Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 8/8 kr. 16-19
  • Atuhoamafo Reyɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atuhoamafo Reyɛ Adwuma
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Wɔfɛre Ade, Nanso Wɔabenya Nidi
  • Dwumadi a Ɛma Wɔbɔɔ Wɔn Aba So
  • Mmoa a “Edi Mũ a Mfaso Wɔ So Ankasa”
  • Atuhoamafo Wɔ Baabiara
    Nyan!—2001
  • Atuhoama Su De Nhyira Ba
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Ɔdɔ a Wɔda No Adi—Asiane Bere Mu Mmoa a Egye Bere ne Mmɔdenbɔ
    Nyan!—2002
  • “Momma Yɛnyɛ Nnipa Nyinaa Yiye”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 8/8 kr. 16-19

Atuhoamafo Reyɛ Adwuma

FIDA awia biara, Sirley, ɔkyerɛkyerɛfo abasiriwa bi a ɔwɔ Brazil no, de n’asa so yɛ sukuudan. Sɛ ɛbɔ bɛyɛ nnɔn abien a, Amélia, a ɔyɛ n’adesuafo no biako no, ba hɔ. Adesua biako mpo mpa ne ti so, na otumi kenkan yiye sen mmofra a wɔwɔ ntoaso sukuu mu no pii. Amélia adi mfe 82.

Amélia redi nkwakoraa ne mmerewa bɛboro 60 a wɔawie akenkan ne akyerɛw a Sirley ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ne kurom no nhwɛso akyi. Nnansa yi, wɔkaa adwuma a Sirley atu ne ho ama reyɛ no ho asɛm wɔ Brazil atesɛm krataa Jornal do Sudoeste mu. Bere a atesɛm krataa no kaa “mmoa kɛse a” Sirley “ayɛ ama ɔmanfo” ho asɛm akyi no, ɛkae sɛ ɔkwan a Sirley fa so kyerɛkyerɛ nkwakoraa ne mmerewa no tu mpɔn araa ma “nnɔnhwerew 120 a wɔde suaa ade akyi no, wotumi kyerɛw nkrataa, kenkan atesɛm nkrataa, bu akontaa, san yɛ nnwuma foforo da biara da.” Atesɛm krataa no de ka ho sɛ nhoma a Sirley de di dwuma no ne Learn to Read and Write nhomawa no a Yehowa Adansefo na wotintimii no.a

Ná Wɔfɛre Ade, Nanso Wɔabenya Nidi

Stirley suani foforo a wadi mfe 68, Dona Luzia, ka sɛ ansa na ɔrebesua akenkan ne akyerɛw no, na ɛyɛ no fɛre sɛ ɔne afoforo bedi nkɔmmɔ. Ná ɛyɛ den ma no mpo sɛ ɔbɛkɔ akodi gua. Ɔde anigye ka sɛ: “Seesei mekyerɛw nkrataa kɔma m’abusuafo a wɔwɔ nkurow foforo so no, na me ara na meyɛ me sikasɛm ho ntotoe. Obiara nsisi me wɔ sikasesa mu bio.” Maria, a ɔno nso adi mfe 68, ka sɛnea na ɔfɛre sɛ ɔde ne kokurobeti betim krataa a wɔde gye sika no so. Ɔka sɛ: “Ná mete nka sɛ obi a ɔyare.” Nanso esiane akenkan ne akyerɛw adesua no nti, Maria ankasa tumi kyerɛw ne din seesei.

Nkamfo a efi adesuafo ne wɔn a wɔawie adesua hɔ no ama Sirley nhyehyɛe a wontua ho hwee no agye din araa ma nkurɔfo bu bɔ ho wɔ n’asa so. Ɛrenkyɛ wobeyi sukuu no akɔ beae a ɛhɔ sõ.

Dwumadi a Ɛma Wɔbɔɔ Wɔn Aba So

Sirley yɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Akyinnye biara nni ho sɛ, wunim Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu yɛ no. Nanso, ɛnyɛ Sirley nko na watumi ayɛ saa. Akenkan ne akyerɛw adesua a ɛkɔ so wɔ Ahenni Asa ɔhaha pii so wɔ Brazil no aboa nnipa bɛboro 22,000 dedaw wɔ saa man no mu ma wɔahu akenkan ne akyerɛw.

Adwuma a ɛte saa a Yehowa Adansefo yɛ no asow aba pa wɔ wiase mmeae foforo. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika man Burundi mu no, Ɔman Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Mpanyin Adesua So (Nhomasua Asoɛe no dwumadibea bi) no ani gyee nea efii Adansefo no akenkan ne akyerɛw dwumadi mu bae no ho araa ma wɔmaa dwumadi no mu akyerɛkyerɛfo baanan abasobɔde wɔ “mmɔden kɛse a wɔbɔ de kyerɛkyerɛɛ afoforo ma wohuu akenkan” no ho. Aban mpanyimfo ho dwiriw wɔn titiriw bere a wohui sɛ na wɔn a wosuaa akenkan ne akyerɛw no mu ɔha biara mu 75 no yɛ mmea mpanyimfo—kuw a mpɛn pii no wɔfɛre sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ adeyɛ a ɛte saa mu no.

Wɔ Mozambique no, adesuafo 4,000 na wɔde wɔn ho ahyɛ Adansefo no akenkan ne akyerɛw adesua no mu, na bɛboro 5,000 na wɔahu akenkan ne akyerɛw wɔ mfe anan a atwam no mu. Ɔbarima bi a kan no na osua akenkan ne akyerɛw yi bi kyerɛwee sɛ: “Mifi komam kyerɛ anisɔ kɛse. Sukuu no ama mahu akenkan ne akyerɛw.”

Mmoa a “Edi Mũ a Mfaso Wɔ So Ankasa”

Honam fam nneɛma a wɔde boa afoforo no yɛ ɔkwan foforo a Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu yɛ ade nso. Nnansa yi ara, na wɔyɛ nnwuma pii wɔ adekoradan bi a ɛbɛn Paris, France, no mu. Nnipa bɛyɛ sɛ 400 de dapɛn awiei kɔhyehyɛɛ nnuan, ntade, ne nnuru guu nnaka mu. Eduu dapɛn no awiei no, na nneɛma a wɔahyehyɛ no nnaka ma a ɛho ka bɛyɛ U.S. dɔla ɔpepem biako ayɛ krado a wɔde rekɔboa nkurɔfo a asɛm ato wɔn. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔde nneɛma no koduu Afrika Mfinimfini fam a ɔko asi hɔ no, na Adansefo a wɔatu wɔn ho ama a wɔwɔ hɔ no yɛɛ ntɛm kyekyɛɛ nneɛma no. Adansefo na wɔde nneɛma no mu dodow no ara nso mae.

Atesɛm krataa bi a ɛwɔ Congo (Kinshasha) no kaa nnipa yiyedi ho adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no ho asɛm sɛ “edi mũ na mfaso wɔ so ankasa.” Saa ara na Amanaman Nkabom no Asoɛe a Ɛhwɛ Aguanfo Ho Nsɛm So (UNHCR) no mpanyimfo akamfo Adansefo no. UNHCR panyin bi a ɔwɔ Democratic Republic of Congo no ani gyee sɛnea mmoa ho nhyehyɛe a Adansefo no yɛe no kɔɔ so wɔano wɔano no ho araa ma ɔde ne kar maa wɔn sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. Ɔman no mufo nso ho dwiriw wɔn. Bere a afoforo huu sɛnea nneɛma a wɔde rekɔyɛ mmoa no duu wɔn a wohia mmoa no nkyɛn ntɛm no, wɔde ahodwiriw bisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na moyɛ nhyehyɛe tumi du obiara nkyɛn?”

Honam fam nneɛma a Yehowa Adansefo de boa wɔ ahokyere bere mu ne wɔn akenkan ne akyerɛw dwumadi no yɛ nnwuma a Adansefo no ayɛ wɔ wiase nyinaa mfe pii no ho nhwɛso abien pɛ. Nanso, Adansefo no tu wɔn ho ma yɛ adwuma foforo bi—adwuma a etumi de nsakrae ba nnipa asetram koraa. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a  Learn to Read and Write (a ɛwɔ kasa ahorow 6 mu no) ne nhomawa a wotintim no nnansa yi ara, Apply Yourself to Reading and Writing (a ɛwɔ kasa ahorow 29 mu no) yɛ nhomawa a Yehowa Adansefo na wotintimii. Sɛ wopɛ sɛ wunya bi a, kɔ Ahenni Asa a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ anaa kyerɛw wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma yi no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Su a Ɛresakra Wɔ Atuhoama Adwuma Ho

Bere a esiane Julie aguadi nti, otutu akwan kɔ wiase mmeae ahorow no, omia n’ani yɛ nnwuma bi ma afoforo—ɔyɛ adwuma a ɛte saa bere ne bere mu. Nnansa yi, bere a ɔkɔɔ Amerika Anaafo fam no, ɔkɔboae awia bi wɔ nyisaa atrae a ɛbɛn Santiago, Chile, no. Ɔka sɛ akwantu bue “kwan kɛse” ma obi tu ne ho ma yɛ nnwuma bi.

Te sɛ Julie no, nnipa bebree tu wɔn ho ma wɔ bere bi mu—nanso wɔmfa bere pii na ɛyɛ nnwuma a ɛtete saa. Sara Meléndez, kuw bi a ɛyɛ wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ nnwuma ahorow ho nhwehwɛmu titrani no, ka sɛ: “Ɛyɛ su foforo koraa. Nnipa retu wɔn ho ma, nanso bere tiaa bi na wɔde yɛ saa.” Ne saa nti, sɛnea ebinom kyerɛ no, nnwumakuw a wotu wɔn ho ma boa afoforo no rehyia ‘nsɛnnennen,’ ma enti ɛyɛ den sɛ wobetumi adu wɔn botae ahorow no ho.

“Atuhoama Adwuma a Wɔma Ɛyɛ Mmerɛw”

Nnwumakuw bi ka sɛ nea ɛde su foforo yi aba—bere kakraa bi a wɔde tu wɔn ho ma—no ne nsakrae a aba nnipa a wotu wɔn ho ma no asetra mu no. Susan Ellis, a ɔyɛ adwumakuw bi a wotu wɔn ho ma no kwankyerɛfo no, ka sɛ: “Tu a afoforo tu wɔn ho ma yɛ adwuma bere tenten no afi hɔ. Nkurɔfo ntaa ntu wɔn ho mma.” Sɛnkyerɛwfo Eileen Daspin nso foa so. Bere a obisabisaa nnwumakuw a wotu wɔn ho ma akwankyerɛfo pii nsɛm faa sɛnea wɔn so retew ho no, ɔkae sɛ “seesei nnipa pii suro sɛ wobetu wɔn ho ama bere tenten.”

Nanso, New York Cares kwankyerɛfo Kathleen Behrens, a yɛbɔɔ ne din wɔ nsɛm yi mfiase no, te nka sɛ ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde bere kakraa bi tu wɔn ho ma no nni ahofama, na mmom, wonni bere pii. Nnipa a wɔde nnɔnhwerew 50 yɛ adwuma dapɛn biara na wɔhwɛ mmofra anaa awofo a wɔn mfe akɔ anim no ntumi ntu wɔn ho mma daa. Ɔka sɛ: “Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa nnipa a wonni adagyew yi kɔ so yɛ ɔman nnwuma bi no da no adi sɛ wɔwɔ ahofama a emu yɛ den ankasa.”

Behrens ka sɛ, wɔ wɔn a bere tiaa bi pɛ na wotumi de tu wɔn ho ma yi fam no, nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ ‘wɔbɛma adwuma a wotu ho ma yɛ no ayɛ mmerɛw ama wɔn.’ Seesei nnwumakuw pii wɔ hɔ a da koro pɛ na wɔma nkurɔfo tu wɔn ho ma yɛ nnwuma bi. “Eyi ma nkurɔfo nya bere a ɛfata de tu wɔn ho ma, na ɛma ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobetu wɔn ho ama ayɛ nnwuma mpɛn pii.”

Afei nso, nnipa pii tumi tra fie tu wɔn ho ma na wɔnam wɔn kɔmputa so nhwehwɛmu ahorow so na ɛyɛ saa. The Wall Street Journal ka sɛ: “Tu a afoforo tu wɔn ho ma yɛ nnwuma bi denam kɔmputa so no yɛ biribi a ɛda nsow koraa, na ebinom ka sɛ ɛyɛ ɔkwan a edi mu sen biara a wɔfa so ma ɛyɛ ‘mmerɛw ma afoforo sɛ wobetumi atu wɔn ho ama.’”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔreyɛ Mmoa Wɔ Kobe!

Bere a asasewosow bi sii Kobe, Japan kurow a ɛyɛ hyɛn gyinabea a wodi yiye wom wɔ January 1995 mu no, ɛsɛee nneɛma kɛse. Ná ɛyɛ asasewosow a adi awu sen biara wɔ Japan fi 1923, na ekum nnipa bɛboro 5,000. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Japan ne wiase afanan nyinaa yɛɛ ntɛm kɔboaa wɔn a asiane no maa wɔn ho kyeree wɔn no. Bere a wobuee foto bi a wɔnam so de mmoa bɛma no, wonyaa bɛboro dɔla ɔpepem wɔ nnansa a wɔde yɛɛ adwuma no ntam. Wɔde nneɛma ahorow nyinaa bi kɔɔ Kobe kɔboae.

Kristoni panyin bi a ɔka ho na wɔyɛɛ mmoa ho nhyehyɛe no hui sɛ ankyɛ koraa na wɔde nneɛma pii bɛhyɛɛ N’ahenni Asa so ma a na wonsusuw saa. Dɛn na na wɔde nneɛma bebrebe yi nyinaa bɛyɛ? Ɔkyerɛe sɛ wɔmfa nneɛma no bi nkɔma ayaresabea bi a ɛbɛn hɔ no. Adansefo no hyehyɛɛ nneɛma kar bi mã de faa adan a adwiriw agu mu kɔe. Akwantu no dii nnɔnhwerew pii, sɛ́ anka ebedi simma kakraa bi no. Wɔ ayaresabea hɔ no, wɔde nneɛma—te sɛ kuntu, pikyi, mpa so tam, nnuaba, ne nnuru pii—maa oduruyɛfo panyin no. Oduruyɛfo no de ahosɛpɛw kae sɛ ayaresabea no ani begye biribiara a Adansefo no betumi de ama ho. Wɔn ani gyee nnuaba no ho titiriw efisɛ na wonni aduan pa biara a wɔde bɛma ayarefo no.

Bere a Adansefo no reyi nneɛma no afi kar mu no, oduruyɛfo no gyinaa hɔ hwɛɛ wɔn dinn—ɛmfa ho sɛ na adwuma gu ne so no. Afei ofi ahobrɛase mu bɔɔ ne mu ase daa wɔn ase. Bere a wotuu kar no a wɔrekɔ no, ɔkɔɔ so gyinaa hɔ de kyerɛɛ nea wɔayɛ no ho anisɔ. Ɔpanyin a ɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi no kae sɛ akyiri yi saa ayaresabea yi ne ayarefo a wɔyɛ Adansefo a wɔkɔ hɔ no yɛɛ biako.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 19]

Atuhoama Adwuma—Mfaso Kɛse Wɔ So

Bere a kuw bi a wɔde mmoa rema wɔ Kabezi, kurow ketewa bi a ɛwɔ Burundi, no pɛe sɛ wosi Yehowa Adansefo Ahenni Asa no, ɔpanyin a ɔhwɛ kurow no so no de adesrɛde bi a wɔnhwɛ kwan too wɔn anim. Obisaa Adansefo no sɛ ebia wobetumi asiesie ɔkwan a ɛkɔ beae a wɔpɛ sɛ wosi dan no anaa. Adansefo no de anigye gyee pene, na wɔde wɔn ankasa ahoɔden siesiee kwan no. Atuhoamafo no yɛɛ adwuma no ma edii mu araa ma enti kurom hɔ mpanyimfo no kyerɛɛ wɔn adwumaden ne ahofama honhom a wɔde yɛɛ adwuma no ho anisɔ. Ɛno akyi no, wɔn a wɔatu wɔn ho ama no sii wɔn Ahenni Asa a ɛho mfonini wɔ atifi hɔ no. Seesei, wɔasi dan a ɛyɛ fɛ a ebetumi ama wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no mfe pii. Nokwarem no, nnwuma ahorow pii a nkurɔfo tu wɔn ho ma yɛ no betumi de mfaso kɛse aba.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Sirley nya abotɔyam bere a ɔkyerɛkyerɛ afoforo ma wohu akenkan no

[Asɛm Fibea]

Nelson P. Duarte-Jornal do Sudoeste

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena