Mozambique Nsuyiri no—Sɛnea Kristofo Boaa Wɔn a Wɔkɔɔ Ahokyere Mu No
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ MOZAMBIQUE HƆ
AFE a etwaam no mfiase pɛɛ no, nkurɔfo hwɛɛ Mozambiquefo a nsu reyiri afa wɔn, a wɔafoforo nnua wɔ television so. Ɔbea bi woe bere a na ɔwɔ dua no so, na wɔde wimhyɛn bɛfaa ɔne ne ba no de bɔɔ wɔn ho ban. Nanso, nnipa mpempem pii ani so tanee wɔn nnafua pii—ebinom ne awɔ faa yɔnko—kosii sɛ nsu no yowee anaasɛ wɔde hɛlikɔpta koyii wɔn.
Asiane no fii ase bere a osu kɛse bi tɔe wɔ Mozambique ahenkurow Maputo mu no. Wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu no, nsu yiri faa mmorɔn nyinaa so. Wɔ mmeae bi no, nsu no yiri koduu adan atifi. Akwan so danee nsubɔnten. Mmonkyemmɔnka pii bɛdedaa hɔ, na nsu no bubuu adan twee kar ne biribiara kɔe. Nanso, na nea ɛyɛ hu paa reba.
Osu no tɔe araa kosi sɛ eyiri faa ɔman no anaafo fam nyinaa. Osu no tɔe wɔ South Africa, Zimbabwe, ne Botswana, a ɛbemmɛn hɔ no nso. Esiane sɛ nsubɔnten Incomati, Limpopo, ne Zambezi fi aman a ɛtete saa mu tene fa Mozambique kɔ po mu nti, bere a asubɔnten ahorow yi yirii no, ɛsɛee Mozambique mmeae pii. Sɛnea Kristofo boaa wɔn ho wɔn ho wɔ saa asiane yi mu no yɛ asɛm a ɛhyɛ gyidi den.
Asiane no Ho Nhwehwɛmu a Wodii Kan Yɛe
Afe a etwaam no February 9 no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Maputo no tuu ananmusifo baanu ma wɔkɔsraa atifi fam hɔ. Bɛyɛ anɔpa nnɔnkron no, wɔkɔfaa Xinavane kurow mu, baabi a na Asubɔnten Incoluane ayiri paa no. Wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ Xai-Xai, Gaza mansin mu ahenkurow no mu. Nanso, wohui sɛ ɛrekɔ Chókwè kuropɔn, a sɛ osu tɔ paa a, ɛhɔ yiri kɛse no, nyirii ankasa. Enti wosii gyinae sɛ wɔbɛsan akɔ Maputo.
Nanso, bere a wɔresan aba na wɔbɛnee Xinavane no, polisifo gyinaa wɔn. Polisifo no kae sɛ: “Nsu no ayiri fi South Africa abesiw ɔkwan a ebesi ɔman no mu no. Bɔs ne teaseɛnam biara ntumi ntwa.” Nsu ayiri afa ɔkwan koro no ara a wɔfaa so anɔpa no! Esiane sɛ na nsubɔnten a ɛwɔ atifi fam ayiri nti, na ɛmma nkurɔfo ntumi nkɔ saa beae yi.
Anuanom baanu no sii gyinae sɛ wɔbɛda kurow Macia a ɛbɛn hɔ no mu anadwo no. Tebea no sɛee koraa saa anadwo no. Nsu no yiri faa Xinavane kurow no nyinaa na nnipa a wɔwɔ hɔ no hweree biribiara a wɔwɔ. Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa Adansefo a wɔwɔ hɔ no kɔɔ Ahenni Asa a ɛwɔ Macia, faako a wɔasisi adan ama aguanfo a wɔwɔ hɔ no so. Adansefo no de ahoɔhare kɔɔ aguadibea kɔtotɔɔ nneɛma a ɛho hia te sɛ ɛmo, adua, esiam, ne anwa.
Wɔn a na wɔn ho asɛm hia kɛse seesei ne Kristofo a wɔwɔ Chókwè ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no. Ahwɛfo a wɔwɔ Chókwè asafo mu no hyiae na wɔhwɛ maa wɔn nyinaa fii kurow no mu. Wɔka kyerɛɛ obiara sɛ: “Mumfi ha ntɛm nkɔ Macia!” Nanso, akyiri yi, wohui sɛ anuanom pii a wɔwɔ Xinavane no nnya mmae. Enti, wɔsomaa Adansefo ma wɔkɔhwehwɛɛ wɔn. Wohui nso sɛ nsu no ayiri afa Kristoni panyin bi wɔ ne fie. Wɔyɛɛ n’ayi ho nhyehyɛe na wɔboaa Adansefo a na wɔaka a na ebinom tete adan so no ma wɔkɔɔ Macia.
Bere a wɔyɛɛ nhyehyɛe yi wiei no, ananmusifo a wofi baa dwumadibea no kɔɔ Bilene, kurow ketewa bi a ɛbɛn mpoano, na wɔtraa wimhyɛn bi mu kɔɔ Maputo. Akwantufo nyinaa hui sɛ nsu ayiri afa ɔmantam no nyinaa. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔ Gaza mantam no mu nkutoo no, nnipa 600,000 na wɔkɔɔ ahokyere mu esiane nsuyiri no nti.
Tebea no Sɛe Koraa
Wɔ nna kakra a edi hɔ mu no, osu no tɔe kɛse, na eyiri faa amantam a ɛwɔ Mozambique mfinimfini fam no nyinaa. Afei, ahum kɛse bi a wɔfrɛ no Eline tui. Wɔ February 20 no, ɛmaa osu kɛse bi tɔe wɔ Inhambane, Sofala, ne Manica, mantam mu. Nsu no kɔɔ so yirii, nnipa wuwui na nneɛma sɛee.
Afei, wɔ February awiei mu hɔ no, nsu no yiri faa Chókwè ne amantam a ɛbemmɛn hɔ no nyinaa kyɛn bere biara a abɛsen kɔ. Bɛyɛ ɔdasum wɔ Memeneda, February 26 no, nsu no yiri ma ebu faa so kɛse sɛee biribiara a ɛwɔ ne kwan mu. Luis Chitlango, Ɔdansefo bi a wadi mfe 32 ka sɛ: “Yɛn fipamfo bi a na ɔreteɛm fi ne mpomma mu ma yenyanee.”
Chitlango kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a yɛsɔre fii mpa so no, yɛtee sɛnea na nsu no reworo so kɛse no. Yehuu awɔ pii bere a na yɛreguan no. Bere a ɛbɔɔ nnɔnsia no, na yɛadu beae a ɛkorɔn, nanso bere a ade kyee koraa na nsu no yirii kɛse no, na ɛsɛ sɛ yɛforo nnua. Na yɛyɛ nnipa 20 saa bere yi.
“Mmarima no dii kan foroo nnua no. Na mmea no de mmofra no maa wɔn ma wɔkyekyeree wɔn bɔɔ nnua mmaa ho. Mmea no nso de wɔn mma nketewa foroe. Na yɛtaa si fi nnua no so bɛhwehwɛ nkate wɔ nsu no ase beae a na yenim sɛ wɔadua bi no.
“Nnansa akyi no, yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ Chókwè. Na nsu no deda yɛn koko, na na ano yɛ den. Bere a na yɛrekɔ no, yehui sɛ nnipa pii tete nnua ne adan so. Ade kyee no, nsu no twee araa ma kar tumi faa mu kɔfaa nkurɔfo fii kurow no mu de wɔn kɔɔ Macia.”
Adansefo no Atrae
Wɔ March 4 no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea no faa wimhyɛn de ananmusifo traa mu kɔɔ beae a asiane asi hɔ no. Nnipadɔm pii guan kɔɔ Macia, ma enti na ɛhɔ abɛyɛ aguanfo atrae a ɛso. Nsuyiri no maa nnipa pii nyaa ɔpakum, atiridiinini, dii kɔm na wohyiaa ɔhaw afoforo.
Na ɛhɔ te sɛ beae a ɔko asi. Aman pii de nneɛma guu hɛlikɔpta mu bae na ebesisii mmeae ahorow a wɔasiesie hɔ yii nneɛma no. Bere a Adansefo a wɔrebɛboa no duu Macia no, ɛnyɛ aduan nko na wɔde maa wɔn a wɔn ho akyere wɔn no, na mmom wɔde ayaresa nso mae. Nanso, wodii kan hwehwɛɛ hokwan fii atumfoɔ a wɔwɔ kurow no mu no hɔ ma wɔpenee wɔn so ansa.
Anɔpa 6:30 biara na Adansefo a wɔn dodow yɛ 700 no ne afoforo a wɔka wɔn ho no susuw Bible mu asɛm bi ho wɔ wɔn atrae hɔ. Sɛ Kristofo mmea no noa aduan wie a, na wɔfrɛ mmusua ti ma wɔba. Na obiara de ne nsa kyerɛ aduan dodow a wohia ma wɔde ma wɔn.
Na biribiara kɔ so wɔanowɔano wɔ atrae hɔ. Na ebinom kɔtɔ nnuan, afoforo hwɛ ma nsu ho tew, siesie tiafi so, yɛ nnwuma afoforo. Aban mpanyimfo no huu sɛnea wɔyɛ nneɛma wɔanowɔano no ma enti wɔkae sɛ: ‘Ɛha yɛ beae a ɛsɛ sɛ obi tra. Ɔkɔm nne obiara, na wontwiwontwi biara nni ha.’ Ɔpanyin bi a ɔhwɛ hɔ kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ obiara kɔ Adansefo atrae hɔ kɔhwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade fa.’
Da bi, boayikuw a wɔde mmoa ma no frɛɛ Kristofo mpanyimfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, baa dwumadibea no ayɛ nhyehyɛe a wɔnam so besisi adan ne Ahenni Asa foforo ne nneɛma afoforo a ɛho hia ama wɔn a nsuyiri no de wɔn akɔ ahokyere mu no. Ade kyee a wɔresusuw da no mu Bible asɛm ho no, wɔde nhyehyɛe yi ho amanneɛbɔ too gua. Wɔbɔɔ wɔn nsam kɛse de kyerɛɛ ho anigye.
Ɛwom sɛ na atumfoɔ no asisi ntamadan akɛse abien ama wɔn de, nanso na nnipa pii a wɔwɔ atrae hɔ no nnya mu bi nna. Enti, wɔboaboaa wɔn a asɛm ato wɔn no bi ano ma wosii Ahenni Asa kɛse bi wɔ asafo a ɛwɔ hɔ no asase so. Wɔde demmire na esii dan no de nkyɛnsee bɔɔ so—sɛnea Mozambiquefo taa si wɔn dan—a ebetumi afa nnipa 200. Wɔde nnanu pɛ na esi wiei!
Wɔhwehwɛɛ Wɔn a na Wɔte Mmeae Afoforo No
Nanso, wɔ March 5, a na nsu no atwe kakra no, wotuu boayikuw ma wɔkɔɔ Aldeia da Barragem, kurow a ɛwɔ ɔmantam a nsu no dii kan yirii wɔ hɔ no mu. Na asafo bi wɔ hɔ a Adansefo a wɔwom yɛ 90, na na wɔntee wɔn ho hwee.
Bere a boayikuw no rekɔ no, wɔfaa Chihaquelane, aguanfo atrae kɛse bi a nnipa bɛyɛ 100,000 te hɔ. Wɔ kwan no afanu nyinaa a na mmeae bi abubu no wohuu sɛ nsu no ayiri afa ɔmantam no mu nyinaa. Boayikuw no muni bi kae sɛ: “Bere a yeduu Chókwè no, yehuu sɛ beae no adan amamfõ. Afie pii a na ɛwowɔ kurotia no da so ara sisi nsu mu ma nsu no adu adan no atifi. Na nsu no akata ɛhɔ adan no pii so. Na ade resa na na aka kilomita 25 ansa na yɛadu Aldeia da Barragem.”
Boayikuw no koduu beae a wɔrekɔ no anadwo. Boayikuw no muni bi kae sɛ: “Yegyinae na na yenhu nea yɛnyɛ.” Afei, nkurɔfo bi bae de nne kɛse teɛm sɛ “Anuanom!” na wɔserew denneennen. Bere a Adansefo a wɔwɔ hɔ no huu kar abien a ɛreba no kanea no, wohuu ntɛm ara sɛ ebia ɛyɛ wɔn nuanom, na wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: ‘Nkurɔfo yi wɔ ɔdɔ ampa. Wɔde aduan ba na wɔyɛ nsrahwɛ nso!’
Wɔkɔɔ So De Mmoa Mae
Wɔboaa anuanom a wɔwɔ Aldeia da Barragem ma wɔbaa atrae a ɛwɔ Macia no, na wɔmaa wɔn aduan, dabere, ne nnuru. Nanso, saa bere yi na nneɛma mu reyɛ den kɛse wɔ Macia. Na nnuan, nnuru ne nneɛma a wɔde sɔ gya, ho ayɛ na, esiane sɛ na wimhyɛn na na ɛde saa nneɛma no ba hɔ nti. Na ehia paa sɛ wonya kwan a wɔde bɛkɔ Maputo. Wotumi yɛɛ kwan a ɛte saa wɔ March 8.
Na nsu no ayiri afa Xai-Xai kurow kɛse no baabiara. Wɔ kurow no mu mmeae bi a ɛwɔ fam no, nsu no kɔɔ soro mita abiɛsa! Adansefo no tuu boayikuw ma wɔde mmoa maa wɔn nuanom a wɔwɔ hɔ no. Afei nso, wotuu boayikuw ma wɔde mmoa maa wɔn a na wɔwɔ Sofala ne Manica mantam mu no.
Adansefo a wɔwɔ aman afoforo mu de nneɛma bɛboae. Sɛ nhwɛso no, South Africa baa dwumadibea no de ntade, kuntu, ne nneɛma foforo kɔboae. Na Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no de sika bɛboaa wɔn a asɛm ato wɔn no.
Bere a nsu no twee koraa na wohuu nnipa dodow a wɔahwere wɔn afie no, wofii ase sisii adan ne Ahenni Asa foforo. Wɔhyehyɛɛ boayikuw a wosisi adan, na nnipa pii nso fii wɔn pɛ mu boae ntɛm ara. Efi saa bere no, wɔasi adan bɛboro 270 ne Ahenni Asa bɛyɛ anum.
Bere a Adansefo a wɔatu wɔn ho ama no fii ase sɛ wɔresi adan no, nkurɔfo hui. Ɔbea bi kae sɛ: ‘Mosom Nyankopɔn teasefo no. Yɛn asɔfo no nkae wɔn nguan a wɔrehu amane no. Nanso wɔasisi adan fɛfɛ yi ama mo.’ Wɔ mmeae a ɛte saa no, nnipa pii tie Ahenni asɛm a Yehowa Adansefo ka no, na wɔafi Bible adesua pii ase.—Mateo 24:14; Adiyisɛm 21:3, 4.
Ɛwom sɛ Adansefo pii hweree wɔn ahode de, nanso wɔanhwere wɔn gyidi. Mmom no, gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn ne wɔn wiase nyinaa anuanom fekuw mu no mu yɛɛ den. Wɔn ani sɔ nea wɔn wiase nyinaa nuayɛ kuw no fi ɔdɔ mu yɛ maa wɔn bere a wɔkɔɔ ahokyere a ɛte sɛɛ mu no kɛse. Wɔn ankasa ahu ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wɔn ne ahobammɔ a ɔde ma wɔn no, na wɔbɛkae Bible asɛm yi daa: ‘Yehowa yɛ kɛse.’—Dwom 48:1.
[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
Nsu ne atɛkyɛ yiri faa Xai-Xai kurow no
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Wɔde nneɛma pii bɛboae
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Adansefo boayikuw a wɔde mmoa ma no sii ayaresabea
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Wosisii adan foforo pii
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Nnipa 100,000 na na wɔte aguanfo atrae a ɛso sen biara hɔ