Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 8/8 kr. 13-15
  • Atuhoamafo Wɔ Baabiara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atuhoamafo Wɔ Baabiara
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔakyerɛkyerɛ Atuhoama Mu
  • Nnipa a Wɔredɔɔso—Ahiade a Ɛredɔɔso
  • Ɔdɔ a Wɔda No Adi—Asiane Bere Mu Mmoa a Egye Bere ne Mmɔdenbɔ
    Nyan!—2002
  • Atuhoama Su De Nhyira Ba
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Atuhoamafo Reyɛ Adwuma
    Nyan!—2001
  • “Momma Yɛnyɛ Nnipa Nyinaa Yiye”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 8/8 kr. 13-15

Atuhoamafo Wɔ Baabiara

BAXTER, ntoaso sukuuni bi a wadi mfe 15 no wɔ ɔkwampa a ɔfa so yɛ n’ade Memeneda awia biara. Ɔkɔsrasra wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, boaboa wɔn ano ma wɔbɔ nnwom wɔ mmeae a wɔte no. Baxter kyerɛkyerɛfo ka sɛ: “Ɔma wɔn a wɔwɔ hɔ no serew, na wɔn ani gye.” Lucille, a wadi mfe 78 no, da ayamye koro no ara adi. Ɔkyekyɛ nnuan ma ahiafo na ɔkɔsrasra wɔn a wɔayɛ ankonam a wɔyare da ayaresabea no. Lucille adamfo bi ka Lucille ho asɛm sɛ: “Sɛ ohu sɛ mmoa ho hia na sɛ obetumi aboa a, ɔboa.”

Wɔakyerɛkyerɛ Atuhoama Mu

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no kura saa adwene yi—‘Sɛ mmoa ho behia a, tu wo ho ma.’ Wɔyɛ mmoa wɔ adansi nnwuma mu ne nnwumayɛbea ahorow, nnwinnan mu, nkwakora ne mmerewa atrae, dɛmdifo afie, aguanfo atrae, nyisaa afie, odumgya adwumayɛbea, mmeae a wɔde mmoa ne awerɛkyekye ma nkurɔfo wɔ ahokyere mu, mmeae a wɔhwɛ mmoa, ne nea ɛkeka ho. Ɛkame ayɛ sɛ wɔde mmoa ma wɔ baabiara! Wɔde wɔn nimdeɛ yɛ nnwuma de boa nkurɔfo ma wosisi wɔn adan boa wɔ sika fam, hwɛ nkokoaa a wonni awofo boa wɔn a owuyare abɔ wɔn. Wɔatu wɔn ho ama—wɔyɛ nkurɔfo a wɔde mmoa kɛse ma wɔn a ahia wɔn.

Wɔkyerɛ atuhoama ase sɛ “nsusuwii pa a wɔde boa dwumadi bi.” Nea ɛka obi pɛ mu a ofi yɛ biribi ho ne, ahofama a ɔde yɛ ade, sɛ obi yɛ adwuma bi a onnye akatua, ne ayamye a ɔda no adi. Ɔbarima ne ɔbea bi a wɔde bere tenten atu wɔn ho ama ka sɛ, nea “dwumadi a ɛte saa no kyerɛ ne sɛ obi de ne ho bɛma: ɔde ne bere, ne nipadua, ne nsusuwii, ne n’ahoɔden bɛboa afoforo, ahokokwaw a ɔde di ɔhaw ho dwuma, ne nimdeɛ soronko bi a ɔde bɛma.” Anigyesɛm ne sɛ, adema a ɛte saa no boa wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ saa nneɛma no nso.—Hwɛ adaka mu asɛm a ɛne “Atuhoamafo Nso Nya Mfaso” no.

Nnipa a Wɔredɔɔso—Ahiade a Ɛredɔɔso

Wɔ United States no, wobu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 100 na wotu wɔn ho ma yɛ nnwuma bi—na wɔn dodow no nya nkɔanim daa. Ahyehyɛde a emufo tu wɔn ho ma boa a wɔfrɛ no New York Cares adwumakuw no kwankyerɛfo panyin Kathleen Behrens ka kyerɛɛ Nyan! nnansa yi sɛ: “Yɛn ahyehyɛde no mufo no dɔ ara na ɛredɔɔso. Afe a etwaam no nkutoo no, nnipa foforo bɛboro 5,000 na wɔbɛdɔm yɛn ahyehyɛde no.” Atuhoamafo a wɔboa akuw a wɔwɔ Europa no nso redɔɔso saa ara. Sɛ nhwɛso no, wɔ France no, wɔn a wotu wɔn ho ma no dodow nya nkɔanim ɔha mu 6 afe biara wɔ mfe aduonu a atwam no mu. Nanso, wɔda so ara hia nnipa pii a wobetumi atu wɔn ho ama. Nea ɛne no bɔ abira no, Amanaman Nkabom Kuw a Emufo tu wɔn ho ma (a ɛyɛ UN ahyehyɛde bi no) ka sɛ wɔ wiase nyinaa no, “nnwuma a ɛsɛ sɛ nkurɔfo tu wɔn ho ma yɛ no abɛyɛ kɛse nnɛ sen bere biara.” Tete nneɛma akorae sohwɛfo bi ka sɛ: “Atuhoamafo ho hia paa na ama yɛn dwumadi no akɔ so.”Nanso, anwonwasɛm bi wɔ hɔ.

Ɛwom sɛ nnwuma mu akwankyerɛfo, ne nnwuma so ahwɛfo pii a wɔne nnipa a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma no te nka sɛ saafo yi “som bo kɛse” de, nanso nkurɔfo nkyerɛ nnwuma pii a saa nkurɔfo yi yɛ no ho anisɔ. Nea ɛbɛyɛ na su a ɛte saa no afi hɔ no, Amanaman Nkabom no de afe 2001 asi hɔ sɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔma obiara adwene ba wɔn a wotu wɔn ho ma no so kɛse. Adaka mu asɛm a ɛne “Wiase Nyinaa Atuhoamafo Afe” no ka botae ahorow a UN hwɛ kwan sɛ wobedu ho no ho asɛm.

Nanso, nsakrae bi rekɔ so wɔ wɔn a wotu wɔn ho ma wɔ wiase nyinaa no mu a ɛde nsɛnnennen brɛ wɔn ne wɔn mpanyimfo no nyinaa. Wɔ nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, nnipa pii da so wɔ hɔ a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetu wɔn ho ama ayɛ nnwuma bi wɔ wiase nyinaa. Dɛn na ɛka wɔn ma wɔyɛ saa? Dɛn na wotumi yɛ? Na enya w’asetra so nkɛntɛnso dɛn?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 14]

Atuhoamafo Nso Nya Mfaso

Michael, a ɔde ne bere fã yɛ nnwuma de boa afoforo no ka sɛ: “Afoforo a meboa wɔn no ama manya anigye ne akomatɔyam kɛse sen sɛ anka mede m’adwene besi m’adwuma nkutoo so daa.” Ɛnyɛ Michael nkutoo na ɔte nka saa. Sharon Capeling Alakija, a ɔyɛ Amanaman Nkabom Ahyehyɛde a Ɛde Mmoa Ma no kwankyerɛfo panyin no ka sɛ: “Wɔ wiase nyinaa no, . . . atuhoamafo ahu mfaso a wonya no yiye.” Ɔbenfo Douglas M. Lawson, a ɔwɔ adwuma a wotu ho ma yɛ mu ho nimdeɛ no ka sɛ nhwehwɛmufo ahu sɛ “mpɛn pii no, sɛ obi tu ne ho ma nnɔnhwerew kakraa bi a, ɛma n’ahokeka ne ne nsusuwii bedi mũ araa ma wɔka tebea a ɛte saa ho asɛm sɛ ‘Ade a Ɛde Anigye Kɛse Ba.’” “Ade a ɛde anigye ba” no nyɛ nkate hunu bi ara kwa. Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Cornell Sukuupɔn mu wɔ United States no de bɛboro mfe 30 yɛɛ nnipakuw bi mu nhwehwɛmu, na nea wohui ne sɛ “na atuhoamafo no wɔ anigye ne akwahosan pa sen wɔn a wɔnyɛ saa no.” Anigye so no, Bible ka sɛ: ‘Ɔma mu wɔ anigye mmom sen ogye.’—Asomafo no Nnwuma 20:35; Mmebusɛm 11:25.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]

Wiase Nyinaa Atuhoamafo Afe

Wɔ November 20, 1997 no, wɔdaa no adi wɔ Amanaman Nkabom Nhyiam Kɛse no ase sɛ afe 2001 bɛyɛ “Wiase Nyinaa Atuhoamafo Afe” (IYV 2001). Sɛnea UN no kyerɛ no, botae ahorow anan na ɛsɛ sɛ wodu ho wɔ afe no mu.

Nidi a wɔde bɛma wɔn Wɔhyɛ aban ahorow no nkuran sɛ wonni wɔn a wotu wɔn ho ma no ni denam nneɛma a wɔatumi ayɛ mu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ na wɔabɔ wɔn a wɔbɔ mmɔden paa no aba so no so.

Mmara a wɔbɛhyɛ de aboa wɔn Wɔhyɛ aman nyinaa nkuran sɛ wɔnhyɛ wɔn a wotu wɔn ho ma no nkuran, sɛ nhwɛso no, denam gye a wobegye wɔn atom ma wɔayɛ asraadi nnwuma anaasɛ wɔmma wontua tow ahorow bi no so.

Wɔn nnwuma a wɔbɛbɔ no dawuru Wɔhyɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo nkuran sɛ wɔmmɔ nnwuma a nkurɔfo tu wɔn ho ma yɛ no ho dawuru. Sɛ wɔyɛ saa a, nnipa pii behu nnwuma a wɔayɛ no, “na amma kurow biara ansɛe bere ammɔ nnwuma a ɛte saa no ho dawuru bio.”

Nhyiam a wɔn ankasa bɛyɛ Wɔhyɛ ahyehyɛde ahorow a wotu wɔn ho ma yɛ nnwuma bi no nkuran sɛ wɔnyɛ nhyiam ahorow mfa mma ɔmanfo nhu mfaso ahorow a wɔn ahyehyɛde no renya wɔ wɔn nnwuma ahorow mu no.

Amanaman Nkabom no wɔ anidaso sɛ IYV 2001 no bɛma nnipa pii ahwehwɛ mmoa afi wɔn a wotu wɔn ho ma no hɔ, ɛbɛma nnipa pii nso atu wɔn ho ama, na ɛbɛma ahyehyɛde a wɔyɛ nnwuma boa afoforo no anya sika ne nneɛma pii de adi adesamma ahiade bebrebe no ho dwuma. Aban ahorow 123 reboa UN no na atumi adu botae ahorow yi ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena