Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 8/8 kr. 10-15
  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aboafo Wɔ Germany
  • Austria—Wodi Atoyerɛnkyɛm no Ho Dwuma Ntɛm
  • Ahum Bi a Wɔfrɛ no Isidore Tu Wɔ Mexico
  • Ahum Bi a Wɔfrɛ no Typhoon Tu Wɔ Korea
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mozambique Nsuyiri no—Sɛnea Kristofo Boaa Wɔn a Wɔkɔɔ Ahokyere Mu No
    Nyan!—2001
  • Myanmarfo a Ahum Sɛee Wɔn Nneɛma no Nyaa Mmoa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 8/8 kr. 10-15

Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ

EFI NYAN! AKYERƐWFO A WƆWƆ GERMANY, AUSTRIA, MEXICO, NE KOREA HƆ

WƆ AFE 2002 mu no, wim tebea a ɛyɛ hu sisii wɔ nsase pii so. Nsuyiri a ɛsɛe ade ba toatoaa so wɔ Europa. Wɔ wiase no afã foforo no, ahum a ɛsɛe ade a wɔfrɛ no hurricane tui wɔ Mexico, na ahum a wɔfrɛ no typhoon tui wɔ Korea. Ɛwom sɛ nea esisii yi yɛ awerɛhosɛm de, nanso ɛboae ma ɔdɔ a ɛwɔ nokware Kristofo ntam no mu yɛɛ den.

Wɔ afe 2002 nsuyiri a ɛbae wɔ Europa akyi no, wobisaa West Germany kan mampanyin Helmut Schmidt mmoa ko a wɔn a wɔn ho akã no hia. Obuae sɛ: “Nnipa hia aduan ne dabere, wohia sika, na wohia honhom fam mmoa nso.” Ná Yehowa Adansefo adi dwuma titiriw de honam fam ne honhom fam mmoa ama wɔn a na wɔn ho akã wɔ ahum no mu no. Susuw adwuma a wɔyɛe de mmoa mae wɔ Germany, Austria, Mexico, ne Korea no ho.

Aboafo Wɔ Germany

Bere a wobehui sɛ nsuyiri a ɛreba no yɛ hu no, Yehowa Adansefo pii a wɔwɔ Germany no kɔboaa ɔmanfo ma wɔyɛɛ biribi na nsuyiri no annu hɔ ntɛm. Kathleen a wadi mfe 19 a ɔte Dresden ka sɛ: “Ná mintumi ntra hɔ a menyɛ hwee. Bere a metee sɛ ebetumi aba sɛ ebinom bɛhwere wɔn nneɛma nyinaa no, na ɛsɛ sɛ mekɔ kɔboa.”

German Adansefo no fii ase siesiee wɔn ho de mmoa a etu mpɔn mae ntɛm so. Sɛ́ Kristofo no, wɔtee nka sɛ wɔwɔ asɛyɛde titiriw sɛ wɔboa wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea. Nanso wɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn afipamfo nso. (Marko 12:31) Wɔhyehyɛɛ atuhoamafo bɛboro 2,000 akuwakuw a nnipa bɛyɛ 8 kosi 12 na wɔwɔ kuw biara mu, na wɔmaa kuw biara adwuma pɔtee bi wɔ beae a atoyerɛnkyɛm no sii no. Wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Selters, Germany no, wogyaw telefon nɔma ahorow 13 guu hɔ maa nnipa mpempem pii a wɔbɛfrɛ abisa asiane no ho asɛm ne mmoa a wɔde bɛma no.

Ronnie ne Dina yɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo a wɔde wɔn bere boa nnamfo ne afipamfo ma wosua Bible mu nokware ahorow. Bere a wɔtee sɛ nsuyiri no reba no, wodii kan kɔɔ Dresden kuropɔn no mfinimfini sɛ wɔrekɔboa mmɔden kɛse a wɔrebɔ de abɔ adan titiriw a ɛwɔ hɔ ho ban no. Bere a nsu no twetwee no, Ronnie ne Dina kɔkaa Adansefo foforo ho ma wosiesiee Ahenni Asa a ɛwɔ Freital, a na nsufĩ ayiri afa hɔ no. Ɛno akyi no kuw no mufo fii ase boaa wɔn afipamfo. Bere a Adansefo no sesaw nwura na wotitĩĩ atɛkyɛ a na asɛe adidibea bi a ɛne Ahenni Asa no di nhwɛanim no abansoro dan no ase ne ɔdan a ɛhyɛ ase no, ne wura no koma tɔɔ ne yam paa.

Siegfried ne Hannelore te Colmnitz, akuraa bi a ɛda Dresden anafo fam atɔe bɛyɛ kilomita 40 no ase. Asuten a ɛsen fa akuraa no mu no yiri bɛyɛɛ nsu kɛse, na eyiri faa wɔn fie ne wɔn mfikyifuw mu. Bere a nsu no twetwee no, ɛyɛɛ afipamfo no nwonwa sɛ wohuu Adansefo bɛyɛ 30 a wɔnte mpɔtam hɔ, sɛ wɔrebɛboa asiesie Siegfried ne Hannelore fie hɔ. Nea edi hɔ no, kuw no fii ase siesiee mfikyifuw a ɛbemmɛn hɔ no. Nkuraasefo no pii bisaa wɔn nea ɛkaa wɔn ma wotuu kwan kilomita 100 sɛ wɔrebɛboa nnipa a wonhyiaa wɔn da no. Ɛno maa Adansefo no tumi de honhom fam nkuranhyɛ nsɛm maa wɔn a wɔn ho kãe wɔ Colmnitz no.

Nsuyiri no kaa mmorɔn a ɛwɔ Wittenberg kurow no mu nso. Adansefo awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Frank ne Elfriede ne wɔn afipamfo yɛɛ adwuma nna pii ansa na nsuyiri no reba, wɔde anhwea hyehyɛɛ nkotoku mu amaama de bɔɔ asubɔnten no asukɔn ho ban. Bere a nsu no twetwee no, Frank ne Elfriede kɔsraa wɔn a wɔn ho kãe no, kɔmaa wɔn aduan ne awerɛkyekye. Frank ka sɛ: “Ɛyɛɛ ɔbea biako a yɛkɔɔ ne hɔ nwonwa sɛ, yɛn a yɛyɛ ahɔho no brɛɛ no aduan a yɛanhwehwɛ akatua biara. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ n’asɔre muni biara mmaa hɔ. Na ahyehyɛde a ɛde nnuan abrɛ no no gye sika bere biara. Nkurɔfo ho dwiriw wɔn sɛ wohuu sɛ Yehowa Adansefo de aduanhyew mmom na ɛbrɛɛ wɔn na ɛnyɛ Bible ho nhoma.”

Austria—Wodi Atoyerɛnkyɛm no Ho Dwuma Ntɛm

Nsuyiri no sɛee nneɛma wɔ Austria a ɛbɛn hɔ no nso. Wɔhyehyɛɛ boayikuw ahorow abiɛsa sɛ wɔnhwɛ mfa mmoa mma. Wodii kan siesiee Ahenni Asa abiɛsa a na abubu paa no. Afei nso, nsuyiri no kaa Adansefo mmusua bɛyɛ 100, na nsu no yiri faa afie 50 nso. Ebinom hweree biribiara ma ɛkaa wɔn ntade a ɛhyɛ wɔn nkutoo. Baa dwumadibea a ɛwɔ Austria no kaa tebea no ho asɛm kyerɛɛ ɛhɔnom asafo ahorow no, na wobuee foto a wɔnam so de mmoa bɛma. Eduu September no na wɔayi ntoboa a ɛboro $34,000.

Ɛna bi kyerɛwee sɛ: “Me babarima a wadi mfe awotwe no tumi hwɛ sika so yiye na na wasie bɛyɛ $14. Nanso, bere a ɔtee sɛ yɛn nuanom binom ahwere wɔn nneɛma nyinaa no, onyaa ɔpɛ sɛ ɔde ne sika a wasie no nyinaa bɛto asiane ho foto no mu.”

Wɔ Ɔmantam Adansi Boayikuw ahorow (RBC) a wɔtaa hwɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa si so akwankyerɛ ase no, wɔhyehyɛɛ akuw ahorow a wɔbɛboa ma wɔasiesie afie a nsuyiri no bubuu no no. Nhwehwɛmufo biako kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ atesɛm nkrataa bɔ nea moreyɛ wɔ ha yi ho amanneɛ.” Ebinom mpo sesaa adwene a wɔwɔ wɔ Yehowa Adansefo ho no. Ɔwofo bi a ɔyɛ Ɔdansefo ka sɛ: “Besi saa bere yi, bere biara a mɛbɔ mmɔden sɛ mɛka me gyidi ho asɛm akyerɛ me mma a wɔnyɛ Adansefo no na wontie. Nanso seesei de wɔretie no bere a edi kan koraa!”

Wɔbɔɔ mmɔden boaa nnipa pii a na wɔnyɛ Adansefo nso. Sɛ nhwɛso no, bere a Ɔdansefo bi baa ɔbea bi fie anɔpa 7:30 bebisaa no sɛ ohia mmoa anaa no, ɛkaa ne koma yiye. Esiane sɛ na nsu no afi ase reba ɔbea no fie nti, na ɛsɛ sɛ woyi no fi hɔ. Nanso, bere a ɔsan bae no ohuu krataa bi a efi Adansefo no hɔ wɔ ne mfikyifuw pon akyi. Ɛkenkan sɛ: “Sɛ wuhia mmoa a, ma yɛnte no ntɛmpa ara.” Adansefo no boaa no ma ɔhohoroo atɛkyɛ ne nwura a ahyɛ ne fie hɔ no.

Kuw biako a Adansefo 100 wom kɔɔ Au kurow mu sɛ wɔkɔboa ɛhɔnom Adansefo ne wɔn afipamfo. Akannifo a wɔwɔ kuw no mu kɔɔ apon ne apon ano bisaa wɔn a wɔte hɔ sɛ wohia mmoa bi anaa. Ɛyɛɛ nkurɔfo nwonwa sɛ wohuu sɛ Adansefo no de adwinnade a wɔde twe nsu ne nnwinnade a wɔde yɛ afisiesie, te sɛ prae, ne sofi bae. Adwuma a anka ebegye afiewuranom bɛyɛ nnawɔtwe ansa na wɔawie no, wɔde nnɔnhwerew kakraa bi na ewiei. Nkurɔfo ani tetɛe bere a wɔhwɛe no.

Ɛhɔnom Adansefo bɛyɛ 400 na wɔde wɔn ho hyɛɛ mmoa adwuma no mu—mpɛn pii no na wɔyɛ adwuma da mu no nyinaa. Wɔ bɛhwɛadefo fam no, na ɛyɛ adanse a ɛkyɛn so ma tumi a nokware Kristosom wɔ.

Ahum Bi a Wɔfrɛ no Isidore Tu Wɔ Mexico

Isidore fii ase sɛ osuframa wɔ Venezuela atifi fam. Wɔ September 22, 2002, Isidore tui wɔ Mexico Yucatán Asase Hwene so sɛ ahum a wɔfrɛ no hurricane mu nea ano yɛ den a ɛto so 3. Esiane sɛ ahum no tuu mmirika kilomita 190 wɔ dɔnhwerew biako mu na nsu tɔe kɛse nti, ɛsɛee nneɛma paa wɔ Mexico amantam Yucatán ne Campeche abakɔsɛm mu sen biara, ɛsɛee nneɛma wɔ Quintana Roo mantam mu nso. Wɔ Yucatán nkutoo no, afie bɛyɛ 95,000 bubui pasaa, ɛkaa nnipa bɛyɛ 500,000.

Sɛnea Yehowa Adansefo tuu mpɔn wɔ dwuma a wodii wɔ mmoa a wɔde mae wɔ Yucatán no nti, ɛmaa Mexico atifi fam atesɛm krataa bi asɛmti kae sɛ: “Yehowa Adansefo Begye Wɔn.” Wodii kan hyehyɛɛ boayikuw a wɔde mmoa ma no ansa na ahum no retu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara maa ɛhɔnom Adansefo ɔhaha pii dabere. Asafo ahorow a ɛbemmɛn hɔ no de sika mae ntɛm ara. Wɔkyekyɛɛ ntade, nnuru, ne aduan bɛboro tɔn 22 maa wɔn a wofii ahum no mu kae no, a wɔn a na wɔnyɛ Adansefo pii ka ho. Wɔmaa ɛhɔnom mpanyimfo dwumadi sɛ wɔnkɔsra wɔn a wɔn ho kãe wɔ Isidore ahum no mu na wɔnhyɛ wɔn nkuran.

Ahum no tui akyi no, wɔhyehyɛɛ boayikuw ahorow a wɔde mmoa ma wɔ hɔ de boa ma wɔhwehwɛɛ Adansefo a wɔayera no. Ná pii aka wuram ne mmeae foforo nnansa a wonni aduan ne nsu a wɔbɛnom. Wɔ mmeae bi no na nsu no ayiri paa ma akata nkanea a esisi kwan ho no so! Enti, wɔhwehwɛɛ nhyɛmma a afiri bobɔ ho de kɔhwehwɛɛ wɔn a wɔaka wuram no, maa wɔn aduan, na wɔde wɔn kɔɔ beae a ɛhɔ ye.

Ɛhɔnom atumfoɔ de nhyɛmma ne nnwinnade foforo fɛm Adansefo a wotuu wɔn ho mae sɛ wɔbɛkɔ akɔboa wɔ baabi a nnipa kakraa bi pɛ na wɔpɛ sɛ wɔkɔ no. Mfiase no, ɔsraani panyin bi ampɛ sɛ ɔma Adansefo no kwan ma wɔkɔ beae a ɛyɛ hu saa no. Nanso, bere a ohuu akokoduru a wɔwɔ no, ɔkae sɛ: “Migye di sɛ, sɛ ɛho behia a, mobɛfa wimhyɛn na akɔhwehwɛ mo nkurɔfo no. Mubetumi de yɛn kar ahorow no akɔ baabiara a mopɛ.”

Sotɔɔwura bi pɛe sɛ ohu nea enti a na Adansefo binom retɔ toa mu nsu pii saa no. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔde kɔma wɔn honhom fam anuanom ne afoforo a wohia. Ɔbarima no yɛɛ n’adwene sɛ ɔde toa mu nsu a ɔwɔ nyinaa bɛma wɔn—a onnye wɔn sika biara. Da a edi hɔ no ɔsan maa wɔn nsu pii kwa—nea ɛdɔɔso ara yiye. Wɔ sotɔɔ foforo mu no, ɔdetɔfo bi bisaa Adansefo no nea enti a wɔtɔ aduan pii saa. Bere a ɔtee sɛ wɔde kɔma wɔn a wɔn ho akã wɔ nsuyiri no mu no, ɔmaa wɔn sika sɛ wɔntɔ pii nka ho.

Ɛwom sɛ ɛkame ayɛ sɛ Adansefo mmusua 3,500 na wɔhweree wɔn honam fam nneɛma wɔ ahum Isidore a etui no mu de, nanso ɛbae sɛ Yehowa Dansefo biara anyera anaa wanwu. Nanso, esiane sɛ na Adansefo afie 331 abubu anaa asɛe nti, na ehia sɛ wɔsan yɛ adansi ho nhyehyɛe. Adansefo a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ kɔɔ ofie biara ne Ahenni Asa biara so kɔsesee ho ka. Besi nnɛ no, wɔasiesie afie bɛyɛ 258 na wɔasi afie 172 ahyɛ nea ebubui no ananmu. Afei nso, wɔreyɛ nhyehyɛe asan asi Ahenni Asa ahorow 19 a ɛsɛee no.

Ɛkaa ɔpanyin bi a ɔwɔ asafo bi a ɛwɔ Yucatán mantam mu ma ɔkae sɛ: “Makenkan wɔ yɛn nhoma ahorow mu afa adwuma a wɔyɛ de mmoa ma wɔ aman horow so no ho. Nanso, sɛ́ w’ankasa benya mu kyɛfa no yɛ soronko koraa. Hu a me ne anuanom pii ahu sɛnea Yehowa ahyehyɛde no dwen yɛn ho ne sɛnea yɛn nuanom adɔfo abɛyɛ yɛn mmoa no ahyɛ me ne wɔn gyidi den.”

Ɔbea bi kae sɛ: “Sɛ anka m’asɔre no de mmoa mae sɛnea mo Adansefo no de ama yi a, anka m’ani begye ho.” Na ɔbea foforo a Adansefo no gyee no, kae sɛ: “Yɛda Yehowa Adansefo ase, yenwuwui. Wɔdaa wɔn dɔ adi, de wɔn nkwa too asiane mu begyee yɛn bere a na yɛn fie hyɛ nsu ase no.”

Ahum Bi a Wɔfrɛ no Typhoon Tu Wɔ Korea

Wɔ August 31 ne September 1, 2002 no, ahum a wɔfrɛ no Typhoon Rusa tui wɔ Korea man no fa kɛse mu. Song-pil Cho, asafo mu panyin bi kae sɛ: “Na ɛte sɛ nea wugyina aguaree nsu ase. Na nsu no kɔɔ so tɔe ara.” Nsu bɛboro milimita 870 na eguu fam wɔ nnɔnhwerew a ennu 24 mu—osu kɛse a atɔ sen biara wɔ da koro mu wɔ Korea.

Sɛnea The Korea Herald ka no, afie 28,100 ne afusase hekta 85,000 na ɛmemee wɔ nsu mu wɔ ɔman no fa kɛse no ara mu. Ɛmaa nnipa bɛyɛ 70,000 tui. Typhoon no kum nyɛmmoa 301,000, maa po so ahyɛn 126 memee, na etutuu anyinam ahoɔden nkanea a esisi kwan ho ɔhaha pii gui. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛboro 180 na wowuwui anaa wɔyerae. Na Yehowa Adansefo baanu ka ho.

Te sɛ Europa ne Mexico no, Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn ade ntɛm. Adansefo a ɛwɔ ɔman no afã horow nyinaa de mmoa bae. Na eyinom yɛ ntade, kuntu, ne ahiade afoforo. Nanso, na asafo no mufo bi da so te baabi a wontumi nnu hɔ na atew ne ho. Na akwan asɛe, na ɛtwene abubu. Na anyinam ahoɔden anaa telefon nyɛ adwuma. Enti wɔhyehyɛɛ kuw ahorow sɛ wontwa kwan nkɔ na wɔmfa mmoa a ehia nkɔma. Song-pil Cho, a ɔne mmoa kuw no biako yɛɛ adwuma no, ka beae biako a wɔboae ho asɛm sɛ: “Na ɛtwene ason ne kwan no fã kɛse no ara asɛe. Awiei koraa no, bere a yeduu kurow no mu no, na afie a abubu na asɛesɛe wɔ baabiara. Na nka bɔne bi wɔ hɔ, na na mmoa a wɔawuwu deda hɔ nyinaa. Nanso hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a yehyiaa yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea baasia no! Na wɔahwere wɔn honam fam nneɛma, nanso na wɔn nyinaa te ase, na wɔn ho ye.”

Nokwarem no, na Yehowa Adansefo asiesie wɔn ho yiye ama atoyerɛnkyɛm yi. Esiane sɛ nsuyiri taa ba wɔ osutɔ bere mu nti, na RBC a ɛwɔ Seoul no afi ase dedaw reyɛ mmoa a wɔde ma wɔn a asiane ato wɔn ho nhyehyɛe ama daakye. Efi 1997 no, wɔmaa atuhoamafo nyaa afe afe ntetee ho nhyehyɛe mu kyɛfa, na ama wɔayɛ krado adi tebea bi a egye ntɛmpɛ a ɛbɛsɔre ho dwuma.

Wɔ September 2 no, RBC ogye ho adwumayɛfo duu Kangnŭng apuei fam mpoano kuropɔn mu na wɔhyehyɛɛ wɔn adwumayɛbea ti wɔ ɛhɔnom Yehowa Adansefo Nhyiam Asa so. Na dɛn ne ade a edi kan a wɔbɛyɛ? Sɛ wɔbɛma wɔn a wɔafi mu aka nsupa. Sɛ nsuyiri kɛse ba a, ɛtaa sɛe durubɛn a nsu fa mu no; nsuyiri nsu yɛ fi paa. RBC no yɛɛ lɔre akɛseakɛse a ɛtwe nsu a nsu ayeyɛ no amaama ho nhyehyɛe a wɔde bɛkɔ baabi a wɔn ho akyere wɔn no.

Bere a nsu no twetwee akyi no, atɛkyɛ a emu pi a ɛbɔn kataa biribiara a ɛwɔ hɔ ho. Nanso wonyaa ɔkwan pa a wobetumi afa so asiesie. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔde semɛnte na esii afie a ɛwɔ mpɔtam hɔ nyinaa nti, na wobetumi asiesie denam nkrataa a wɔde asiesie dan no mu a wɔbɛwaawae ne ntama a wɔde sɛw fam a wobeyiyi na wɔde durubɛn mu nsu a ano yɛ den paa ahohoro fie hɔ so.

Nsuyiri tumi sɛe nnwinnade a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma no dodow no ara. Nanso, sɛ anyinam ahoɔden mfiri ho adwumayɛfo a wonim adwuma yiye tutu nnwinnade te sɛ frigye ne nea wɔde noa nsu, popa mu nyinaa, ma ɛwo, na wɔsan hyehyɛ wɔ nna kakraa bi ntam a, mpɛn pii no, ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma. Wɔahyehyɛ RBC no ma wɔyɛ adwuma a ɛte saa. Wɔde mfiri a wɔde noa nsu a enhia sɛ wɔsesa no di dwuma ma afie no mu wo. Saa kwan a wɔfa so yi di nnawɔtwe abien kɔ abiɛsa.

Ɛsɛ sɛ wɔhoro ntade ne kuntu a nsuyiri no asɛe no no yiye wɔ nna kakraa bi ntam, anyɛ saa a wontumi mfa nyɛ hwee bio. Atuhoamafo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔnom mu boae ma wɔboaboaa wɔn nuanom Kristofo nneɛma a na emu asɛe no ano. Na ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛhohoro atɛkyɛ a na afɔre ntade no mu ma akɔ—na na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nsa hohoro wɔ asuten nwininwini bi mu. Bere a atesɛm krataa ho sɛnkyerɛwfo bi tee adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛ yi ho asɛm akyi no, Adansefo a wɔreyɛ adwuma no mfonini kɛse bi puei wɔ ɛhɔnom atesɛm krataa mu.

Nsuyiri a ɛsɛe ade a ɛbaa wɔ Europa, Amerika Atifi fam, ne Asia no twee afie, agyapade, ne nnipa pii a wɔn ho nni asɛm kɔe. Ɛwom sɛ eyinom yɛ awerɛhosɛm de, nanso nsɛm a ɛtete saa a esisi abu so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” yi a “mmere a emu yɛ den” ahyɛ no agyirae no mu. (2 Timoteo 3:1) Ebia asiane a ɛtete saa a yehu no nso betumi akae yɛn nokwasɛm yi: Nokware Kristofo dɔ wɔn ho wɔn ho ne wɔn afipamfo. Ɔdɔ a ɛte saa a pɛsɛmenkominya nnim no yɛ biribi a ahum rentumi ntwe nkɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

GERMANY Ofie bi a ahum no asɛe no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 11]

Germany Atuhoamafo bɛboro 2,000 de mmoa mae ntɛm so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

AUSTRIA Wɔresiesie wɔn Ahenni Asa wɔ Ottensheim

Benkum: Atuhoamafo kuw bi san fi Au ba, baabi a wɔboaa ɛhɔnom Adansefo ne wɔn afipamfo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

MEXICO Nifa: Boayikuw a wɔde mmoa ma bi rema wɔn a wofi ahum no mu kae no nsu

Ase: Wɔresi ofie foforo ahyɛ nea ebubui no ananmu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

KOREA Fi benkum kɔ nifa: Kuropɔn no fa bi a nsu no ayiri afa; nsu a ano yɛ den a wɔde hohoro ade; wɔhoro nneɛma wɔ asuten bi a ɛbɛn hɔ mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena