Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 7/8 kr. 26
  • Kristosom na Ɛkae Wɔ Ahum no Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristosom na Ɛkae Wɔ Ahum no Akyi
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mozambique Nsuyiri no—Sɛnea Kristofo Boaa Wɔn a Wɔkɔɔ Ahokyere Mu No
    Nyan!—2001
  • Onyankopɔn Ayɛ Yɛn Boafo
    Nyan!—1999
  • Atuhoama Su De Nhyira Ba
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 7/8 kr. 26

Kristosom na Ɛkae Wɔ Ahum no Akyi

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ MOZAMBIQUE HƆ

WƆ March 2, 1998 anwummere mu no, ahum kɛse bi tui wɔ Mozambique kuropɔn Maputo mu. Ade kyee no, na ahum no asɛe nneɛma wɔ baabiara. Nnua pii bubu guu mpoano, nsunsuan a na ano yɛ den no sɛesɛee akwan, afie bi so popae, na afoforo nso bubui.

Yehowa Adansefo baa dwumadibea adan no anyɛ hwee. Nanso nnuadan korokorowa bi a na ɛbɛn ho a wɔde nkyɛnsee abɔ so antumi anyina ano. Ná ofie no nni ahoɔden pii sɛ ebetumi agyina ano ma enti ebu gui. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, hwee anyɛ ɔbea bi a na ɔne ne mma baanum te fie hɔ no mu biara. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ na wɔahwere honam fam biribiara.

Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wofi Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no bɛhwɛɛ abusua no anɔpa tutuutu na wobehui sɛ woreyi wɔn asetrade kakra a aka no afi wɔn dan a abubu no mu. Esiane sɛ na wonni sika a wɔde besi ofie foforo nti nneɛma a wɔhweree no maa wɔn werɛ howee kɛse. Ná abusua no nni agya, na na sika a wonya fi nnuan a wɔtɔn wɔ ɛhɔnom gua so no sua.

Bere a Yehowa Adansefo susuw tebea no ho no, wɔyɛɛ ntɛm bɛboae. Wobehui sɛ na wontumi mfa ɔdan dedaw no ho nneɛma a aka no nsi dan no bio. Ne saa nti adwumayɛfo kuw a wɔatu wɔn ho ama no boaboaa nneɛma a ɛho hia nyinaa ano fii ase sii ɔdan korokorowa bi a ɛwɔ ahoɔden.

Mfitiase no, na wɔn afipamfo no nhu nea wɔreyɛ, nanso ankyɛ na wɔn ho dwiriw wɔn bere a wohui sɛ adwuma no rekɔ so ntɛmntɛm no. Wɔ nnafua anum pɛ ntɛm no, na wɔasan asi ɔdan no foforo awie a na wobetumi akɔtra mu. Bere a ɔbea no kɔɔ ne fie foforo yi mu no, ná onhu asɛm a ɔnka. Nanso, na ɛho nhia sɛ ɔkasa efisɛ adwumayɛfo no huu sɛnea na ɔbea no ne ne mma no anim ayɛ serewserew no, ɛdaa adi sɛ na wɔn ani agye.

Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no nso ani gyei. Wɔn ani gyei sɛ wonyaa hokwan de nnwuma kyerɛɛ sɛnea nokware Kristosom te ankasa.—Galatifo 6:10.

[Kratafa 26 mfonini ahorow]

March 5

March 6

March 7

Adansefo a wɔwɔ hɔ no san sii abusua yi fie maa wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena