sɛ wɔyɛ biribi de, nanso nnipa da so ara bu asiane sɛ biribi a wontumi nkwati. UNESCO Environment and Development Briefs bɔ amanneɛ sɛ saa hyɛbea ho adwene a ɛsen biara yi ne “asiane a wɔbɛtew so ho akwanside a ɛsen biara.” Akwanside no fã bɛn na wugyina?
Wontumi Nkwati Anaa Wobetumi Atew So?
Te a wɔte nka sɛ wontumi nyɛ tebea no ho hwee yi abu so kɛse wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu—na ɛnyɛ nwonwa! Ná nnipa a asiane kunkum wɔn wɔ mfe 50 a atwam mu no nyinaa mu ɔha biara mu 97 te aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu! Stop Disasters ka sɛ, wɔ saa aman yi bi mu no, “asiane sisi ntɛmntɛm araa ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ asiane bi awiei ne foforo mfiase.” Nokwarem no, asiane a esi no mu ɔha biara mu 95 si wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu. Fa eyi ka asiane a edi kyinhyia a ɛmma awiei a ankorankoro hyia—ohia, adwuma a wonnya nyɛ, ne asetra bɔne—no ho na wubetumi ahu nea enti a ahiafo te nka sɛ wonni mmoa te sɛ ɛpo asorɔkye a ɛrebɔ kɛse no. Wogye ade a asiane a ɛkɔ so sisi ma wɔhwere no tom sɛ ɛyɛ yaw nanso ɛyɛ asetra mu nkrabea. Nanso, saa adehwere yi yɛ nea wontumi nkwati?
Nea Wubetumi Ayɛ ne Nea Wuntumi Nyɛ
Nokwarem no, wuntumi nsiw sɛnea asiane sisi ntɛmntɛm anaa sɛnea ano yɛ den ano, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wuntumi nyɛ ho hwee koraa. Wubetumi atew ma a wobɛma asɛm yi ato wo no so. Ɔkwan bɛn so? Susuw saa mfatoho yi ho.
Yɛmfa no sɛ obi pɛ sɛ ɔtew owia (abɔde mu ade) a ɛhye no so na amma wannya honam ani akisikuru (asiane no). Akwan bɛn na obetumi afa so? Ɛda adi sɛ, ontumi nni owia a epue na ɛkɔtɔ no so (mpɛn dodow a adeyɛ no kɔ so). Saa ara na ɔrentumi ntew owia a ɛbɔ wɔ ne mpɔtam hɔ dodow so (ade no ahoɔden). Nanso ɛno nti ontumi nyɛ ho hwee? Dabi, obetumi atew sɛnea owia no hye no no so. Sɛ nhwɛso no, obetumi ahyɛ dan mu wɔ da no fã a ɛyɛ hyew sen biara no mu, anaasɛ sɛ ɛno renyɛ yiye a, obetumi ahyɛ kyɛw ne atade a ebetumi abɔ ne ho ban bere a ɔwɔ abɔnten no. Eyi ma n’ahobammɔ wɔ owia no (ade) ho yɛ kɛse na ɛtew asiane a ɛne sɛ obenya honam ani akisikuru no (asiane no) so. Akwan a ɔfa so bɔ ne ho ban no betumi ama wasakra tebea no na aboa no ma wannya honam ani akisikuru!
Saara na wo nso wubetumi ayɛ nneɛma ama w’ahobammɔ wɔ asiane a abɔde betumi ama aba ho no ayɛ kɛse. Wɔ saa kwan no so no, wotew to a asiane bi a esi bɛto wo no ne nneɛma a ɛbɛma woahwere no so. Wɔ wɔn a wɔte aman a wɔanya nkɔso mu fam no, nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adaka, “Woayɛ Ahoboa?” mu no bɛboa. Na sɛ wote ɔman a afei na ɛrenya nkɔso mu a, nhwɛso ahorow a ɛwɔ adaka, “Nkɔso a Ɛho Ka Wɔ Fam a Mfaso Wɔ So” mu no bɛma woahu nneɛma a ɛnyɛ den a wubetumi ayɛ a ɛwɔ hɔ seesei no ho biribi. Ɛbɛboa yiye ma woakora nkwa so na woatew adehwere so. Asase ne ɛho nneɛma ho nimdefo Frank Press ka sɛ, bere a mfiridwuma wɔ hɔ nnɛ no, “yennye nkrabea adwene no ntom bio.” Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ ɛba asiane a efi abɔde fam a, anosiw ye sen mmoa a wɔde bɛma.
[Kratafa 20 adaka]
Woayɛ Ahoboa?
U.S. Aban Asoɛe a Edi Tebea a Egye Ntɛmpɛ Ho Dwuma no kamfo akwan dodow a wɔfa so gyina asiane a abɔde betumi ama aba ano kyerɛ. Nea edidi so yi yɛ akwan atitiriw no bi.
Hu ɛho nsɛm. Kɔ mo mpɔtam hɔ adwumayɛbea a edi tebea a egye ntɛmpɛ ho dwuma hɔ kobisa asiane ko a ebetumi asi mo mpɔtam hɔ no. Ebia wubehu asiane ahorow bi, nanso ebia afoforo bɛma wo ho adwiriw wo. Sɛ wuhu sɛ wo fie wɔ baabi a asiane a abɔde betumi ama aba si hɔ a:
◻ Wo ne w’abusua nhyiam nsusuw asiane ahorow ko a ebetumi ato mo no ho. Kyerɛ nea mobɛyɛ wɔ tebea biara mu.
◻ Monyɛ sɛnea, sɛ biribi a ɛte saa tetew mo abusua no mu a, mo ne mo ho mo ho bedi nkitaho ho nhyehyɛe. Paw mmeae abien a mubehyiam: biako ne abɔnten, sɛ ebia tebea a egye ntɛmpɛ te sɛ ogya tɔ hɔ mpofirim a, na biako nso wɔ baabi a enni mo mpɔtam hɔ, sɛ morentumi nsan mma fie a.
◻ Srɛ w’adamfo bi sɛ ɔnyɛ obi a w’abusua no ne no bedi nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ moantumi annu mmeae a moahyehyɛ no a, abusuafo no nyinaa betumi ne no adi nkitaho aka beae a wɔwɔ akyerɛ no. Paw adamfo a ɔnte mo mpɔtam hɔ efisɛ sɛ asiane si a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛfrɛ obi a ɔte akyirikyiri wɔ telefon so sen sɛ wobɛfrɛ obi a ɔte baabi a asɛm no asi no. Kyerɛ mmofra no ɔkwan a wɔbɛfa so afrɛ saa adamfo yi. Munsusuw nea mobɛyɛ ho bere a ɛsɛ sɛ muyiyi mo nneɛma no ho. Munsusuw sɛnea mobɛboa mo afipamfo a wobehia mmoa titiriw bi no ho. Munsusuw ɔkwan a mobɛfa so ahwɛ mo nyɛmmoa ho.
◻ Fa telefon nɔma a wode di dwuma wɔ bere a egye ntɛmpɛ mu tare telefon biara ho.
◻ Hu beae titiriw bi a wɔsɔ anyinam nkanea, wobue nsu, ne gas. Kyerɛ abusuafo a wotumi di asɛyɛde ho dwuma no sɛnea wodum no ne bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa, na ma nnwinnade a ehia mmɛn hɔ.
◻ Yɛ ahoboa ma ogya. Fa mfiri a ehu wusiw a ɛde kɔkɔbɔ ma bobɔ hɔ, titiriw wɔ baabi a ɛbɛn ɔdan a woda mu no.
[Kratafa 22 adaka]
Nkɔso a Ɛho Ka Wɔ Fam a Mfaso Wɔ So
WOLRD BANK bɔ amanneɛ sɛ, nnipa a aka kakra na wɔn dodow adu wiase no mu nnipa fã di dɔla anum anaa nea ennu saa dapɛn. Abenfo ka sɛ, sɛ wowɔ saa tebea no mu mpo a, akwan pa bi wɔ hɔ a wubetumi afa so. Sua ho ade, efisɛ Peruni asiane ho ɔbenfo Alberto Giesecke si so dua sɛ, ɔkyerɛkyerɛ “yɛ ɔkwan titiriw a ne bo wɔ fam a wɔfa so tew asiane so.” Nhwɛso ahorow abien a efi Amerika Kesee Fam ni:
UN nhomawa Mitigating Natural Disasters no kyerɛkyerɛ nea yebetumi ayɛ de asi ntayaa anaa dɔte dan mu:
◻ Wɔ beae a ɛhɔ yɛ bepɔw no, tutu fam na ɛnyɛ te sɛ bamma mma ɔdan no.
◻ Adan a ɛyɛ ahinanan no wɔ ahoɔden sen biara; sɛ wuhia ɔdan a n’afã bi ware sen bi a, tow afasu biako ma ɛnware nsen biako mmɔho abien ne fã.
◻ Fa abo anaa kɔnkret to fapem no sɛnea ɛbɛyɛ a asasewosow ntumi nsɛe no.
◻ Tow afasu a ne tenten, emu duru, n’ahoɔden, ne ne sorokɔ yɛ pɛ. Ma ɛnyɛ hatahata a ɛwɔ fam. Adan a wosi no saa no ho ntaa nka te sɛ dɔte dan wɔ asasewosow mu.
Nnuadan (quincha) a wosi nso yɛ ɔkwan pa foforo a wɔfa so si dan. Stop Disasters ka sɛ quincha adan yɛ adan a wɔde demmire ne nnubaa akyɛm a nnua akɛse kurakura mu a wɔde dɔte atare. Ɔdan a wosi no saa, a n’afasu pipiripi bɛyɛ sentimita 10 kosi 15 no ma ɔdan no wosow wɔ asasewosow mu, na sɛ asasewosow no gyae a, ɔdan no yɛ sɛnea na ɛte no bio. Bere a asasewosow bi sii 1991 mu no, adan a ɛtete saa no mu biara annwiriw angu, nanso adan afoforo 10,000 a n’afasu pipiripi yɛ mita 1 no dwiriw gui kunkum nnipa 35. Sɛnea UNESCO adansi ho nimdefo John Beynon kyerɛ no, asasewosow nkum nnipa; adan a edwiriw gu no na ekum nnipa.
[Kratafa 21 mfonini ahorow]
Wɔ mmeae bi no, onipa redɔw kwae nyinaa agu a wonnwen ho, na ɛrebue kwan ama asiane pii asisi