Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 12/1 kr. 10-13
  • Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ a Wɔda no Adi
  • Wiase Nyinaa Onuayɛ
  • Nokware Ahobammɔ Fibea
  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ
    Nyan!—2003
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Myanmarfo a Ahum Sɛee Wɔn Nneɛma no Nyaa Mmoa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 12/1 kr. 10-13

Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren

BIBLE no ka Yehowa ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa] gye no ne nyinaa mu” na “[Yehowa] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu.”​—Dwom 34:19; 2 Petro 2:9.

Ɔkwan bɛn so na Yehowa di ma ne nkurɔfo bere a wɔwɔ ahohia mu? Ɔmfa anwonwa kwan anaa anwonwade foforo bi so nsakra tebea no sɛnea nnipa pii susuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ no, na mmom ɔnam tumi foforo bi a nnipa nte ase yiye so​—ɔdɔ. Yiw, Yehowa dɔ ne nkurɔfo, na watete wɔn ma wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho araa ma otumi yɛ biribi a ɛreyɛ ayɛ sɛ anwonwade ma wɔn.​—1 Yohane 4:10-12, 21.

Ebia ebinom bɛka sɛ wɔ ahokyere mu no, aduan, nnuru, ne honam fam nneɛma na ɛho hia​—ɛnyɛ ɔdɔ. Ɛyɛ nokware sɛ aduan, nnuru, ne honam fam nneɛma ho hia. Nanso, ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw, na minni dɔ a, memfra. Na sɛ meporow m’ade nyinaa mema ahiafo na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso.”​—1 Korintofo 13:2, 3.

Yɛtaa kenkan nneɛma a wɔde kɔboa nnipa a wɔwɔ ahohia mu a wɔboaboa ano ma ɛporɔw anaa nkura we bere a ɔyare ne ɔkɔm kunkum wɔn a wohia no ho asɛm. Anaasɛ nea ɛsen saa no, nneɛma a ɛtete saa betumi abedi nnipa adifudepɛfo a wonni nnyinasosɛm biara nsam, na wɔde apɛ wɔn ankasa mfaso. Enti, nneɛma a nkurɔfo de bɛboa ahiafo yɛ ade biako, nanso sɛ́ wɔbɛhwɛ ma wɔn a wɔwɔ ahohia mu anya mu mfaso no yɛ ade foforo koraa. Nokware dɔ ne afoforo ho a wodwen na ebetumi aboa.

Ɔdɔ a Wɔda no Adi

Wɔ September 1992 mu no, ahum kɛse bi, a wɔfrɛ no Hurricane Iniki tui wɔ Hawaii supɔw Kauai, a ɛso nnipa yɛ 55,000 no so. Ɛbɔɔ mframa a dɔnhwerew biara etumi twa kilomita 210 kosi 260, ekunkum nnipa 2, pirapiraa nnipa 98, na ɛsɛee afie ɔha biara mu nkyem 75, ɛmaa nnipa 8,000 hweree atrae, na wobu akontaa sɛ ɛsɛee nneɛma dɔla ɔpepepem biako. Na Yehowa Adansefo bɛyɛ 800 a wɔwɔ asafo asia mu ka wɔn a wɔte supɔw ketewa yi so no ho. Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn?

Ansa na ahum no retu ankasa no, na ahwɛfo akwantufo ahyɛ asafo mu mpanyimfo no nyansa ma wɔakɔsra asafo ahorow no mufo nyinaa ahwɛ ahu sɛ wɔte nkwa mu na wɔwɔ ahobammɔ, na wɔasiesie wɔn ho ama nea ɛrebesi no. Ɔdɔ a wɔde susuw anuanom ho sɛɛ yi ka ho bi na Adansefo no mu bi ampirapira kɛse anaa wɔanwuwu.​—Fa toto Yesaia 32:1, 2 ho.

Ɛwom sɛ nkitahodi ne akwantu sɛee koraa de, nanso ahum no akyi no, Watch Tower Bible and Tract Society no baa dwumadibea a ɛwɔ Honolulu no ananmusifo baasa ka wɔn a wɔdii kan kɔɔ baabi a asɛm no sii no ho, efisɛ dwumadibea a ɛhwɛ ma wɔde mmoa ma wɔ ahokyere mu no maa wɔn hokwan soronko bi sɛ wɔmfa wimhyɛn nkɔ Kauai. Wokohuu ɛhɔ Adansefo no ntɛm ara, na ade kyee anɔpa no, wohyiaam susuw ɔkwan a wɔbɛfa so aboa ho. Wɔpaw boayikuw bi sɛ wɔnhwɛ nneɛma a ebehia na wɔmfa Honolulu baa dwumadibea no so mma wɔn nsa nka. Wɔyɛɛ adwuma bere nyinaa de hwɛ ma wɔkyekyɛɛ nneɛma maa wɔn a wohia na wɔsiesiee afie mu ne afie a asɛɛsɛe.

Nsupɔw afoforo no so Adansefo yɛɛ ntɛm kɔboaa wɔn nuanom a wɔwɔ ahohia mu no. Bere a wɔbuee Kauai wimhyɛn gyinabea no ara pɛ na Adansefo 70 faa wimhyɛn baa hɔ bɛboae. Wɔde nneɛma a ne bo yɛ $100,000 [Amerika dɔla] faa po so bae, na emu bi ne anyinam ahoɔden mfiri, aborɔfo bukyia nketewa, akanea, ne nnuan. Supɔw no so Ahenni Asa biako so na wɔde nneɛma no kogui; nanso na wosuro sɛ nkurɔfo bɛba abɛfow. Afei asraafo lɔre ahorow bi baa Ahenni Asa no kar gyinabea hɔ, na wɔn a wɔde bae no bisae sɛ wobetumi de asisi hɔ a. Asraafo a wogyaw wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ lɔre no nti, obiara antumi ammɛfow nneɛma no.

Anuanom no de anyinam ahoɔden mfiri no kɔɔ afie afie, na wɔsosɔɔ no ofie biara mu nnɔnhwerew abien anaa abiɛsa sɛnea ɛbɛbɔa nkurɔfo ma wɔn fridge ayɛ adwuma. Wɔmaa anuanom akuwkuw kosiesiee afie mu ne afie a asɛɛsɛe nso. Bere a wɔresiesie onuawa bi a anka ne kunu sɔre tia no denneennen fie no, ɛkaa ne kunu no koma araa ma nea otumi yɛe ara ne sɛ ogyinaa hɔ hwɛe na osui. Obi a ofi asasepɔn no so bɛsraa hɔ a ohuu Adansefo kuw foforo sɛ wɔreyɛ adwuma no ani gyee wɔn su ne wɔn nhyehyɛe pa no ho ma ɔkɔɔ wɔn nkyɛn kobisaa nea enti a wɔyɛ soronko saa. Bere a onua bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne mfɛfo Kristofo ntia no, ɔbarima no kae sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi ahu Onyankopɔn?” (Mateo 22:37-40) Na ɔde kaa ho sɛ: “Mo saa nkurɔfo yi, mowɔ nhyehyɛe pa araa ma anhwɛ a mɛsan akɔ Florida no, na moama obi retwɛn me wɔ fie!”

Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, Yehowa Adansefo boa siesiee afie 295 a ɛhɔ ayɛ basaa na nneɛma asɛesɛe wom mu wɔ Kauai. Ná ehia sɛ wosiesie nneɛma nketenkete wɔ eyinom mu 207 mu, nanso na emu 54 asɛɛsɛe kɛse, na 19 de asɛe korakora. Adwuma a wɔyɛe no bi nso ne sɛ wɔkɔɔ obiara a wonim no wɔ supɔw no so sɛ Ɔdansefo hɔ kɔhwɛ maa ne nsa kaa nea ohia. Bere a wɔde nneɛma kɔmaa onuawa bi no, ne fipamfo bi a ɔyɛ Budhani hui sɛ ne som mufo mmrɛɛ no hwee. Ɔbea foforo bi a Adansefo kuw bi kosiesiee ne fie kae sɛ: “Mufi baa me fie akyɛ, na na mibu mo sɛ afipamfo pa, nanso saa yɔnko dɔ a moada no adi yi ama mahu sɛnea mo ahyehyɛde no te ankasa. Meda mo ase wɔ mo adwumaden no nyinaa ho.”

Honam fam mmoa a boayikuw yi hwɛ maa wɔn mfɛfo Kristofo nyae akyi no, wɔn honhom mu yiyedi nso ho hiaa wɔn saa ara. Ahum kɛse no akyi bɛyɛ nnanu no, ná asafo pii reyɛ wɔn adesua horow dedaw. Wɔhyehyɛɛ nhoma adesua akuw nketewa bio ntɛm so. Mpanyimfo du a fi nsupɔw afoforo no so baa Kauai bɛboaa ɛhɔ mpanyimfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔsra Ɔdansefo biara a ɔwɔ supɔw no so. Kwasida a edi hɔ no, asafo asia no nyinaa boom yɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua, tiee simma 30 kasa bi a boayikuw no muni bi ma faa sɛnea wɔde mmoa ma ho, na wɔde simma 30 a etwa to no tiee ɔkasa bi a Baa Dwumadibea Boayikuw no muni bi hyɛɛ da fii Honolulu bɛmae no. Obi a na ɔwɔ hɔ bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn nyinaa nyaa awerɛkyekye fii akwankyerɛ pa a wɔde mae no mu, na wɔtee nka sɛ wasiesie wɔn ho wɔ honhom mu sɛ wobedi wɔn nsɛnnennen a aka no ho dwuma. Bere a dwumadi no baa awiei no, atiefo no pii sui, na obiara bɔɔ ne nsam.

Wiase Nyinaa Onuayɛ

Ɔdɔ ne afoforo ho a wodwen yi hyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa agyirae. Bere a ahum kɛse bi a wɔfrɛ no Cyclone Val tui wɔ Western Samoa bɛyɛ afe ansa na Kauai de no reba no, ɛsɛee nneɛma pii, nanso wiase aman afoforo mu Yehowa Adansefo yɛɛ ntɛm kɔboaa wɔn nuanom a wɔwɔ hɔ no. Akyiri yi, bere a aban no de sika maa ɔsom ahorow no nyinaa​—a Yehowa Adansefo ka ho​—sɛ wɔmfa nsiesie wɔn adan no, Adansefo no san de sika no kɔe, kyerɛw krataa kaa ho sɛ wɔasiesie wɔn nneɛma a asɛesɛe no nyinaa dedaw, na wobetumi de sika no asiesie aban no adan bi. Wɔkaa nea woyɛe no ho asɛm wɔ ɛhɔ atesɛm krataa bi mu. Bere a aban panyin bi huu eyi no, ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ wafɛre wɔ n’ankasa asɔre ho, efisɛ ɛmfa ho sɛ na wɔayɛ wɔn adan a ahum no sɛee no no nyinaa ho insurance no, wogyee sika a aban de maa wɔn no.

Saa ara na September 1992, bere a Ouvèze Asubɔnten a ɛwɔ France kesee fam apuei no yiri faa Vaison-la-Romaine ne nkurow 15 a atwa ho ahyia no, Adansefo no kɔboae ntɛm so. Wɔ anadwo biako mu no, nsuyiri no kunkum nnipa 40, ɛsɛe afie 400, ɛsɛe ɔhaha pii mu nneɛma, na ɛmaa mmusua mpempem pii hweree nsu ne anyinam ahoɔden. Ade kyee anɔpahema no, Adansefo a wɔwɔ ɛhɔ asafo ahorow mu na wodii kan bɛboaa wɔn a nsuyiri no kaa wɔn no. Adansefo mmusua a wɔwɔ hɔ no fi ɔdɔ mu maa wɔn a wohia atrae no baabi trae. Adansefo ɔhaha pii fi mmeaemmeae bɛboae. Wɔpaw boayikuw bi wɔ kurow a ɛbɛn hɔ, Orange sɛ wɔnhwɛ adwumayɛfo a wɔwɔ akuw anan mu a wɔtetee atɛkyɛ na wosiesiee afie, horoo ntade bebree a atɛkyɛ asɛe mu, na wosiesiee aduan ne nsu pa kɔmaa nkurɔfo a wɔwɔ baabi a asɛm no sii hɔ nyinaa no so. Wotuu wɔn ho mae mpo sɛ wobesiesie ɛhɔ sukuu dan bi ne aban adan bi. Wɔn honhom mu anuanom ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nyinaa ani sɔɔ wɔn mmɔdenbɔ kɛse no.

Asiane te sɛ nsuyiri, ahum, ne asasewosow ato Yehowa Adansefo wɔ mmeae afoforo pii sɛnea ɛto onipa foforo biara no. Esiane sɛ wonim sɛ eyinom fi akwanhyia anaa tebea horow a wontumi nyɛ ho hwee nti, wɔmfa asodi no nto Onyankopɔn anaa onipa foforo biara so. (Ɔsɛnkafo 9:11) Mmom no, wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɛmfa ho tebea bɔne bɛn ara na wɔwɔ mu no, wɔn mfɛfo gyidifo fi ɔdɔ mu de wɔn ho bɛbɔ afɔre aboa wɔn. Wofi ɔdɔ mu yɛ nnwuma a ɛtete saa esiane sɛ wɔn nyinaa gyidi yɛ biako nti. Osuani Yakobo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn, na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Sɛ gyidi nso te ne no. Sɛ enni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.”​—Yakobo 2:15-17.

Nokware Ahobammɔ Fibea

Sɛ anka Yehowa Adansefo bɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu ayɛ anwonwade no, wohu sɛ wobenya ahobammɔ wɔ wɔn wiase nyinaa Kristofo onuayɛ no mu. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ nea saa onuayɛ yi tumi yɛ wɔ ahohia bere mu no yɛ anwonwade. Wɔkae Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 17:20 no: “Mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ nohɔ, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.” Yiw, sɛ wɔda nokware Kristofo gyidi ne ɔdɔ adi a, eyi akwanside ahorow a ɛte sɛ mmepɔw fi hɔ.

Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nka sɛ wɔn Nyankopɔn no bɔ wɔn ho ban wo saa sakasakayɛ ne asiane mmere yi mu. Wɔte nka te sɛ odwontofo no: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, [Yehowa], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.” (Dwom 4:8) Wofi ahotoso mu de wɔn adwene si adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no so: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Na ɛda adi sɛ wɔde anidaso hwɛ trenee wiase foforo a asomdwoe wom, a asiane biara, nea efi nnipa ne nea emfi nnipa rento wɔn bio no mmamu kwan.​—Mika 4:4.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Adansefo fi mmeaemmeae bɛboaa wɔn a nsu yiri faa baabi a wɔte

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena