Atuhoama Su De Nhyira Ba
1. Dɛn na Dawid ne Nehemia yɛe de daa no adi sɛ wɔwɔ atuhoama su?
1 Bere a Goliat kasa tiaa Israel mpasua no, na anka asraafo no mu biara betumi atu ne ho ama ne no ako. Nanso ɛyɛ abarimaa guanhwɛfo bi a onnim akodi na otuu ne ho mae. (1 Sam. 17:32) Bere a Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no san kɔɔ Yerusalem nanso wɔansan anto ɔfasu no, ɛyɛ Persia hene nsahyɛfo na otuu ne ho mae gyaw ne dibea a nidi wom wɔ ahemfie hɔ tuu kwan kɔɔ Yerusalem kɔhwɛ ma wɔyɛɛ adwuma no. (Neh. 2:5) Yehowa hyiraa Dawid ne Nehemia nyinaa wɔ atuhoama su a wɔdaa no adi no ho.—1 Sam. 17:45, 50; Neh. 6:15, 16.
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo da atuhoama su adi?
2 Ɛnnɛ, nnipa pii nni atuhoama su. Wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa nni adagyew koraa, na pii yɛ “ahopɛ.” (2 Tim. 3:1, 2) Ɛnyɛ den koraa sɛ obi bedwen n’ankasa ahiade ho araa ma wabu n’ani agu hokwan ahorow a obetumi afa so aboa afoforo no so bere a ɛho abehia no. Nanso, sɛ́ Kristofo no, yɛpɛ sɛ yesuasua Yesu a ɔboaa afoforo no. (Yoh. 5:5-9; 13:12-15; 1 Pet. 2:21) Yɛbɛyɛ dɛn ada no adi sɛ yɛwɔ atuhoama su, na nhyira bɛn na yebenya?
3. Ɔkwan bɛn so na atuhoama su boa asafo nhyiam ahorow?
3 Ade a Yɛbɛyɛ Ama Yɛn Nuanom: Yebetumi afi yɛn pɛ mu ama mmuae bere a hokwan wɔ hɔ sɛ atiefo ma mmuae wɔ asafo nhyiam fã ahorow bi ase no na yɛnam so de “honhom mu akyɛde” bi ama afoforo. (Rom. 1:11) Mmuae a yɛma hyɛ Yehowa anuonyam, ɛma nokware no tim yɛn komam ne yɛn adwenem, na ɛma yɛn ani gye nhyiam no ho kɛse. (Dw. 26:12) Yebetumi nso atu yɛn ho ama ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi bi bere a obi amma no. Eyi bɛboa yɛn ma yɛatumi akyerɛkyerɛ yiye.
4. Akwan foforo a yebetumi afa so ada atuhoama su adi no bi ne nea ɛwɔ he?
4 Anuanom mmarima betumi abɔ wɔn ho mmɔden ma wɔafata ama ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu de ada atuhoama su adi. (Yes. 32:2; 1 Tim. 3:1) Obiara betumi atu ne ho ama ayɛ adwuma wɔ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam ahorow ase na ama biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ. Sɛ yefi yɛn pɛ mu ne ɔmansin sohwɛfo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu anaa yɛyɛ aduan ma no a, ɛma ‘obiara nya nkuranhyɛ fi ne yɔnko hɔ.’ (Rom. 1:12) Sɛ yɛboa nyisaa, akunafo, ayarefo, ɛnanom a wɔn mma susua, ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu a, yenya anigye ne Yehowa anim dom.—Mmeb. 19:17; Aso. 20:35.
5. Ahenni Asa ho nnwuma bɛn na ebehia sɛ nkurɔfo fi wɔn pɛ mu tu wɔn ho ma yɛ?
5 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so de yɛn bere ne yɛn ahoɔden aboa ne sɛ yɛbɛboa asiesie Ahenni Asa so. Bio nso, esiane sɛ nnipa pii reba nokware no mu nti, ɛho abehia sɛ wonya Ahenni Asa pii ne atuhoamafo a wɔbɛboa ma wɔasisi. Awarefo bi a na wonni adansi ho nimdeɛ mpo tuu wɔn ho mae boaa Ɔmantam Adansi Boayikuw a ɛwɔ wɔn hɔnom no. Bere kɔɔ so no, wɔtetee awarefo no, na seesei wɔboa ma wɔto ntayaa. Ɔyere no kae sɛ: “Afoforo a yɛne wɔn bom yɛ adwuma no ama yɛne wɔn afa nnamfo paa. Yɛbɛpɔn adwuma no na yɛabrɛ nanso na yɛayɛ den honhom mu.”
6. Dɛn nti na asɛnka adwuma no ne adwuma a ɛho hia paa a yebetumi atu yɛn ho ama ayɛ?
6 Asɛnka: Adwuma a ɛho hia paa a yebetumi atu yɛn ho ama ayɛ no ne Ahenni asɛmpaka adwuma no. Bere a yɛboa nkurɔfo ma wɔte Bible mu afotu ase na wɔde bɔ wɔn bra no, ɛma wohu nea enti a wɔte nkwa mu, na wonya ahoɔden a wɔde di subammɔne so. Wobehu daakye ho anidaso a Bible ka ho asɛm no. Yɛnam Bible nkyerɛkyerɛ so de anigye yɛ adwuma a ɛsom bo a ɛma afoforo nya so mfaso daa. (Yoh. 17:3; 1 Tim. 4:16) Ebia yɛn tebea bɛma yɛn kwan ma yɛde yɛn ho ahyɛ adwuma yi mu kɛse. Yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo, anaa yɛatu akɔ baabi a mmoa ho hia kɛse, anaa yɛasua kasa foforo.
7. Dɛn nti na nnɛ titiriw na ɛho hia sɛ yetu yɛn ho ma?
7 Ɔhene Dawid ka too hɔ sɛ bere a Mesia no befi ase adi hene no, Onyankopɔn nkurɔfo “beyi wɔn yam koraa aba” anaa wobetu wɔn ho ama koraa. (Dw. 110:3) Adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yetu yɛn ho ma yɛ bere a Yehowa rema nkurɔfo ba ne som mu ntɛmntɛm no. (Yes. 60:22) So woaka sɛ: “Mini, soma me”? (Yes. 6:8) Nokwarem no, sɛ yetu yɛn ho ma a, ɛma yɛsɔ Yehowa ani na yenya nhyira pii.